Check out the new design

क़ुरआन के अर्थों का अनुवाद - अकानी अनुवाद - अशांति - हारून इसमाईल * - अनुवादों की सूची

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

अर्थों का अनुवाद सूरा: अल्-फ़त्ह़   आयत:
قُل لِّلۡمُخَلَّفِينَ مِنَ ٱلۡأَعۡرَابِ سَتُدۡعَوۡنَ إِلَىٰ قَوۡمٍ أُوْلِي بَأۡسٖ شَدِيدٖ تُقَٰتِلُونَهُمۡ أَوۡ يُسۡلِمُونَۖ فَإِن تُطِيعُواْ يُؤۡتِكُمُ ٱللَّهُ أَجۡرًا حَسَنٗاۖ وَإِن تَتَوَلَّوۡاْ كَمَا تَوَلَّيۡتُم مِّن قَبۡلُ يُعَذِّبۡكُمۡ عَذَابًا أَلِيمٗا
Kakyerε εserε so Arabfoͻ a wͻkaa akyire no sε: “Yεbεfrε mo ama moako atia amanfoͻ bi a wͻn ho yε den yie wͻ akoo-die mu, akosi sε wͻbεbrε wͻn ho aseε. Afei sε moyε sotie a Onyankopͻn bεma mo akatua pa paa; na sε modane mo akyi de ma, sεdeε modii kan danee mo akyi maeε no a, Ɔde asotwee a εyε ya paa bεtwe mo aso “.
अरबी तफ़सीरें:
لَّيۡسَ عَلَى ٱلۡأَعۡمَىٰ حَرَجٞ وَلَا عَلَى ٱلۡأَعۡرَجِ حَرَجٞ وَلَا عَلَى ٱلۡمَرِيضِ حَرَجٞۗ وَمَن يُطِعِ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥ يُدۡخِلۡهُ جَنَّٰتٖ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُۖ وَمَن يَتَوَلَّ يُعَذِّبۡهُ عَذَابًا أَلِيمٗا
Bᴐne nni Onifirani so, bᴐne nni obubuaani nso so, na bͻne nni ͻyarefoͻ nso so, (sε wͻntumi nkͻ ͻkoo no bie). Obi a ͻbεyε sotie ama Onyankopͻn ne ne Somafoͻ no, Ɔde no bɛwura Soro aheman a nsubͻnten nenam aseε no mu, na obia ͻbεdane ne ho no, Ɔde asotwee a εyε ya paa bεtwe n’aso.
अरबी तफ़सीरें:
۞ لَّقَدۡ رَضِيَ ٱللَّهُ عَنِ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ إِذۡ يُبَايِعُونَكَ تَحۡتَ ٱلشَّجَرَةِ فَعَلِمَ مَا فِي قُلُوبِهِمۡ فَأَنزَلَ ٱلسَّكِينَةَ عَلَيۡهِمۡ وَأَثَٰبَهُمۡ فَتۡحٗا قَرِيبٗا
Nokorε sε Nyankopͻn agye agyidiefoͻ no atom wͻ εberε a wͻsuae kyerεε wo wͻ dua no aseε no; na Ɔnim deε εwͻ wͻn akoma mu, enti Ɔsianee awerεkyekyerε baa wͻn so, εna Ɔde nkonim a εbεn no tuaa wͻn ka-,
अरबी तफ़सीरें:
وَمَغَانِمَ كَثِيرَةٗ يَأۡخُذُونَهَاۗ وَكَانَ ٱللَّهُ عَزِيزًا حَكِيمٗا
Ne asadeε bebrebe a wͻbɛnya no. Onyankopͻn ne Otumfoͻ a Ɔtumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ.
अरबी तफ़सीरें:
وَعَدَكُمُ ٱللَّهُ مَغَانِمَ كَثِيرَةٗ تَأۡخُذُونَهَا فَعَجَّلَ لَكُمۡ هَٰذِهِۦ وَكَفَّ أَيۡدِيَ ٱلنَّاسِ عَنكُمۡ وَلِتَكُونَ ءَايَةٗ لِّلۡمُؤۡمِنِينَ وَيَهۡدِيَكُمۡ صِرَٰطٗا مُّسۡتَقِيمٗا
Onyankopͻn hyεε mo asadeε pii a mobɛnya no ho bͻ, na Ɔyεε woi ntεm maa mo, na Oyii nnipa nsa firii mo so, sεdeε εbεyε nsεnkyerεnee ama agyidiefoͻ no, na Wakyerε mo kwan afa ͻkwan tenene soͻ.
अरबी तफ़सीरें:
وَأُخۡرَىٰ لَمۡ تَقۡدِرُواْ عَلَيۡهَا قَدۡ أَحَاطَ ٱللَّهُ بِهَاۚ وَكَانَ ٱللَّهُ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٗا
Deε aka a monsa nnya nnkaeε no Onyankopͻn atwa ho nyinaa ahyia (anaasε Onim). Onyankopͻn na Ɔwͻ tumi wͻ biribiara soͻ.
अरबी तफ़सीरें:
وَلَوۡ قَٰتَلَكُمُ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ لَوَلَّوُاْ ٱلۡأَدۡبَٰرَ ثُمَّ لَا يَجِدُونَ وَلِيّٗا وَلَا نَصِيرٗا
Sε wͻn a wᴐpo nokorԑ no ne mo ko mpo a, nokorε sε wͻbεdane wͻn akyi ama, na wͻnnya okyitaafoͻ anaasε ͻboafoͻ (biara).
अरबी तफ़सीरें:
سُنَّةَ ٱللَّهِ ٱلَّتِي قَدۡ خَلَتۡ مِن قَبۡلُۖ وَلَن تَجِدَ لِسُنَّةِ ٱللَّهِ تَبۡدِيلٗا
Saa ara na Onyankopͻn kwan a Ɔtwa too hͻ de maa wͻn a wͻatwa mu kͻ no teε, na wonhunu sε Onyankopͻn kwan no asesa.
अरबी तफ़सीरें:
 
अर्थों का अनुवाद सूरा: अल्-फ़त्ह़
सूरों की सूची पृष्ठ संख्या
 
क़ुरआन के अर्थों का अनुवाद - अकानी अनुवाद - अशांति - हारून इसमाईल - अनुवादों की सूची

अनुवादक : शैख़ हारून इस्माईल

बंद करें