Check out the new design

क़ुरआन के अर्थों का अनुवाद - अकानी अनुवाद - अशांति - हारून इसमाईल * - अनुवादों की सूची

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

अर्थों का अनुवाद सूरा: आले इम्रान   आयत:
وَيُكَلِّمُ ٱلنَّاسَ فِي ٱلۡمَهۡدِ وَكَهۡلٗا وَمِنَ ٱلصَّٰلِحِينَ
Ͻbεkasa akyerε nnipa wͻ εberε a ͻda tanaa mu, (anaasε ͻyε abͻfra), ne εberε a ͻbεyε panin, na ͻbεka apapafoͻ no ho.
अरबी तफ़सीरें:
قَالَتۡ رَبِّ أَنَّىٰ يَكُونُ لِي وَلَدٞ وَلَمۡ يَمۡسَسۡنِي بَشَرٞۖ قَالَ كَذَٰلِكِ ٱللَّهُ يَخۡلُقُ مَا يَشَآءُۚ إِذَا قَضَىٰٓ أَمۡرٗا فَإِنَّمَا يَقُولُ لَهُۥ كُن فَيَكُونُ
(Mar’yam) kaa sε: “Awurade, εbεyε dεn na manya ba wͻ aberε a ͻbarima mfaa neho nkaa me? ” Ɔkaa sε: “Saa ara na Nyankopͻn bͻ deε Ɔpε. Sε Ɔreyε biribi a deε Ɔka kyerε (adekodeε) no ara ne sε: “Yε!” Na ayε.
अरबी तफ़सीरें:
وَيُعَلِّمُهُ ٱلۡكِتَٰبَ وَٱلۡحِكۡمَةَ وَٱلتَّوۡرَىٰةَ وَٱلۡإِنجِيلَ
(Onyankopͻn) bεkyerε no Nwoma no ne Adwen no, ne Tora ne Injeel.
अरबी तफ़सीरें:
وَرَسُولًا إِلَىٰ بَنِيٓ إِسۡرَٰٓءِيلَ أَنِّي قَدۡ جِئۡتُكُم بِـَٔايَةٖ مِّن رَّبِّكُمۡ أَنِّيٓ أَخۡلُقُ لَكُم مِّنَ ٱلطِّينِ كَهَيۡـَٔةِ ٱلطَّيۡرِ فَأَنفُخُ فِيهِ فَيَكُونُ طَيۡرَۢا بِإِذۡنِ ٱللَّهِۖ وَأُبۡرِئُ ٱلۡأَكۡمَهَ وَٱلۡأَبۡرَصَ وَأُحۡيِ ٱلۡمَوۡتَىٰ بِإِذۡنِ ٱللَّهِۖ وَأُنَبِّئُكُم بِمَا تَأۡكُلُونَ وَمَا تَدَّخِرُونَ فِي بُيُوتِكُمۡۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَةٗ لَّكُمۡ إِن كُنتُم مُّؤۡمِنِينَ
Na (Ɔbɛyε no) Ɔsomafoͻ akͻ Israel mma no nkyεn sε: “Nokorε, mede nsεnkyerεnee firi mo Wura Nyankopͻn hͻ abrε mo; mede nεteε bεyε (biribi) tesε anomaa sεso na mahome agu ne mu ama no ayε anomaa wͻ Nyankopͻn akwamma mu ama mo, na masa anifirafoͻ ne akwatafoͻ yadeε, na manyane owufoͻ wͻ Onyankopͻn akwamma mu, na maka deε modie ne deε mode sie wͻ moafie mu akyerε mo. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema mo, sε moyε agyidiefoͻ ampa a.
अरबी तफ़सीरें:
وَمُصَدِّقٗا لِّمَا بَيۡنَ يَدَيَّ مِنَ ٱلتَّوۡرَىٰةِ وَلِأُحِلَّ لَكُم بَعۡضَ ٱلَّذِي حُرِّمَ عَلَيۡكُمۡۚ وَجِئۡتُكُم بِـَٔايَةٖ مِّن رَّبِّكُمۡ فَٱتَّقُواْ ٱللَّهَ وَأَطِيعُونِ
Na merebεhyε Tora a edii m’anim kan no mma, na (nneεma bi a) yabra mo (na εnyε nokorε) no nso m’ama mo ho kwan. Mede nsεnkyerεnee nso fri mo Wura Nyankopͻn hͻ abrε mo; enti monsuro Nyankopͻn na monyε sotie ma me.
अरबी तफ़सीरें:
إِنَّ ٱللَّهَ رَبِّي وَرَبُّكُمۡ فَٱعۡبُدُوهُۚ هَٰذَا صِرَٰطٞ مُّسۡتَقِيمٞ
Nokorε sε, me Wura ne Nyankopͻn, εna monso mo Wura ne no, enti monsom no; woi ne ͻkwantenenee no”.
अरबी तफ़सीरें:
۞ فَلَمَّآ أَحَسَّ عِيسَىٰ مِنۡهُمُ ٱلۡكُفۡرَ قَالَ مَنۡ أَنصَارِيٓ إِلَى ٱللَّهِۖ قَالَ ٱلۡحَوَارِيُّونَ نَحۡنُ أَنصَارُ ٱللَّهِ ءَامَنَّا بِٱللَّهِ وَٱشۡهَدۡ بِأَنَّا مُسۡلِمُونَ
Ɛberε a Yesu nyaa atenka bi wͻ (Yudafoͻ no mu) sε wͻ’nnye nnie no, ͻkaa sε: “Hwan na ͻbεyε me boafoͻ wͻ Nyankopͻn (kwan no soͻ)?” Asuafoͻ no kaa sε: “Yεne Nyankopͻn aboafoͻ, y’agye Nyankopͻn adi, enti di ho adanseε (ma yεn) sε nokorε, yε’yε Muslimifoͻ.”
अरबी तफ़सीरें:
 
अर्थों का अनुवाद सूरा: आले इम्रान
सूरों की सूची पृष्ठ संख्या
 
क़ुरआन के अर्थों का अनुवाद - अकानी अनुवाद - अशांति - हारून इसमाईल - अनुवादों की सूची

अनुवादक : शैख़ हारून इस्माईल

बंद करें