Check out the new design

क़ुरआन के अर्थों का अनुवाद - अकानी अनुवाद - अशांति - हारून इसमाईल * - अनुवादों की सूची

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

अर्थों का अनुवाद सूरा: अल्-माइदा   आयत:
إِنَّمَا يُرِيدُ ٱلشَّيۡطَٰنُ أَن يُوقِعَ بَيۡنَكُمُ ٱلۡعَدَٰوَةَ وَٱلۡبَغۡضَآءَ فِي ٱلۡخَمۡرِ وَٱلۡمَيۡسِرِ وَيَصُدَّكُمۡ عَن ذِكۡرِ ٱللَّهِ وَعَنِ ٱلصَّلَوٰةِۖ فَهَلۡ أَنتُم مُّنتَهُونَ
Deε ͻbonsam pε ne sε, ͻbεfa nsa ne dehu toͻ so de ͻtan ne ahii ato montεm na w’asi mo Nyankopͻn nkaekaeε ne Nyame frε nso ho kwan, enti monntwe moho mfri (ho) anaa?
अरबी तफ़सीरें:
وَأَطِيعُواْ ٱللَّهَ وَأَطِيعُواْ ٱلرَّسُولَ وَٱحۡذَرُواْۚ فَإِن تَوَلَّيۡتُمۡ فَٱعۡلَمُوٓاْ أَنَّمَا عَلَىٰ رَسُولِنَا ٱلۡبَلَٰغُ ٱلۡمُبِينُ
Monyε sotie ma Nyankopͻn na monyε sotie ma Ɔsomafoͻ no, na monyԑ ahwԑyie, na sε modane moakyi (dema saa afutusεm yi a), εneε monhunu sε, Yε’somafoͻ no asεdeε ara nesε ͻbεbͻ asεm no ho dawuro akyerεkyerε mu pefee.
अरबी तफ़सीरें:
لَيۡسَ عَلَى ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ جُنَاحٞ فِيمَا طَعِمُوٓاْ إِذَا مَا ٱتَّقَواْ وَّءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ ثُمَّ ٱتَّقَواْ وَّءَامَنُواْ ثُمَّ ٱتَّقَواْ وَّأَحۡسَنُواْۚ وَٱللَّهُ يُحِبُّ ٱلۡمُحۡسِنِينَ
Bͻne biara nni wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwumapa no so fa aduane a wͻdiiε (a atwa mu no) ho, sε wͻ’suro Nyame na wͻ’gye di na wͻ’di dwuma pa na (wͻ’kͻso) suro Nyame na wͻ’gye di na wͻ’yε papa a. Nyankopͻn deε Ɔpε apapafoͻ no asεm.
अरबी तफ़सीरें:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ لَيَبۡلُوَنَّكُمُ ٱللَّهُ بِشَيۡءٖ مِّنَ ٱلصَّيۡدِ تَنَالُهُۥٓ أَيۡدِيكُمۡ وَرِمَاحُكُمۡ لِيَعۡلَمَ ٱللَّهُ مَن يَخَافُهُۥ بِٱلۡغَيۡبِۚ فَمَنِ ٱعۡتَدَىٰ بَعۡدَ ذَٰلِكَ فَلَهُۥ عَذَابٌ أَلِيمٞ
Mo a moagye adie. Nyankopͻn de biribi fri ahayͻ mu a monsa ne mo pea betumi aka bεyε mo nsͻhwε, sεdeε Nyankopͻn debehunu obi a osuro no wͻ kokoa mu. Na akyire yi, obi a ͻbεto mmra no (saa nipa no) wͻ asotwee a εyε ya paa.
अरबी तफ़सीरें:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ لَا تَقۡتُلُواْ ٱلصَّيۡدَ وَأَنتُمۡ حُرُمٞۚ وَمَن قَتَلَهُۥ مِنكُم مُّتَعَمِّدٗا فَجَزَآءٞ مِّثۡلُ مَا قَتَلَ مِنَ ٱلنَّعَمِ يَحۡكُمُ بِهِۦ ذَوَا عَدۡلٖ مِّنكُمۡ هَدۡيَۢا بَٰلِغَ ٱلۡكَعۡبَةِ أَوۡ كَفَّٰرَةٞ طَعَامُ مَسَٰكِينَ أَوۡ عَدۡلُ ذَٰلِكَ صِيَامٗا لِّيَذُوقَ وَبَالَ أَمۡرِهِۦۗ عَفَا ٱللَّهُ عَمَّا سَلَفَۚ وَمَنۡ عَادَ فَيَنتَقِمُ ٱللَّهُ مِنۡهُۚ وَٱللَّهُ عَزِيزٞ ذُو ٱنتِقَامٍ
Mo a moagye adie, monhwε na moanyε ha ankum aboa wͻ εberε a moafa ‘Harami’ (ntoma fufuo no afira) rekͻyε Haji, na momu obi a ͻde anidaaho bekum (aboa) bi no, ͻde ayεmmoa a ͻtesε nyεmmoa a yεde wͻn ba Ka’aba ho no sεso a ͻtesε aboa a okum no no, bεyε mpata; sεdeε momu nokwafoͻ mmienu gye to mu, anaasε εho mpata ne sε, ͻbεbͻ ahiafoͻ akͻnhoma, anaasε akyiriwia a εne no bεyε pε, sεdeε ͻbεka nedwuma a odiiε no so asotwee ahwε. Deε atwa mu no deε Nyankopͻn de afri (mo), na mmom obi a ͻbεsan akͻyε bio no deε Nyankopͻn bεtwe n’aso wͻ ho. Na Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, na Ɔno na Otua bͻne so ka.
अरबी तफ़सीरें:
 
अर्थों का अनुवाद सूरा: अल्-माइदा
सूरों की सूची पृष्ठ संख्या
 
क़ुरआन के अर्थों का अनुवाद - अकानी अनुवाद - अशांति - हारून इसमाईल - अनुवादों की सूची

अनुवादक : शैख़ हारून इस्माईल

बंद करें