Check out the new design

വിശുദ്ധ ഖുർആൻ പരിഭാഷ - അകാൻ പരിഭാഷ - അഷന്തി - ഹാരൂൻ ഇസ്മാഈൽ * - വിവർത്തനങ്ങളുടെ സൂചിക

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

പരിഭാഷ അദ്ധ്യായം: ബഖറഃ   ആയത്ത്:
أُحِلَّ لَكُمۡ لَيۡلَةَ ٱلصِّيَامِ ٱلرَّفَثُ إِلَىٰ نِسَآئِكُمۡۚ هُنَّ لِبَاسٞ لَّكُمۡ وَأَنتُمۡ لِبَاسٞ لَّهُنَّۗ عَلِمَ ٱللَّهُ أَنَّكُمۡ كُنتُمۡ تَخۡتَانُونَ أَنفُسَكُمۡ فَتَابَ عَلَيۡكُمۡ وَعَفَا عَنكُمۡۖ فَٱلۡـَٰٔنَ بَٰشِرُوهُنَّ وَٱبۡتَغُواْ مَا كَتَبَ ٱللَّهُ لَكُمۡۚ وَكُلُواْ وَٱشۡرَبُواْ حَتَّىٰ يَتَبَيَّنَ لَكُمُ ٱلۡخَيۡطُ ٱلۡأَبۡيَضُ مِنَ ٱلۡخَيۡطِ ٱلۡأَسۡوَدِ مِنَ ٱلۡفَجۡرِۖ ثُمَّ أَتِمُّواْ ٱلصِّيَامَ إِلَى ٱلَّيۡلِۚ وَلَا تُبَٰشِرُوهُنَّ وَأَنتُمۡ عَٰكِفُونَ فِي ٱلۡمَسَٰجِدِۗ تِلۡكَ حُدُودُ ٱللَّهِ فَلَا تَقۡرَبُوهَاۗ كَذَٰلِكَ يُبَيِّنُ ٱللَّهُ ءَايَٰتِهِۦ لِلنَّاسِ لَعَلَّهُمۡ يَتَّقُونَ
Yama mo kwan sε (mobetumi) akɔ moyerenom ho wɔ akyiriwia (bosome) anadwo no mu. Wɔ’yɛ moakatasoɔ, monso moyε wɔn akatasoɔ, Onyankopɔn nim yie sε nokorε modi moho hwammɔ, enti Ɔde mobɔne akyε mo, demo mfomsoכ afiri mo, enti afei deε monkɔ wɔn ho, na monhwehwε deε Nyankopɔn ahyehyε ama mo no. Na monidi na monom nkosi sε ahomakye ahoma fufuo no bεda adi afiri (anadwo) ahoma tuntum no ho; na afei montoa akyiriwia no so nkosi anadwo. Na mmom moreyε I’itikaaf wɔ Nyamedan mu a, monhwε na moankɔ wɔn ho (wɔ awia ne anadwo no mu biara mu). Saa ara na Nyankopɔn kyerεkyerε Ne Nsεm no mu kyerε adasamma sεdeε wɔ’bεsuro Nyame ayε ahwεyie.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
وَلَا تَأۡكُلُوٓاْ أَمۡوَٰلَكُم بَيۡنَكُم بِٱلۡبَٰطِلِ وَتُدۡلُواْ بِهَآ إِلَى ٱلۡحُكَّامِ لِتَأۡكُلُواْ فَرِيقٗا مِّنۡ أَمۡوَٰلِ ٱلنَّاسِ بِٱلۡإِثۡمِ وَأَنتُمۡ تَعۡلَمُونَ
Monhwε na moanfa kwan bɔne so anni montεm sika; anaa monfa nnyε nyinasoכ nntwe (mo ho) nkכma atemmufoɔ sεdeε mobedi amanfoɔ sika mu bi wɔ kwan bɔne so wɔ aberε a monim.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
۞ يَسۡـَٔلُونَكَ عَنِ ٱلۡأَهِلَّةِۖ قُلۡ هِيَ مَوَٰقِيتُ لِلنَّاسِ وَٱلۡحَجِّۗ وَلَيۡسَ ٱلۡبِرُّ بِأَن تَأۡتُواْ ٱلۡبُيُوتَ مِن ظُهُورِهَا وَلَٰكِنَّ ٱلۡبِرَّ مَنِ ٱتَّقَىٰۗ وَأۡتُواْ ٱلۡبُيُوتَ مِنۡ أَبۡوَٰبِهَاۚ وَٱتَّقُواْ ٱللَّهَ لَعَلَّكُمۡ تُفۡلِحُونَ
(Nkכmhyεni), wɔ’rebisa wo (deε nti Nyame bɔɔ) abosome foforɔ no ho asεm. Ka sε: ‘’Ɛyε (nsεnkyerεnee a εkyerε) nnipa εberε (ahodoɔ) ne Haji (berε)”. Na εnyε papa yε no ne sε, wobεfa mfikyire akכ fie, na mmom papa yε no ne sε obi besuro Nyame. Enti monfa efie no aboboano nkɔ afie mu, na monsuro Nyankopɔn sεdeε mobedi nkonim.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
وَقَٰتِلُواْ فِي سَبِيلِ ٱللَّهِ ٱلَّذِينَ يُقَٰتِلُونَكُمۡ وَلَا تَعۡتَدُوٓاْۚ إِنَّ ٱللَّهَ لَا يُحِبُّ ٱلۡمُعۡتَدِينَ
Monko wɔ Nyankopɔn kwan so ntia wɔn a wɔ’ko tia mo, na mmom monhwε na moanto mmara. Nokorε sε, Nyankopɔn mpε mmaratofoɔ no asεm.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
 
പരിഭാഷ അദ്ധ്യായം: ബഖറഃ
സൂറത്തുകളുടെ സൂചിക പേജ് നമ്പർ
 
വിശുദ്ധ ഖുർആൻ പരിഭാഷ - അകാൻ പരിഭാഷ - അഷന്തി - ഹാരൂൻ ഇസ്മാഈൽ - വിവർത്തനങ്ങളുടെ സൂചിക

ശൈഖ് ഹാറൂൻ ഇസ്മാഈൽ പരിഭാഷ.

അടക്കുക