ការបកប្រែអត្ថន័យនៃគម្ពីរគួរអាន - ការបកប្រែជាភាសាអាកានី - អាស្ហាន់តី - ហើរ៉ូន អុីស្មាអែល

លេខ​ទំព័រ:close

external-link copy
16 : 48

قُل لِّلۡمُخَلَّفِينَ مِنَ ٱلۡأَعۡرَابِ سَتُدۡعَوۡنَ إِلَىٰ قَوۡمٍ أُوْلِي بَأۡسٖ شَدِيدٖ تُقَٰتِلُونَهُمۡ أَوۡ يُسۡلِمُونَۖ فَإِن تُطِيعُواْ يُؤۡتِكُمُ ٱللَّهُ أَجۡرًا حَسَنٗاۖ وَإِن تَتَوَلَّوۡاْ كَمَا تَوَلَّيۡتُم مِّن قَبۡلُ يُعَذِّبۡكُمۡ عَذَابًا أَلِيمٗا

Kakyerε εserε so Arabfoͻ a wͻkaa akyire no sε: “Yεbεfrε mo ama moako atia amanfoͻ bi a wͻn ho yε den yie wͻ akoo-die mu, akosi sε wͻbεbrε wͻn ho aseε. Afei sε moyε sotie a Onyankopͻn bεma mo akatua pa paa; na sε modane mo akyi de ma, sεdeε modii kan danee mo akyi maeε no a, Ɔde asotwee a εyε ya paa bεtwe mo aso “. info
التفاسير: |

external-link copy
17 : 48

لَّيۡسَ عَلَى ٱلۡأَعۡمَىٰ حَرَجٞ وَلَا عَلَى ٱلۡأَعۡرَجِ حَرَجٞ وَلَا عَلَى ٱلۡمَرِيضِ حَرَجٞۗ وَمَن يُطِعِ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥ يُدۡخِلۡهُ جَنَّٰتٖ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُۖ وَمَن يَتَوَلَّ يُعَذِّبۡهُ عَذَابًا أَلِيمٗا

Bᴐne nni Onifirani so, bᴐne nni obubuaani nso so, na bͻne nni ͻyarefoͻ nso so, (sε wͻntumi nkͻ ͻkoo no bie). Obi a ͻbεyε sotie ama Onyankopͻn ne ne Somafoͻ no, Ɔde no bɛwura Soro aheman a nsubͻnten nenam aseε no mu, na obia ͻbεdane ne ho no, Ɔde asotwee a εyε ya paa bεtwe n’aso. info
التفاسير: |

external-link copy
18 : 48

۞ لَّقَدۡ رَضِيَ ٱللَّهُ عَنِ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ إِذۡ يُبَايِعُونَكَ تَحۡتَ ٱلشَّجَرَةِ فَعَلِمَ مَا فِي قُلُوبِهِمۡ فَأَنزَلَ ٱلسَّكِينَةَ عَلَيۡهِمۡ وَأَثَٰبَهُمۡ فَتۡحٗا قَرِيبٗا

Nokorε sε Nyankopͻn agye agyidiefoͻ no atom wͻ εberε a wͻsuae kyerεε wo wͻ dua no aseε no; na Ɔnim deε εwͻ wͻn akoma mu, enti Ɔsianee awerεkyekyerε baa wͻn so, εna Ɔde nkonim a εbεn no tuaa wͻn ka-, info
التفاسير: |

external-link copy
19 : 48

وَمَغَانِمَ كَثِيرَةٗ يَأۡخُذُونَهَاۗ وَكَانَ ٱللَّهُ عَزِيزًا حَكِيمٗا

Ne asadeε bebrebe a wͻbɛnya no. Onyankopͻn ne Otumfoͻ a Ɔtumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ. info
التفاسير: |

external-link copy
20 : 48

وَعَدَكُمُ ٱللَّهُ مَغَانِمَ كَثِيرَةٗ تَأۡخُذُونَهَا فَعَجَّلَ لَكُمۡ هَٰذِهِۦ وَكَفَّ أَيۡدِيَ ٱلنَّاسِ عَنكُمۡ وَلِتَكُونَ ءَايَةٗ لِّلۡمُؤۡمِنِينَ وَيَهۡدِيَكُمۡ صِرَٰطٗا مُّسۡتَقِيمٗا

Onyankopͻn hyεε mo asadeε pii a mobɛnya no ho bͻ, na Ɔyεε woi ntεm maa mo, na Oyii nnipa nsa firii mo so, sεdeε εbεyε nsεnkyerεnee ama agyidiefoͻ no, na Wakyerε mo kwan afa ͻkwan tenene soͻ. info
التفاسير: |

external-link copy
21 : 48

وَأُخۡرَىٰ لَمۡ تَقۡدِرُواْ عَلَيۡهَا قَدۡ أَحَاطَ ٱللَّهُ بِهَاۚ وَكَانَ ٱللَّهُ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٗا

Deε aka a monsa nnya nnkaeε no Onyankopͻn atwa ho nyinaa ahyia (anaasε Onim). Onyankopͻn na Ɔwͻ tumi wͻ biribiara soͻ. info
التفاسير: |

external-link copy
22 : 48

وَلَوۡ قَٰتَلَكُمُ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ لَوَلَّوُاْ ٱلۡأَدۡبَٰرَ ثُمَّ لَا يَجِدُونَ وَلِيّٗا وَلَا نَصِيرٗا

Sε wͻn a wᴐpo nokorԑ no ne mo ko mpo a, nokorε sε wͻbεdane wͻn akyi ama, na wͻnnya okyitaafoͻ anaasε ͻboafoͻ (biara). info
التفاسير: |

external-link copy
23 : 48

سُنَّةَ ٱللَّهِ ٱلَّتِي قَدۡ خَلَتۡ مِن قَبۡلُۖ وَلَن تَجِدَ لِسُنَّةِ ٱللَّهِ تَبۡدِيلٗا

Saa ara na Onyankopͻn kwan a Ɔtwa too hͻ de maa wͻn a wͻatwa mu kͻ no teε, na wonhunu sε Onyankopͻn kwan no asesa. info
التفاسير: |