Check out the new design

क़ुरआन के अर्थों का अनुवाद - अकानी अनुवाद - अशांति - हारून इसमाईल * - अनुवादों की सूची

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

अर्थों का अनुवाद सूरा: अल्-ब-क़-रा   आयत:
وَمَثَلُ ٱلَّذِينَ يُنفِقُونَ أَمۡوَٰلَهُمُ ٱبۡتِغَآءَ مَرۡضَاتِ ٱللَّهِ وَتَثۡبِيتٗا مِّنۡ أَنفُسِهِمۡ كَمَثَلِ جَنَّةِۭ بِرَبۡوَةٍ أَصَابَهَا وَابِلٞ فَـَٔاتَتۡ أُكُلَهَا ضِعۡفَيۡنِ فَإِن لَّمۡ يُصِبۡهَا وَابِلٞ فَطَلّٞۗ وَٱللَّهُ بِمَا تَعۡمَلُونَ بَصِيرٌ
Wͻn a wͻ’yi wͻn sika dema, dehwehwε Nyankopͻn ho dͻ, san dehyε wͻn kraa den no, wͻn mfatoho tesε turo bi a εwͻ asaase bi a εpagya soͻ, na nsu kεseε tͻ gu soͻ na emu nnͻbaeε no bͻ mmͻhoo-mmͻhoo; na sε osu kεseε anntͻ anngu so mpo a, bosuo (ma no gyina). Na Nyankopͻn deε N’ani tua dwuma a modie nyinaa.
अरबी तफ़सीरें:
أَيَوَدُّ أَحَدُكُمۡ أَن تَكُونَ لَهُۥ جَنَّةٞ مِّن نَّخِيلٖ وَأَعۡنَابٖ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُ لَهُۥ فِيهَا مِن كُلِّ ٱلثَّمَرَٰتِ وَأَصَابَهُ ٱلۡكِبَرُ وَلَهُۥ ذُرِّيَّةٞ ضُعَفَآءُ فَأَصَابَهَآ إِعۡصَارٞ فِيهِ نَارٞ فَٱحۡتَرَقَتۡۗ كَذَٰلِكَ يُبَيِّنُ ٱللَّهُ لَكُمُ ٱلۡأٓيَٰتِ لَعَلَّكُمۡ تَتَفَكَّرُونَ
Enti momu bi pεsε ͻwͻ akyiresua ne bobe-turo a nsubͻnten nenam aseε, na ͻwͻ nnuaba ahodoͻ nyinaa bi wͻ mu, na w’abͻ akͻkora na ͻwͻ mma a wͻn susua anaa wͻ’nni ahoͻden, na mframa den bi a egya wͻ mu abεhye (afuo) no? Saa ara na Nyankopͻn kyerεkyerε Nensεm no mu dekyerε mo sεdeε mobεfa adwen.
अरबी तफ़सीरें:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ أَنفِقُواْ مِن طَيِّبَٰتِ مَا كَسَبۡتُمۡ وَمِمَّآ أَخۡرَجۡنَا لَكُم مِّنَ ٱلۡأَرۡضِۖ وَلَا تَيَمَّمُواْ ٱلۡخَبِيثَ مِنۡهُ تُنفِقُونَ وَلَسۡتُم بِـَٔاخِذِيهِ إِلَّآ أَن تُغۡمِضُواْ فِيهِۚ وَٱعۡلَمُوٓاْ أَنَّ ٱللَّهَ غَنِيٌّ حَمِيدٌ
Mo a moagye adie, εneεma pa a moanya, ne deε Y’ama no apuepue asaase no so ama mo no, monyi bi mfa ma. Na monhwε na moanyε moadwen sε deε εnyε wͻ mu no na mode bεma, wͻ εberε a sε mo (na obi dema mo) a, anka gyesε mokata moani wͻ ho. Monhunu nso sε Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Ɔde Neho Ɔne Ayeyie Wura.
अरबी तफ़सीरें:
ٱلشَّيۡطَٰنُ يَعِدُكُمُ ٱلۡفَقۡرَ وَيَأۡمُرُكُم بِٱلۡفَحۡشَآءِۖ وَٱللَّهُ يَعِدُكُم مَّغۡفِرَةٗ مِّنۡهُ وَفَضۡلٗاۗ وَٱللَّهُ وَٰسِعٌ عَلِيمٞ
Ɔbonsam de ohia hunahuna mo, san hyε mo ma mobͻ ahohwi bra; Onyankopͻn deε Ɔde bͻne fakyε a εwͻ Nehͻ ne adom na Ɛrehyε mo bͻ. Onyankopͻn deε N’adom so paa, Ɔne Onimdefoͻ.
अरबी तफ़सीरें:
يُؤۡتِي ٱلۡحِكۡمَةَ مَن يَشَآءُۚ وَمَن يُؤۡتَ ٱلۡحِكۡمَةَ فَقَدۡ أُوتِيَ خَيۡرٗا كَثِيرٗاۗ وَمَا يَذَّكَّرُ إِلَّآ أُوْلُواْ ٱلۡأَلۡبَٰبِ
(Nyankopͻn) de adwen ne Nyansa ma obi a Ɔpε, na obi a yεbεma no adwen ne Nyansa no, nokorε sε na yama no adepa a εsombo paa. Obi a ͻde (nsεm yi) tu (neho) foͻ ne nnipa mu mmadwen mmafoͻ no.
अरबी तफ़सीरें:
 
अर्थों का अनुवाद सूरा: अल्-ब-क़-रा
सूरों की सूची पृष्ठ संख्या
 
क़ुरआन के अर्थों का अनुवाद - अकानी अनुवाद - अशांति - हारून इसमाईल - अनुवादों की सूची

अनुवादक : शैख़ हारून इस्माईल

बंद करें