क़ुरआन के अर्थों का अनुवाद - अशांति अनुवाद * - अनुवादों की सूची

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

अर्थों का अनुवाद आयत: (282) सूरा: सूरा अल्-ब-क़-रा
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ إِذَا تَدَايَنتُم بِدَيۡنٍ إِلَىٰٓ أَجَلٖ مُّسَمّٗى فَٱكۡتُبُوهُۚ وَلۡيَكۡتُب بَّيۡنَكُمۡ كَاتِبُۢ بِٱلۡعَدۡلِۚ وَلَا يَأۡبَ كَاتِبٌ أَن يَكۡتُبَ كَمَا عَلَّمَهُ ٱللَّهُۚ فَلۡيَكۡتُبۡ وَلۡيُمۡلِلِ ٱلَّذِي عَلَيۡهِ ٱلۡحَقُّ وَلۡيَتَّقِ ٱللَّهَ رَبَّهُۥ وَلَا يَبۡخَسۡ مِنۡهُ شَيۡـٔٗاۚ فَإِن كَانَ ٱلَّذِي عَلَيۡهِ ٱلۡحَقُّ سَفِيهًا أَوۡ ضَعِيفًا أَوۡ لَا يَسۡتَطِيعُ أَن يُمِلَّ هُوَ فَلۡيُمۡلِلۡ وَلِيُّهُۥ بِٱلۡعَدۡلِۚ وَٱسۡتَشۡهِدُواْ شَهِيدَيۡنِ مِن رِّجَالِكُمۡۖ فَإِن لَّمۡ يَكُونَا رَجُلَيۡنِ فَرَجُلٞ وَٱمۡرَأَتَانِ مِمَّن تَرۡضَوۡنَ مِنَ ٱلشُّهَدَآءِ أَن تَضِلَّ إِحۡدَىٰهُمَا فَتُذَكِّرَ إِحۡدَىٰهُمَا ٱلۡأُخۡرَىٰۚ وَلَا يَأۡبَ ٱلشُّهَدَآءُ إِذَا مَا دُعُواْۚ وَلَا تَسۡـَٔمُوٓاْ أَن تَكۡتُبُوهُ صَغِيرًا أَوۡ كَبِيرًا إِلَىٰٓ أَجَلِهِۦۚ ذَٰلِكُمۡ أَقۡسَطُ عِندَ ٱللَّهِ وَأَقۡوَمُ لِلشَّهَٰدَةِ وَأَدۡنَىٰٓ أَلَّا تَرۡتَابُوٓاْ إِلَّآ أَن تَكُونَ تِجَٰرَةً حَاضِرَةٗ تُدِيرُونَهَا بَيۡنَكُمۡ فَلَيۡسَ عَلَيۡكُمۡ جُنَاحٌ أَلَّا تَكۡتُبُوهَاۗ وَأَشۡهِدُوٓاْ إِذَا تَبَايَعۡتُمۡۚ وَلَا يُضَآرَّ كَاتِبٞ وَلَا شَهِيدٞۚ وَإِن تَفۡعَلُواْ فَإِنَّهُۥ فُسُوقُۢ بِكُمۡۗ وَٱتَّقُواْ ٱللَّهَۖ وَيُعَلِّمُكُمُ ٱللَّهُۗ وَٱللَّهُ بِكُلِّ شَيۡءٍ عَلِيمٞ
Mo a moagye adie, sε mobͻ bosea dehyε εberε bi a, montwerε nto hͻ. Ma ͻtwerεfoͻ no ntwerε deε εda montεm no pεpεεpε; ͻtwerεfoͻ no nhwε na biribiara ansi no kwan sε ͻnntwerε (nwoma) no sεdeε Nyankopͻn akyerε no no, enti ͻntwerε (no saa ara). Na ͻkafoͻ no nka (mma ͻtwerεfoͻ no ntwerε), na onsuro Nyankopͻn, ne Wura no; εmma no nyi biribi mfiri mu. Sε ͻkafoͻ no yε obi a n’adwen mu nnɔ papa, anaa ͻyε mmerε, anaasε Ɔno ara ntumi nka (mma ͻtwerεfoͻ no ntwerε a), ne kyitaafoͻ no nka no pεpεεpε. Na moma momu mmarima mmienu ni ho adanseε. Sε mmarima mmienu nnihͻ a moma ͻbarima baako ne mmaa mmienu a mogye wͻn adansedie die (ni ho adanseε), na sε wͻn mu baako yε mfomsoͻ a ͻbaako akae ͻbaako no. Na adansefoͻ no nhwε sε, sε yεfrε wͻn (adansedie a) w’anka sε wɔ’nnkɔ. Monhwε na moammu moani angu so sε mobεtwerε (εka) kεseε anaa ketewa ama neberε a yεde ahyε, εno na εtene wͻ Nyankopͻn anim, na εma adansedie no di mmu, na εno ne (ͻkwan) pa a εmma monnye (moho) akyinnyeε. Na mmom sε εyε adwadie a modi no hͻ ara na εredi akͻ-ne-aba wͻ montεm deε a, εno deε sε moantwerε a, bͻne biara nna moso. Na mmom sε moreyε adwadie ho nhyehyεε ama moho a monya adansefoͻ. Na monhwε yie na moanha ͻtwerεfoͻ no, anaa adansefoͻ no. Sε moyε saa a, εyε bͻne ma mo. Na monsuro Nyankopͻn, na Nyankopͻn bεkyerε mo (nimdeε ahodoᴐ pii), na Nyankopͻn ne biribiara ho Nimdefoͻ.
अरबी तफ़सीरें:
 
अर्थों का अनुवाद आयत: (282) सूरा: सूरा अल्-ब-क़-रा
सूरों की सूची पृष्ठ संख्या
 
क़ुरआन के अर्थों का अनुवाद - अशांति अनुवाद - अनुवादों की सूची

पवित्र क़ुरआन के अर्थों का अशांति अनुवाद - अनुवादक : शैख़ हारून इसमाईल

बंद करें