Check out the new design

വിശുദ്ധ ഖുർആൻ പരിഭാഷ - അകാൻ പരിഭാഷ - അഷന്തി - ഹാരൂൻ ഇസ്മാഈൽ * - വിവർത്തനങ്ങളുടെ സൂചിക

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

പരിഭാഷ അദ്ധ്യായം: കഹ്ഫ്   ആയത്ത്:
مَّا لَهُم بِهِۦ مِنۡ عِلۡمٖ وَلَا لِأٓبَآئِهِمۡۚ كَبُرَتۡ كَلِمَةٗ تَخۡرُجُ مِنۡ أَفۡوَٰهِهِمۡۚ إِن يَقُولُونَ إِلَّا كَذِبٗا
(Saa nkorͻfoͻ no) nni (nsεm a wͻka no) ho nimdeε; wͻn agya nom nso (a wͻresuasua wͻn no nso) saa ara. Asεm kεseε paa na epue firi wͻn ano no. Nkontomposεm ne deԑ wᴐkeka no.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
فَلَعَلَّكَ بَٰخِعٞ نَّفۡسَكَ عَلَىٰٓ ءَاثَٰرِهِمۡ إِن لَّمۡ يُؤۡمِنُواْ بِهَٰذَا ٱلۡحَدِيثِ أَسَفًا
(Nkᴐmhyԑni), anhwԑ a wobԑha wo ho adi wᴐn ho awerεhoͻ awu, sε wͻnnye saa asεm yi nnie nti.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
إِنَّا جَعَلۡنَا مَا عَلَى ٱلۡأَرۡضِ زِينَةٗ لَّهَا لِنَبۡلُوَهُمۡ أَيُّهُمۡ أَحۡسَنُ عَمَلٗا
Nokorε sε, Yɛayε deε εwͻ asaase soͻ no afεɛfεdeε ama (asaase) no, sεdeε Yεde bεyε nnipa nsͻhwε, (agyina so ahwε) wͻn mu obi a odi dwuma pa.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
وَإِنَّا لَجَٰعِلُونَ مَا عَلَيۡهَا صَعِيدٗا جُرُزًا
Nokorε sε, Yεbεyε deε εwͻ (asaase no) soͻ no (nyinaa) mfuturo, a wira anaa dua (biara) nnka wᴐ soͻ.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
أَمۡ حَسِبۡتَ أَنَّ أَصۡحَٰبَ ٱلۡكَهۡفِ وَٱلرَّقِيمِ كَانُواْ مِنۡ ءَايَٰتِنَا عَجَبًا
Anaa w’adwen yε wo sε Ɔbodan no mu foͻ no, ne Adwini a yɛadi (anaasε ntwerε a yɛatwerε fa wͻn ho) no ka Yԑn nsԑnkyerԑnee a ԑyԑ nwanwa no ho anaa?
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
إِذۡ أَوَى ٱلۡفِتۡيَةُ إِلَى ٱلۡكَهۡفِ فَقَالُواْ رَبَّنَآ ءَاتِنَا مِن لَّدُنكَ رَحۡمَةٗ وَهَيِّئۡ لَنَا مِنۡ أَمۡرِنَا رَشَدٗا
Ɛberε a mmranteε no kͻbͻͻ wͻn ho adwaa wͻ ͻbodan no mu no, (wͻbͻͻ mpaeε) kaa sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn, ma yεn ahummͻborͻ a efri Wo nkyεn, na kyerε yεn kwan wͻ yεn dwumadie yi ho”.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
فَضَرَبۡنَا عَلَىٰٓ ءَاذَانِهِمۡ فِي ٱلۡكَهۡفِ سِنِينَ عَدَدٗا
Yɛsii wͻn aso (maa wͻdaa nna tenten) wͻ ͻbodan no mu mfeɛ pii.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
ثُمَّ بَعَثۡنَٰهُمۡ لِنَعۡلَمَ أَيُّ ٱلۡحِزۡبَيۡنِ أَحۡصَىٰ لِمَا لَبِثُوٓاْ أَمَدٗا
Afei Yɛnyanee wͻn sεdeε Yɛbɛhunu akuo mmienu no mu deε onim akontabuo a (ͻbetumi) asese mmerε tenten a wͻde tenaa (ͻbodan no mu).
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
نَّحۡنُ نَقُصُّ عَلَيۡكَ نَبَأَهُم بِٱلۡحَقِّۚ إِنَّهُمۡ فِتۡيَةٌ ءَامَنُواْ بِرَبِّهِمۡ وَزِدۡنَٰهُمۡ هُدٗى
(Nkͻmhyεni), Yεde wͻn asεm no mu nokorε na εrebͻ wo amaneε. Nokorε sε, wͻyε mmranteε a wͻgyee wͻn Wura Nyankopͻn diiε, na Yεde tenenee kaa wͻn ho.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
وَرَبَطۡنَا عَلَىٰ قُلُوبِهِمۡ إِذۡ قَامُواْ فَقَالُواْ رَبُّنَا رَبُّ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ لَن نَّدۡعُوَاْ مِن دُونِهِۦٓ إِلَٰهٗاۖ لَّقَدۡ قُلۡنَآ إِذٗا شَطَطًا
Yεhyεε wͻn akoma den (maa wͻgyinaa pintinn), εberε a wͻsͻre gyina kaa sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn no ne ͻsoro ne asaase Wura no, yεmfri N’akyi mfrε nyame foforͻ biara; (sε yɛfri N'akyi frε nyame foforͻ bi a), εneε nokorε sε na yɛaka abususεm.“
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
هَٰٓؤُلَآءِ قَوۡمُنَا ٱتَّخَذُواْ مِن دُونِهِۦٓ ءَالِهَةٗۖ لَّوۡلَا يَأۡتُونَ عَلَيۡهِم بِسُلۡطَٰنِۭ بَيِّنٖۖ فَمَنۡ أَظۡلَمُ مِمَّنِ ٱفۡتَرَىٰ عَلَى ٱللَّهِ كَذِبٗا
Yεn nkorͻfoͻ woi nom afri Nyankopͻn akyi afa anyame foforͻ. Adεn na wͻmfa tumi anaa nyinasoͻ pefee bi mmrε wͻn? Nipa bͻneni bεn na ͻkyεn obia ͻbͻ ne trim twa nkontompo to Nyankopͻn soͻ?
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
 
പരിഭാഷ അദ്ധ്യായം: കഹ്ഫ്
സൂറത്തുകളുടെ സൂചിക പേജ് നമ്പർ
 
വിശുദ്ധ ഖുർആൻ പരിഭാഷ - അകാൻ പരിഭാഷ - അഷന്തി - ഹാരൂൻ ഇസ്മാഈൽ - വിവർത്തനങ്ങളുടെ സൂചിക

ശൈഖ് ഹാറൂൻ ഇസ്മാഈൽ പരിഭാഷ.

അടക്കുക