Check out the new design

क़ुरआन के अर्थों का अनुवाद - अकानी अनुवाद - अशांति - हारून इसमाईल * - अनुवादों की सूची

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

अर्थों का अनुवाद सूरा: अत्-तौबा   आयत:
وَٱلسَّٰبِقُونَ ٱلۡأَوَّلُونَ مِنَ ٱلۡمُهَٰجِرِينَ وَٱلۡأَنصَارِ وَٱلَّذِينَ ٱتَّبَعُوهُم بِإِحۡسَٰنٖ رَّضِيَ ٱللَّهُ عَنۡهُمۡ وَرَضُواْ عَنۡهُ وَأَعَدَّ لَهُمۡ جَنَّٰتٖ تَجۡرِي تَحۡتَهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُ خَٰلِدِينَ فِيهَآ أَبَدٗاۚ ذَٰلِكَ ٱلۡفَوۡزُ ٱلۡعَظِيمُ
(Nyame dwuma ho) Akansifoͻ a wͻdii kan wͻ wͻn a wͻtuu amantuo no mu, ne Ansoaarfoͻ no, ne wͻn a wͻde ayεmyε dii wͻn akyi no, Nyankopͻn agye wͻn atum, na wͻn nso agye (Nyankopͻn) atum; wͻn Wura Nyankopͻn asiesie Soro aheman a nsubͻnten nenam aseε ama wͻn; emu na wͻbεtena afe bͻͻ. Wei ne nkonimdie kεseε no.
अरबी तफ़सीरें:
وَمِمَّنۡ حَوۡلَكُم مِّنَ ٱلۡأَعۡرَابِ مُنَٰفِقُونَۖ وَمِنۡ أَهۡلِ ٱلۡمَدِينَةِ مَرَدُواْ عَلَى ٱلنِّفَاقِ لَا تَعۡلَمُهُمۡۖ نَحۡنُ نَعۡلَمُهُمۡۚ سَنُعَذِّبُهُم مَّرَّتَيۡنِ ثُمَّ يُرَدُّونَ إِلَىٰ عَذَابٍ عَظِيمٖ
Ɛserε so Arabfoͻ a wͻatwa mo ho ahyia no mu bi yε nkͻnkͻnsafoͻ, Madinafoͻ no mu bi nso saa ara na wͻtͻkͻ so yε nkͻnkͻnsa. Wodeε wonnim wͻn, na Yεn na Yɛnim wͻn. Yεbεtwe wͻn aso mprenu ansa na wͻn asan aba asotwee kεseε paa no mu.
अरबी तफ़सीरें:
وَءَاخَرُونَ ٱعۡتَرَفُواْ بِذُنُوبِهِمۡ خَلَطُواْ عَمَلٗا صَٰلِحٗا وَءَاخَرَ سَيِّئًا عَسَى ٱللَّهُ أَن يَتُوبَ عَلَيۡهِمۡۚ إِنَّ ٱللَّهَ غَفُورٞ رَّحِيمٌ
Na ebinom nso ahu wͻn bͻne; wͻde dwumadi pa ne deε εyε bͻne adi afra. Ebia na Nyankopͻn de wͻn bͻne akyε wͻn. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.
अरबी तफ़सीरें:
خُذۡ مِنۡ أَمۡوَٰلِهِمۡ صَدَقَةٗ تُطَهِّرُهُمۡ وَتُزَكِّيهِم بِهَا وَصَلِّ عَلَيۡهِمۡۖ إِنَّ صَلَوٰتَكَ سَكَنٞ لَّهُمۡۗ وَٱللَّهُ سَمِيعٌ عَلِيمٌ
(Nkͻmhyεni), gye Soadaqa (Zaka) firi wͻn agyapadeε no mu, na fate wͻn ho na fa yε wͻn kronkron, na bͻ mpaeε ma wͻn. Nokorε sε, wo mpaebͻ no yε awerεkyekyerε ma wͻn; Nyankopͻn na Ɔte biribiara, Ɔne Onimdefoͻ a Ɔnim biribiara.
अरबी तफ़सीरें:
أَلَمۡ يَعۡلَمُوٓاْ أَنَّ ٱللَّهَ هُوَ يَقۡبَلُ ٱلتَّوۡبَةَ عَنۡ عِبَادِهِۦ وَيَأۡخُذُ ٱلصَّدَقَٰتِ وَأَنَّ ٱللَّهَ هُوَ ٱلتَّوَّابُ ٱلرَّحِيمُ
Enti wͻnnim sε, Nyankopͻn na Ɔgye adwen sakra wͻ N’akoa hͻ, εna Ɔgye (Sadaqa) adͻeε, nokorε sε, Ɔno na Ɔtie adwen sakra, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no?
अरबी तफ़सीरें:
وَقُلِ ٱعۡمَلُواْ فَسَيَرَى ٱللَّهُ عَمَلَكُمۡ وَرَسُولُهُۥ وَٱلۡمُؤۡمِنُونَۖ وَسَتُرَدُّونَ إِلَىٰ عَٰلِمِ ٱلۡغَيۡبِ وَٱلشَّهَٰدَةِ فَيُنَبِّئُكُم بِمَا كُنتُمۡ تَعۡمَلُونَ
Na ka sε: “Modeε monyε adwuma, na Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ ne agyidiefoͻ no nso bɛhunu mo nnwuma. Yεbεsan de mo akͻ Nsumaeε mu ne Badwa mu Nimdefoͻ no hͻ, na Wabͻ mo dwuma a na modie no ho amaneε”.
अरबी तफ़सीरें:
وَءَاخَرُونَ مُرۡجَوۡنَ لِأَمۡرِ ٱللَّهِ إِمَّا يُعَذِّبُهُمۡ وَإِمَّا يَتُوبُ عَلَيۡهِمۡۗ وَٱللَّهُ عَلِيمٌ حَكِيمٞ
Afoforͻ bi nso wͻ hͻ a yɛabͻ wͻn ato hͻ ama Nyankopͻn ahyεdeε no; sε Ɔbεtwe wͻn aso, anaasε Ɔde bεkyε wͻn. Nyankopͻn ne Onimdefoͻ a Ɔnim biribiara, na Ɔne Onyansafoͻ.
अरबी तफ़सीरें:
 
अर्थों का अनुवाद सूरा: अत्-तौबा
सूरों की सूची पृष्ठ संख्या
 
क़ुरआन के अर्थों का अनुवाद - अकानी अनुवाद - अशांति - हारून इसमाईल - अनुवादों की सूची

अनुवादक : शैख़ हारून इस्माईल

बंद करें