Check out the new design

ಪವಿತ್ರ ಕುರ್‌ಆನ್ ಅರ್ಥಾನುವಾದ - ಅಕಾನ್ ಅನುವಾದ - ಅಶಾಂತಿಯ್ಯ - ಹಾರೂನ್ ಇಸ್ಮಾಯಿಲ್ * - ಅನುವಾದಗಳ ವಿಷಯಸೂಚಿ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

ಅರ್ಥಗಳ ಅನುವಾದ ಅಧ್ಯಾಯ: ಅಸ್ಸಜ್ದ   ಶ್ಲೋಕ:
وَلَوۡ تَرَىٰٓ إِذِ ٱلۡمُجۡرِمُونَ نَاكِسُواْ رُءُوسِهِمۡ عِندَ رَبِّهِمۡ رَبَّنَآ أَبۡصَرۡنَا وَسَمِعۡنَا فَٱرۡجِعۡنَا نَعۡمَلۡ صَٰلِحًا إِنَّا مُوقِنُونَ
Sε anka worehunu sεdeε abͻneεfoͻ no asisi wͻn tri ase wͻ wͻn Wura Nyankopͻn anim (reka sε): “Yɛ Wura afei deε yɛahunu na yɛate nso, enti ma yεnsan y’akyi nkͻ (wiase) nkɔdi dwuma pa no, nokorε sε (afei deε) yɛagye adi paa.”
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
وَلَوۡ شِئۡنَا لَأٓتَيۡنَا كُلَّ نَفۡسٍ هُدَىٰهَا وَلَٰكِنۡ حَقَّ ٱلۡقَوۡلُ مِنِّي لَأَمۡلَأَنَّ جَهَنَّمَ مِنَ ٱلۡجِنَّةِ وَٱلنَّاسِ أَجۡمَعِينَ
Sε Yεpε a anka Yεde onipa biara kwankyerε bεma no (anaasε anka yεbεkyerε onipa biara kwan), nanso asεm a efri Me hͻ no yε nokorε sε: “Mεka Jinn ne nnipa abom de wͻn ahyε Amanehunu gya no mma.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
فَذُوقُواْ بِمَا نَسِيتُمۡ لِقَآءَ يَوۡمِكُمۡ هَٰذَآ إِنَّا نَسِينَٰكُمۡۖ وَذُوقُواْ عَذَابَ ٱلۡخُلۡدِ بِمَا كُنتُمۡ تَعۡمَلُونَ
Enti monka (asotwee no) nhwε, εnam sε mo werε firii mo nnε da nhyiamu yi nti. Enti Yεn nso Yε werε bɛfiri mo. Monka daadaa asotwee no nhwε, εnam dwuma a na modie no ho nti.”
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
إِنَّمَا يُؤۡمِنُ بِـَٔايَٰتِنَا ٱلَّذِينَ إِذَا ذُكِّرُواْ بِهَا خَرُّواْۤ سُجَّدٗاۤ وَسَبَّحُواْ بِحَمۡدِ رَبِّهِمۡ وَهُمۡ لَا يَسۡتَكۡبِرُونَ۩
Wͻn a wͻgye Yε nsεm no die no ne wͻn a sε yεde Yε nsεm no tu wͻn fo a, wͻde wͻn ho kͻ fͻm de wͻn anim butu fͻm, na wͻbͻ wͻn Wura Nyankopͻn abodin kamfo no, na wͻnyε ahomasoͻ.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
تَتَجَافَىٰ جُنُوبُهُمۡ عَنِ ٱلۡمَضَاجِعِ يَدۡعُونَ رَبَّهُمۡ خَوۡفٗا وَطَمَعٗا وَمِمَّا رَزَقۡنَٰهُمۡ يُنفِقُونَ
(Nyankopͻn ho dͻ nti wͻsͻre anadwo) gya wͻn kεtε, wͻsufrε wͻn Wura Nyankopͻn wͻ ehuu mu ne ani daasoͻ mu, na deε Yεde ama wͻn no nso wͻyi mu bi de ma.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
فَلَا تَعۡلَمُ نَفۡسٞ مَّآ أُخۡفِيَ لَهُم مِّن قُرَّةِ أَعۡيُنٖ جَزَآءَۢ بِمَا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ
Ɔkra biara nnim anigyedeε a yεde asie ama wͻn; εyε dwumadi (pa) a na wͻn die no ho akatua.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
أَفَمَن كَانَ مُؤۡمِنٗا كَمَن كَانَ فَاسِقٗاۚ لَّا يَسۡتَوُۥنَ
Enti obi a ͻyε gyidini ne obi a ͻyε kohwini (anaa ͻbͻneεni no) yε pε? (Daabi) wͻnyε pε.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
أَمَّا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ فَلَهُمۡ جَنَّٰتُ ٱلۡمَأۡوَىٰ نُزُلَۢا بِمَا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ
Wͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa no deε wͻbɛnya Soro Aheman no mu atena, εhͻ yε ahomegye bea, εnam dwumadi pa a wͻdieε no nti.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
وَأَمَّا ٱلَّذِينَ فَسَقُواْ فَمَأۡوَىٰهُمُ ٱلنَّارُۖ كُلَّمَآ أَرَادُوٓاْ أَن يَخۡرُجُواْ مِنۡهَآ أُعِيدُواْ فِيهَا وَقِيلَ لَهُمۡ ذُوقُواْ عَذَابَ ٱلنَّارِ ٱلَّذِي كُنتُم بِهِۦ تُكَذِّبُونَ
Wͻn nso a wͻbͻͻ akohwie (dii nsεmmͻnee) no deε wͻn asetena ne egya no mu. Ɛberε biara a wͻbεpεsε wͻfiri mu no yεbεsan de wͻn akͻ mu bio, na yεbεka akyerε wͻn sε: “Monka egya asotwee no a mobuu no atorͻsεm no nhwε “.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
 
ಅರ್ಥಗಳ ಅನುವಾದ ಅಧ್ಯಾಯ: ಅಸ್ಸಜ್ದ
ಅಧ್ಯಾಯಗಳ ವಿಷಯಸೂಚಿ ಪುಟ ಸಂಖ್ಯೆ
 
ಪವಿತ್ರ ಕುರ್‌ಆನ್ ಅರ್ಥಾನುವಾದ - ಅಕಾನ್ ಅನುವಾದ - ಅಶಾಂತಿಯ್ಯ - ಹಾರೂನ್ ಇಸ್ಮಾಯಿಲ್ - ಅನುವಾದಗಳ ವಿಷಯಸೂಚಿ

ಅನುವಾದ - ಶೈಖ್ ಹಾರೂನ್ ಇಸ್ಮಾಯಿಲ್

ಮುಚ್ಚಿ