Check out the new design

Traduction des sens du Noble Coran - La traduction akan - asante - Hârûn Ismâ'îl * - Lexique des traductions

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Traduction des sens Sourate: Al Baqarah   Verset:
وَقَالَتِ ٱلۡيَهُودُ لَيۡسَتِ ٱلنَّصَٰرَىٰ عَلَىٰ شَيۡءٖ وَقَالَتِ ٱلنَّصَٰرَىٰ لَيۡسَتِ ٱلۡيَهُودُ عَلَىٰ شَيۡءٖ وَهُمۡ يَتۡلُونَ ٱلۡكِتَٰبَۗ كَذَٰلِكَ قَالَ ٱلَّذِينَ لَا يَعۡلَمُونَ مِثۡلَ قَوۡلِهِمۡۚ فَٱللَّهُ يَحۡكُمُ بَيۡنَهُمۡ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ فِيمَا كَانُواْ فِيهِ يَخۡتَلِفُونَ
Yudafoͻ no ka sε: “Kristofoͻ no nni hwee (a wͻ’gyina so desom Nyame), εna Kristofoͻ no nso se: “Yudafoͻ no nni hwee (a wͻ’gyina so desom Nyame)” aberε nso a wͻn nyinaa kenkan Nwoma (baako) no. Saa ara na wͻn a wͻ’nnim no keka wͻn nsεm no ara bie. Enti Nyankopͻn bebu deε wͻ’gye ho akyinnyeε no ho atεn Atemmuda.
Les exégèses en arabe:
وَمَنۡ أَظۡلَمُ مِمَّن مَّنَعَ مَسَٰجِدَ ٱللَّهِ أَن يُذۡكَرَ فِيهَا ٱسۡمُهُۥ وَسَعَىٰ فِي خَرَابِهَآۚ أُوْلَٰٓئِكَ مَا كَانَ لَهُمۡ أَن يَدۡخُلُوهَآ إِلَّا خَآئِفِينَۚ لَهُمۡ فِي ٱلدُّنۡيَا خِزۡيٞ وَلَهُمۡ فِي ٱلۡأٓخِرَةِ عَذَابٌ عَظِيمٞ
(Onipa) bͻneni bεn na ͻkyεn obi a, osi (nnipa) kwan wͻ Nyamedan ho sε yεbεbͻ Nyankopͻn din wɔ hɔ, na ɔbɔ mmͻden (biara) sε ͻbεgu no anaa ͻbεsεe no? Saa nkorͻfoɔ no na wͻ’nni ho kwan sε wͻ’wura (Nyamedan) no mu, gyesε ehuu mu. (Saa nkorͻfoͻ no) wͻ animguaseε wͻ wiase, na Daakye no nso wͻ’wͻ asotwee kεseε paa.
Les exégèses en arabe:
وَلِلَّهِ ٱلۡمَشۡرِقُ وَٱلۡمَغۡرِبُۚ فَأَيۡنَمَا تُوَلُّواْ فَثَمَّ وَجۡهُ ٱللَّهِۚ إِنَّ ٱللَّهَ وَٰسِعٌ عَلِيمٞ
Apueε ne Atͻeε wͻ Nyankopͻn, enti babiara a mode moani bεkyerε no Nyankopͻn anim wͻ hͻ. Nokorε sε, Nyankopͻn deε N’adom so, na Ɔne Onimdefoͻ.
Les exégèses en arabe:
وَقَالُواْ ٱتَّخَذَ ٱللَّهُ وَلَدٗاۗ سُبۡحَٰنَهُۥۖ بَل لَّهُۥ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۖ كُلّٞ لَّهُۥ قَٰنِتُونَ
Wͻ’ka sε: Nyankopͻn awo ba. Kronkron Hene ne no. Daabi, (εnte saa), deε εwͻ soro ne asaase so nyinaa yε Nedea. Biribiara berε neho ase ma no.
Les exégèses en arabe:
بَدِيعُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۖ وَإِذَا قَضَىٰٓ أَمۡرٗا فَإِنَّمَا يَقُولُ لَهُۥ كُن فَيَكُونُ
(Otumfoͻ Nyankopͻn) a Ɔhyεε ͻsoro ne asaase mmͻeε aseε, sε Ɔpεsε Odi dwuma bi a deε Ɔka ara ne sε: “Yε!” na ayε!
Les exégèses en arabe:
وَقَالَ ٱلَّذِينَ لَا يَعۡلَمُونَ لَوۡلَا يُكَلِّمُنَا ٱللَّهُ أَوۡ تَأۡتِينَآ ءَايَةٞۗ كَذَٰلِكَ قَالَ ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِم مِّثۡلَ قَوۡلِهِمۡۘ تَشَٰبَهَتۡ قُلُوبُهُمۡۗ قَدۡ بَيَّنَّا ٱلۡأٓيَٰتِ لِقَوۡمٖ يُوقِنُونَ
Deε wͻn a wͻ’nnim no keka ne sε: “Yεn deε adεn na Nyankopͻn ne yεn nnkasa, anaasε nsεnkyerεnee bi mma yεn hͻ?” Saa ara na wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no kekaa wͻn nsεm yi ara bie. Wͻn nyinaa akoma yεpε. Ampa sε Y’akyerεkyerε Nsεm no mu pefee ama amanfoͻ a wͻn adwen si pie no.
Les exégèses en arabe:
إِنَّآ أَرۡسَلۡنَٰكَ بِٱلۡحَقِّ بَشِيرٗا وَنَذِيرٗاۖ وَلَا تُسۡـَٔلُ عَنۡ أَصۡحَٰبِ ٱلۡجَحِيمِ
Ampa sε, Yε’de Nokorε no na asoma wo (Muhammad), sε anigyesεm ne kͻkͻbͻ ho dawubͻfoͻ . Yemmisa wo Amanehunu gya no mu foͻ no ho asεm.
Les exégèses en arabe:
 
Traduction des sens Sourate: Al Baqarah
Lexique des sourates Numéro de la page
 
Traduction des sens du Noble Coran - La traduction akan - asante - Hârûn Ismâ'îl - Lexique des traductions

Traduit par Cheikh Hârûn Ismâ'îl.

Fermeture