Check out the new design

ಪವಿತ್ರ ಕುರ್‌ಆನ್ ಅರ್ಥಾನುವಾದ - ಅಕಾನ್ ಅನುವಾದ - ಅಶಾಂತಿಯ್ಯ - ಹಾರೂನ್ ಇಸ್ಮಾಯಿಲ್ * - ಅನುವಾದಗಳ ವಿಷಯಸೂಚಿ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

ಅರ್ಥಗಳ ಅನುವಾದ ಅಧ್ಯಾಯ: ಅರ್‍ರೂಮ್   ಶ್ಲೋಕ:
وَمِنۡ ءَايَٰتِهِۦٓ أَن تَقُومَ ٱلسَّمَآءُ وَٱلۡأَرۡضُ بِأَمۡرِهِۦۚ ثُمَّ إِذَا دَعَاكُمۡ دَعۡوَةٗ مِّنَ ٱلۡأَرۡضِ إِذَآ أَنتُمۡ تَخۡرُجُونَ
Na ne nsɛnkyerɛnnee bi ne sɛ ɔsoro ne asaase nyinaa gyina wɔ ne nhyehyɛeɛ ne Ne tumi mu , Afei, sɛ ɔfrɛ mo kɔ ɔfrɛ bi ɛfiri asaase so a, ɛntɛmso na mo repue pue.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
وَلَهُۥ مَن فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۖ كُلّٞ لَّهُۥ قَٰنِتُونَ
Na obiara a ɔwɔ ɔsoro ne asaase no wɔ Nyame (yɛ Onyankopɔn dea), wɔn nyinaa yɛ osetie ma Onyankopɔn.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
وَهُوَ ٱلَّذِي يَبۡدَؤُاْ ٱلۡخَلۡقَ ثُمَّ يُعِيدُهُۥ وَهُوَ أَهۡوَنُ عَلَيۡهِۚ وَلَهُ ٱلۡمَثَلُ ٱلۡأَعۡلَىٰ فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۚ وَهُوَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡحَكِيمُ
Na Ɔno na Ɔhyɛ adebo ase, afei Ɔsan bɔ ade bio, na ɛyɛ mmerɛ ma No, na Ɔno na Ɔwɔ nhwɛso a ɛkorɔn sen biara wɔ ɔsoro ɛne asaase so, na Ɔno ne Otumfoo, Nyansafoo
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
ضَرَبَ لَكُم مَّثَلٗا مِّنۡ أَنفُسِكُمۡۖ هَل لَّكُم مِّن مَّا مَلَكَتۡ أَيۡمَٰنُكُم مِّن شُرَكَآءَ فِي مَا رَزَقۡنَٰكُمۡ فَأَنتُمۡ فِيهِ سَوَآءٞ تَخَافُونَهُمۡ كَخِيفَتِكُمۡ أَنفُسَكُمۡۚ كَذَٰلِكَ نُفَصِّلُ ٱلۡأٓيَٰتِ لِقَوۡمٖ يَعۡقِلُونَ
Ɔyɛ nhwɛso ma mo fi mo ankasa mu, Ana mowɔ ahokafoɔ wɔ wɔn Nkoa ne Mfinaa a wɔ ne wɔn rekyɛ wɔn agyapade anaa? Na mosuro wɔn sɛdeɛ mosuro mo ho no, Saa na Yɛkyerɛkyerɛ nsɛnkyerɛnnee (Aaya) ahorow no mu kɔ akyiri ma nnipa a wɔte ase Badwenebafo.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
بَلِ ٱتَّبَعَ ٱلَّذِينَ ظَلَمُوٓاْ أَهۡوَآءَهُم بِغَيۡرِ عِلۡمٖۖ فَمَن يَهۡدِي مَنۡ أَضَلَّ ٱللَّهُۖ وَمَا لَهُم مِّن نَّٰصِرِينَ
Daabi, wͻn a wͻdi bͻne akyi no di wͻn apεdeε hunu akyi a nimdeε biara nni mu. Enti hwan na ͻbεkyerε obi a Nyankopͻn ayera no no kwan? Saa (nkorͻfoͻ no) nni boafoͻ.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
فَأَقِمۡ وَجۡهَكَ لِلدِّينِ حَنِيفٗاۚ فِطۡرَتَ ٱللَّهِ ٱلَّتِي فَطَرَ ٱلنَّاسَ عَلَيۡهَاۚ لَا تَبۡدِيلَ لِخَلۡقِ ٱللَّهِۚ ذَٰلِكَ ٱلدِّينُ ٱلۡقَيِّمُ وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَ ٱلنَّاسِ لَا يَعۡلَمُونَ
Enti dane w’ani kyerε ͻsom a εtenee no (Islam); (na fa wo ho ma) suban anaasε ͻsom a Nyankopͻn abͻ onipa asi soͻ no. Nsakraeε biara nni Nyankopͻn som no mu. εno ne ͻsom a εtenee na edi mmu na esi pi, nanso nnipa pii nnim.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
۞ مُنِيبِينَ إِلَيۡهِ وَٱتَّقُوهُ وَأَقِيمُواْ ٱلصَّلَوٰةَ وَلَا تَكُونُواْ مِنَ ٱلۡمُشۡرِكِينَ
Monfa mo ho ma no korakora wͻ adwen sakra mu, na monsuro no, na monfrε Nyame wͻ ne berε mu, na monhwε na moankͻka wͻn a wͻyɛ (Nyame ho) matahoo no ho,
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
مِنَ ٱلَّذِينَ فَرَّقُواْ دِينَهُمۡ وَكَانُواْ شِيَعٗاۖ كُلُّ حِزۡبِۭ بِمَا لَدَيۡهِمۡ فَرِحُونَ
Wͻn a wͻn akyekyε wͻn som no mu na wͻgu akuo-akuo, na fekuo biara anigye deε ne nsa aka no ho no.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
 
ಅರ್ಥಗಳ ಅನುವಾದ ಅಧ್ಯಾಯ: ಅರ್‍ರೂಮ್
ಅಧ್ಯಾಯಗಳ ವಿಷಯಸೂಚಿ ಪುಟ ಸಂಖ್ಯೆ
 
ಪವಿತ್ರ ಕುರ್‌ಆನ್ ಅರ್ಥಾನುವಾದ - ಅಕಾನ್ ಅನುವಾದ - ಅಶಾಂತಿಯ್ಯ - ಹಾರೂನ್ ಇಸ್ಮಾಯಿಲ್ - ಅನುವಾದಗಳ ವಿಷಯಸೂಚಿ

ಅನುವಾದ - ಶೈಖ್ ಹಾರೂನ್ ಇಸ್ಮಾಯಿಲ್

ಮುಚ್ಚಿ