Check out the new design

क़ुरआन के अर्थों का अनुवाद - अकानी अनुवाद - अशांति - हारून इसमाईल * - अनुवादों की सूची

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

अर्थों का अनुवाद सूरा: अल्-ह़ज्ज   आयत:
وَيَسۡتَعۡجِلُونَكَ بِٱلۡعَذَابِ وَلَن يُخۡلِفَ ٱللَّهُ وَعۡدَهُۥۚ وَإِنَّ يَوۡمًا عِندَ رَبِّكَ كَأَلۡفِ سَنَةٖ مِّمَّا تَعُدُّونَ
(Nkͻmhyεni), wͻrepre ho sε ma asotwee no mmra ntεm. Onyankopͻn deε Ommu Nebͻhyε so. Nokorε sε dakoro a εwͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ no tesε mfie apem sεdeε mobu moakontaa no.
अरबी तफ़सीरें:
وَكَأَيِّن مِّن قَرۡيَةٍ أَمۡلَيۡتُ لَهَا وَهِيَ ظَالِمَةٞ ثُمَّ أَخَذۡتُهَا وَإِلَيَّ ٱلۡمَصِيرُ
Nkuro pii na wͻdii bͻne, nanso Memaa wͻn berε. Akyire no Mesͻͻ wͻn mu. Na Mehͻ ne (obiara) nkyi.
अरबी तफ़सीरें:
قُلۡ يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّاسُ إِنَّمَآ أَنَا۠ لَكُمۡ نَذِيرٞ مُّبِينٞ
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Adasamma, nokorε sε medeε meyε kͻkͻbͻni pefee ma mo”.
अरबी तफ़सीरें:
فَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ لَهُم مَّغۡفِرَةٞ وَرِزۡقٞ كَرِيمٞ
Enti wͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa no, wͻn wͻ bͻnefakyε ne akyεdeε a animuonyam wͻ mu.
अरबी तफ़सीरें:
وَٱلَّذِينَ سَعَوۡاْ فِيٓ ءَايَٰتِنَا مُعَٰجِزِينَ أُوْلَٰٓئِكَ أَصۡحَٰبُ ٱلۡجَحِيمِ
Na wͻn a wͻbͻ mmͻden ko tia Yεn Nsεm sεdeε wͻbεma no ayε kwa no, saa nkorͻfoͻ no ne Amane hunu gya no mu foͻ no.
अरबी तफ़सीरें:
وَمَآ أَرۡسَلۡنَا مِن قَبۡلِكَ مِن رَّسُولٖ وَلَا نَبِيٍّ إِلَّآ إِذَا تَمَنَّىٰٓ أَلۡقَى ٱلشَّيۡطَٰنُ فِيٓ أُمۡنِيَّتِهِۦ فَيَنسَخُ ٱللَّهُ مَا يُلۡقِي ٱلشَّيۡطَٰنُ ثُمَّ يُحۡكِمُ ٱللَّهُ ءَايَٰتِهِۦۗ وَٱللَّهُ عَلِيمٌ حَكِيمٞ
Ɔsomafoͻ anaasε nkͻmhyεni biara a Yεsomaa no dii w’anim kan no, sε ᴐka asεm no a, gyesε ͻbonsam de (nkontompo) hyε n’asεm a waka no mu, nanso Nyankopͻn pepa deε ͻbonsam de ahyε mu no, na Nyankopͻn ama N’asεm no agyina. Na Nyankopͻn ne Onimdefoͻ a Onim biribiara, na Ɔno ara nso ne Onyansafoͻ.
अरबी तफ़सीरें:
لِّيَجۡعَلَ مَا يُلۡقِي ٱلشَّيۡطَٰنُ فِتۡنَةٗ لِّلَّذِينَ فِي قُلُوبِهِم مَّرَضٞ وَٱلۡقَاسِيَةِ قُلُوبُهُمۡۗ وَإِنَّ ٱلظَّٰلِمِينَ لَفِي شِقَاقِۭ بَعِيدٖ
Sεdeε Nyankopͻn de deε ͻbonsam de abεhyε mu no bεyε nsͻhwε ama wͻn a yadeε wͻ wͻn akoma mu no, ne akomadenfoͻ no. Nokorε sε abͻneεfoͻ no wͻ ͻkotia mu dendeenden paa;
अरबी तफ़सीरें:
وَلِيَعۡلَمَ ٱلَّذِينَ أُوتُواْ ٱلۡعِلۡمَ أَنَّهُ ٱلۡحَقُّ مِن رَّبِّكَ فَيُؤۡمِنُواْ بِهِۦ فَتُخۡبِتَ لَهُۥ قُلُوبُهُمۡۗ وَإِنَّ ٱللَّهَ لَهَادِ ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ إِلَىٰ صِرَٰطٖ مُّسۡتَقِيمٖ
Sεdeε wͻn a yama wͻn nimdeε no nso behunu sε (Qur’aan) ne Nokorε a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ, na wͻbεgye adie na wͻ’bεbrε wͻn akoma ase de ama. Nokorε sε Nyankopͻn ne agyidiefoͻ no Kwankyerεfoͻ (a Ͻkyerε wͻn kwan) kͻ ͻkwan tenenee no soͻ.
अरबी तफ़सीरें:
وَلَا يَزَالُ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ فِي مِرۡيَةٖ مِّنۡهُ حَتَّىٰ تَأۡتِيَهُمُ ٱلسَّاعَةُ بَغۡتَةً أَوۡ يَأۡتِيَهُمۡ عَذَابُ يَوۡمٍ عَقِيمٍ
Wͻn a wͻ nnye nnie no nyaee (wͻn adwen a) ensipi wͻ (Qur’aan) ho no, kͻpem sε Dͻnhwere no bεba wͻn so mpofire mu, anaasε asotwe bi bεba wͻn so wͻ Dabͻne bi mu.
अरबी तफ़सीरें:
 
अर्थों का अनुवाद सूरा: अल्-ह़ज्ज
सूरों की सूची पृष्ठ संख्या
 
क़ुरआन के अर्थों का अनुवाद - अकानी अनुवाद - अशांति - हारून इसमाईल - अनुवादों की सूची

अनुवादक : शैख़ हारून इस्माईल

बंद करें