വിശുദ്ധ ഖുർആൻ പരിഭാഷ - അഷന്തി പരിഭാഷ * - വിവർത്തനങ്ങളുടെ സൂചിക

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

പരിഭാഷ അദ്ധ്യായം: സൂറത്ത് ഫാത്വിർ   ആയത്ത്:

Faatir

ٱلۡحَمۡدُ لِلَّهِ فَاطِرِ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ جَاعِلِ ٱلۡمَلَٰٓئِكَةِ رُسُلًا أُوْلِيٓ أَجۡنِحَةٖ مَّثۡنَىٰ وَثُلَٰثَ وَرُبَٰعَۚ يَزِيدُ فِي ٱلۡخَلۡقِ مَا يَشَآءُۚ إِنَّ ٱللَّهَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٞ
Aseda no wͻ Onyankopͻn, ͻsoro ne asaase Bͻfo no a Wayε Soro abͻfoᴐ asomafoͻ a (ebi) wͻ ntaban mmienu ne mmiεnsa ne nnan. Ɔde deε Ɔpε ka N’abͻdeε no ho. Nokorε sε, Nyankopͻn wͻ biribiara so tumi.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
مَّا يَفۡتَحِ ٱللَّهُ لِلنَّاسِ مِن رَّحۡمَةٖ فَلَا مُمۡسِكَ لَهَاۖ وَمَا يُمۡسِكۡ فَلَا مُرۡسِلَ لَهُۥ مِنۢ بَعۡدِهِۦۚ وَهُوَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡحَكِيمُ
Adeε a Onyankopͻn bebue ama onipa afiri N’ahummͻborͻ mu no obiara nni hͻ a ɔbɛtumi asi ho kwan. Na deε Wasi ho kwan no nso obiara nni hͻ a ɔbɛtumi afiri N’akyi de ama. Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ no.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّاسُ ٱذۡكُرُواْ نِعۡمَتَ ٱللَّهِ عَلَيۡكُمۡۚ هَلۡ مِنۡ خَٰلِقٍ غَيۡرُ ٱللَّهِ يَرۡزُقُكُم مِّنَ ٱلسَّمَآءِ وَٱلۡأَرۡضِۚ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَۖ فَأَنَّىٰ تُؤۡفَكُونَ
Adasamma, monkae Onyankopͻn adom a εwͻ mosoͻ. Enti Onyankopͻn akyiri no ͻbͻͻ adeε foforͻ bi wͻ hͻ a ͻbͻ mo akͻnhoma firi soro ne asaase soͻ? Awurade (foforͻ) biara nni hͻ gyesε Ɔno (nko ara). Afei adεn na moredane mo ho firi ( Ne ho)?
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
وَإِن يُكَذِّبُوكَ فَقَدۡ كُذِّبَتۡ رُسُلٞ مِّن قَبۡلِكَۚ وَإِلَى ٱللَّهِ تُرۡجَعُ ٱلۡأُمُورُ
(Nkͻmhyεni), sε wᴐbu wo nkontomponi a, saa ara na wᴐbuu asomafoͻ a wͻdii w’anim kan no nkontompofoͻ. Onyankopͻn hͻ na dwumadie nyinaa san kͻ.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّاسُ إِنَّ وَعۡدَ ٱللَّهِ حَقّٞۖ فَلَا تَغُرَّنَّكُمُ ٱلۡحَيَوٰةُ ٱلدُّنۡيَا وَلَا يَغُرَّنَّكُم بِٱللَّهِ ٱلۡغَرُورُ
Adasamma, ampa sε Onyankopͻn bͻhyε yε nokorε, enti momma wiase asetena yi nnaadaa mo, na momma nnaadaafoͻ hene (bonsam) no nnaadaa mo fa Onyankopͻn ho
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
إِنَّ ٱلشَّيۡطَٰنَ لَكُمۡ عَدُوّٞ فَٱتَّخِذُوهُ عَدُوًّاۚ إِنَّمَا يَدۡعُواْ حِزۡبَهُۥ لِيَكُونُواْ مِنۡ أَصۡحَٰبِ ٱلسَّعِيرِ
Nokorε sε ͻbonsam yε ͻtamfo ma mo, enti momfa no nyε motamfo. Deε ͻrefrε nenkorͻfoͻ no akͻ ara ne sε deε wͻbεyε Ogya no mu foͻ.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ لَهُمۡ عَذَابٞ شَدِيدٞۖ وَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ لَهُم مَّغۡفِرَةٞ وَأَجۡرٞ كَبِيرٌ
Wͻn a wͻyi boniayε no wͻ asotwee a ano yε den, na wͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa no wͻ bͻnefakyε ne akatua kεseε (wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ).
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
أَفَمَن زُيِّنَ لَهُۥ سُوٓءُ عَمَلِهِۦ فَرَءَاهُ حَسَنٗاۖ فَإِنَّ ٱللَّهَ يُضِلُّ مَن يَشَآءُ وَيَهۡدِي مَن يَشَآءُۖ فَلَا تَذۡهَبۡ نَفۡسُكَ عَلَيۡهِمۡ حَسَرَٰتٍۚ إِنَّ ٱللَّهَ عَلِيمُۢ بِمَا يَصۡنَعُونَ
Obia ne dwumadi bͻne yε no fε na ɔhunu (dwumadi bͻne) no sε papa no, (saa nipa no ne obia odi dwuma pa na εsε)? Nokorε sε Onyankopͻn yera obi a Ɔpε εna Ɔtene obi a Ɔpε nso. Enti (Nkͻmhyεni), εmma wo kraa ho nyera no nni wͻn ho awerεhoͻ. Nokorε sε Onyankopͻn Nim dwuma a wᴐdie (nyinaa).
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
وَٱللَّهُ ٱلَّذِيٓ أَرۡسَلَ ٱلرِّيَٰحَ فَتُثِيرُ سَحَابٗا فَسُقۡنَٰهُ إِلَىٰ بَلَدٖ مَّيِّتٖ فَأَحۡيَيۡنَا بِهِ ٱلۡأَرۡضَ بَعۡدَ مَوۡتِهَاۚ كَذَٰلِكَ ٱلنُّشُورُ
Onyankopͻn na Ɔsoma mframa ma εboa mununkum ano, na Yɛapia kͻ ͻman a awuo so, na Yεde anyane asaase wͻ newuo akyi. Saa ara na Owusᴐreε no teε.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
مَن كَانَ يُرِيدُ ٱلۡعِزَّةَ فَلِلَّهِ ٱلۡعِزَّةُ جَمِيعًاۚ إِلَيۡهِ يَصۡعَدُ ٱلۡكَلِمُ ٱلطَّيِّبُ وَٱلۡعَمَلُ ٱلصَّٰلِحُ يَرۡفَعُهُۥۚ وَٱلَّذِينَ يَمۡكُرُونَ ٱلسَّيِّـَٔاتِ لَهُمۡ عَذَابٞ شَدِيدٞۖ وَمَكۡرُ أُوْلَٰٓئِكَ هُوَ يَبُورُ
Obia ͻrehwehwε animuonyam (anaa) tumi no, animuonyam (anaa) tumi nyinaa wͻ Nyankopͻn. Nehͻ na kasapa ma nehoso kͻ, εna dwumadi pa nso Ɔbͻ n’abasoͻ. Wͻn a wͻrefa bͻne ho adwen no wͻ asotwee a ano yε den paa, saa adwen bͻne no bεsopa.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
وَٱللَّهُ خَلَقَكُم مِّن تُرَابٖ ثُمَّ مِن نُّطۡفَةٖ ثُمَّ جَعَلَكُمۡ أَزۡوَٰجٗاۚ وَمَا تَحۡمِلُ مِنۡ أُنثَىٰ وَلَا تَضَعُ إِلَّا بِعِلۡمِهِۦۚ وَمَا يُعَمَّرُ مِن مُّعَمَّرٖ وَلَا يُنقَصُ مِنۡ عُمُرِهِۦٓ إِلَّا فِي كِتَٰبٍۚ إِنَّ ذَٰلِكَ عَلَى ٱللَّهِ يَسِيرٞ
Onyankopͻn bͻͻ mo firii mfuturo mu, εna afei ahobaeε mu εna Ɔyεε mo mmienu mmienu (onini ne ͻbedeε). Sε ͻbaa bi bɛnyinsεn anaasε ͻbεwoᴐ (ne nyinaa wͻ) Nenimdeε mu. Ԑmma sԑ yԑbԑma obi nkwa tenten anaa nenkwa so bԑteε (nenyinaa) wͻ Nwoma mu. Nokorε sε wei deε εyε adeε a εyε mmrε ma Nyankopͻn.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
وَمَا يَسۡتَوِي ٱلۡبَحۡرَانِ هَٰذَا عَذۡبٞ فُرَاتٞ سَآئِغٞ شَرَابُهُۥ وَهَٰذَا مِلۡحٌ أُجَاجٞۖ وَمِن كُلّٖ تَأۡكُلُونَ لَحۡمٗا طَرِيّٗا وَتَسۡتَخۡرِجُونَ حِلۡيَةٗ تَلۡبَسُونَهَاۖ وَتَرَى ٱلۡفُلۡكَ فِيهِ مَوَاخِرَ لِتَبۡتَغُواْ مِن فَضۡلِهِۦ وَلَعَلَّكُمۡ تَشۡكُرُونَ
Ͻpo mmienu no (mu nsuo) nnyε pε; wei yε abodwo (suo a) ne nom yε dε, wei nso yε nkyenenkyene nyononyonoonyon. Emu biara mu no (monya) nam mono a moweε firi mu, san yi mpempranneε a mode siesie moho firi mu. Mohunu nsuo mu hyεn nso sε εnam asorͻkye mu, sεdeε mode bεhwehwε N’adom na anka mobɛyi (no) ayε.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
يُولِجُ ٱلَّيۡلَ فِي ٱلنَّهَارِ وَيُولِجُ ٱلنَّهَارَ فِي ٱلَّيۡلِ وَسَخَّرَ ٱلشَّمۡسَ وَٱلۡقَمَرَۖ كُلّٞ يَجۡرِي لِأَجَلٖ مُّسَمّٗىۚ ذَٰلِكُمُ ٱللَّهُ رَبُّكُمۡ لَهُ ٱلۡمُلۡكُۚ وَٱلَّذِينَ تَدۡعُونَ مِن دُونِهِۦ مَا يَمۡلِكُونَ مِن قِطۡمِيرٍ
Ͻma anadwo wura adekyeԑ mu ԑna Ͻma adekyeԑ nso wura anadwo mu, ԑna Wama awia ne bosome abrԑ wᴐn ho ase. Wᴐn mu biara nam wᴐ berԑ a yɛahyehyԑ so. Wei ne Nyankopᴐn, mo Wura no; Ͻno na ahennie no wᴐ no. Wᴐn a mofiri N’ákyi sufrԑ wᴐn no wᴐnni akyiresua aba hono mpo ho tumi.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
إِن تَدۡعُوهُمۡ لَا يَسۡمَعُواْ دُعَآءَكُمۡ وَلَوۡ سَمِعُواْ مَا ٱسۡتَجَابُواْ لَكُمۡۖ وَيَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ يَكۡفُرُونَ بِشِرۡكِكُمۡۚ وَلَا يُنَبِّئُكَ مِثۡلُ خَبِيرٖ
Sε mosu frε wͻn a wͻnte mo sufrε; sε wᴐte mpo a wᴐnnye mo so. Atemuda no wͻbεpo sε mode wͻn bataa (Onyankopͻn) ho no. (Saa Da no) obiara ntumi mmͻ mo amaneε tesε deε Biribiara ho Nimdefoͻ no bεbͻ mo (amaneε) no.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
۞ يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّاسُ أَنتُمُ ٱلۡفُقَرَآءُ إِلَى ٱللَّهِۖ وَٱللَّهُ هُوَ ٱلۡغَنِيُّ ٱلۡحَمِيدُ
Adasamma, mo na mohia Nyankopͻn, na Onyankopͻn deε Ɔne Ͻdefoᴐ no, Ɔne Ayɛyie Wura no.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
إِن يَشَأۡ يُذۡهِبۡكُمۡ وَيَأۡتِ بِخَلۡقٖ جَدِيدٖ
Sε Ɔpε a Ɔbɛyi mo afiri hͻ na Ɔde abɔdeε foforͻ aba (abɛsi moanan mu).
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
وَمَا ذَٰلِكَ عَلَى ٱللَّهِ بِعَزِيزٖ
Na εno deε εnyε den mma Nyankopͻn koraa,
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
وَلَا تَزِرُ وَازِرَةٞ وِزۡرَ أُخۡرَىٰۚ وَإِن تَدۡعُ مُثۡقَلَةٌ إِلَىٰ حِمۡلِهَا لَا يُحۡمَلۡ مِنۡهُ شَيۡءٞ وَلَوۡ كَانَ ذَا قُرۡبَىٰٓۗ إِنَّمَا تُنذِرُ ٱلَّذِينَ يَخۡشَوۡنَ رَبَّهُم بِٱلۡغَيۡبِ وَأَقَامُواْ ٱلصَّلَوٰةَۚ وَمَن تَزَكَّىٰ فَإِنَّمَا يَتَزَكَّىٰ لِنَفۡسِهِۦۚ وَإِلَى ٱللَّهِ ٱلۡمَصِيرُ
Na obi a ͻso adesoa no nsoa obi foforͻ adesoa. Sε obi a ͻso adesoa a emu yε duro frε ͻfoforͻ (sε ͻmmoa no) na ͻyε nebusuani mpo a, (ontumi) nsoa (n’adesoa no) mu hwee. (Nkͻmhyεni), obi a bͻ no kͻkͻ ne wͻn a wͻsuro Onyankopͻn wͻ nsumaeε mu na wͻfrε Nyame wͻ ne berε mu. Na obi a ͻte (ne kraa) ho no, ͻte (ne kraa) no ho dema ͻno ara ne ho. Na Onyankopͻn hͻ ne (biribiara) nkyi.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
وَمَا يَسۡتَوِي ٱلۡأَعۡمَىٰ وَٱلۡبَصِيرُ
Onifrani ne obi a ɔhunu adeε nyε pε.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
وَلَا ٱلظُّلُمَٰتُ وَلَا ٱلنُّورُ
Na esum ne εhan nso (nyε pε).
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
وَلَا ٱلظِّلُّ وَلَا ٱلۡحَرُورُ
Saa ara nso na enwunu ne ͻhyew (nyε pε).
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
وَمَا يَسۡتَوِي ٱلۡأَحۡيَآءُ وَلَا ٱلۡأَمۡوَٰتُۚ إِنَّ ٱللَّهَ يُسۡمِعُ مَن يَشَآءُۖ وَمَآ أَنتَ بِمُسۡمِعٖ مَّن فِي ٱلۡقُبُورِ
Awufoͻ ne ateasefoͻ nso nyε pε. Nokorε sε Nyankopͻn ma obi a Ɔpε te, na wontumi mma wͻn a wͻn wͻ adakamena mu no nte asεm.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
إِنۡ أَنتَ إِلَّا نَذِيرٌ
(Nkͻmhyεni), w’asεdeε ara ne sε woyε kͻkͻbͻni.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
إِنَّآ أَرۡسَلۡنَٰكَ بِٱلۡحَقِّ بَشِيرٗا وَنَذِيرٗاۚ وَإِن مِّنۡ أُمَّةٍ إِلَّا خَلَا فِيهَا نَذِيرٞ
Yεde Nokorε no na asoma wo sε anohoba ne kͻkͻbͻ bᴐfoᴐ. Ͻman biara so (yεsomaa) kͻkͻbͻni kͻͻ wͻn hͻ,
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
وَإِن يُكَذِّبُوكَ فَقَدۡ كَذَّبَ ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِمۡ جَآءَتۡهُمۡ رُسُلُهُم بِٱلۡبَيِّنَٰتِ وَبِٱلزُّبُرِ وَبِٱلۡكِتَٰبِ ٱلۡمُنِيرِ
Sε wͻbu wo nkontomponi a, saa ara na wͻbuu wͻn a wͻdii wͻn anim kan no nkontompofoͻ. Wͻn asomafoͻ no de nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee no ne Nyamesεm no ne Nwoma pefee no brεε wͻn.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
ثُمَّ أَخَذۡتُ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْۖ فَكَيۡفَ كَانَ نَكِيرِ
Afei Mesͻͻ wͻn a wͻpoeε no mu; na sεdeε M’abufuhyeε siteε.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
أَلَمۡ تَرَ أَنَّ ٱللَّهَ أَنزَلَ مِنَ ٱلسَّمَآءِ مَآءٗ فَأَخۡرَجۡنَا بِهِۦ ثَمَرَٰتٖ مُّخۡتَلِفًا أَلۡوَٰنُهَاۚ وَمِنَ ٱلۡجِبَالِ جُدَدُۢ بِيضٞ وَحُمۡرٞ مُّخۡتَلِفٌ أَلۡوَٰنُهَا وَغَرَابِيبُ سُودٞ
Wonhunuu sε Onyankopͻn sane nsuo firi soro, dema nnuaba puepue a εho sononko-sononko, εna mmepͻ mu nso akwan fufuo ne kͻkͻͻ a egu sononko-sononko wͻ mu, (ebi) nso yε tuntum.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
وَمِنَ ٱلنَّاسِ وَٱلدَّوَآبِّ وَٱلۡأَنۡعَٰمِ مُخۡتَلِفٌ أَلۡوَٰنُهُۥ كَذَٰلِكَۗ إِنَّمَا يَخۡشَى ٱللَّهَ مِنۡ عِبَادِهِ ٱلۡعُلَمَٰٓؤُاْۗ إِنَّ ٱللَّهَ عَزِيزٌ غَفُورٌ
Saa ara nso na nnipa ne nkekaboa ne nyεmmoa nso gu sononko-sononko. Wͻn a wͻsuro Nyankopͻn wͻ ne nenkoa no mu ne nwomanimfoͻ. Nokorε sε Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Bͻnefakyε Hene.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
إِنَّ ٱلَّذِينَ يَتۡلُونَ كِتَٰبَ ٱللَّهِ وَأَقَامُواْ ٱلصَّلَوٰةَ وَأَنفَقُواْ مِمَّا رَزَقۡنَٰهُمۡ سِرّٗا وَعَلَانِيَةٗ يَرۡجُونَ تِجَٰرَةٗ لَّن تَبُورَ
Nokorε sε wͻn a wͻkenkan Nyankopͻn Nwoma no na wͻfrε Nyame wͻ ne berε mu na wͻyi deε Yɛde abͻ wͻn akonhoma no mu bi ma wͻ kokoa mu ne badwa mu no, wͻrehwehwε adwadie a εka bͻ biara nni ho no.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
لِيُوَفِّيَهُمۡ أُجُورَهُمۡ وَيَزِيدَهُم مِّن فَضۡلِهِۦٓۚ إِنَّهُۥ غَفُورٞ شَكُورٞ
Sεdeε Ɔbɛtua wͻn so ka pεpεεpε na Ɔde N’adom no bi bεka ho ama wͻn. Nokorε sε Ɔne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Ayɛyie Wura.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
وَٱلَّذِيٓ أَوۡحَيۡنَآ إِلَيۡكَ مِنَ ٱلۡكِتَٰبِ هُوَ ٱلۡحَقُّ مُصَدِّقٗا لِّمَا بَيۡنَ يَدَيۡهِۗ إِنَّ ٱللَّهَ بِعِبَادِهِۦ لَخَبِيرُۢ بَصِيرٞ
Nwoma no mu deε Yɛayi akyerε woͻ no εno ne nokorε no a εrehyε deε edi n’anim kan no ma. Nokorε sε Onyankopͻn ani tua N’akoa, na Ɔhu biribiara.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
ثُمَّ أَوۡرَثۡنَا ٱلۡكِتَٰبَ ٱلَّذِينَ ٱصۡطَفَيۡنَا مِنۡ عِبَادِنَاۖ فَمِنۡهُمۡ ظَالِمٞ لِّنَفۡسِهِۦ وَمِنۡهُم مُّقۡتَصِدٞ وَمِنۡهُمۡ سَابِقُۢ بِٱلۡخَيۡرَٰتِ بِإِذۡنِ ٱللَّهِۚ ذَٰلِكَ هُوَ ٱلۡفَضۡلُ ٱلۡكَبِيرُ
Afei Yεde Yε’nkoa no mu bi a yɛyii wͻn bɛdii Nwoma no akonwa; wͻn mu bi yԑε bͻne tiaa wᴐn ho, na ebinom nso (dwumadie) yε hͻ-ne-hͻ, na wᴐn mu bi nso di papayᴐ ho akansie wᴐ Nyankopᴐn pε mu, εno ne adom kεseε no.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
جَنَّٰتُ عَدۡنٖ يَدۡخُلُونَهَا يُحَلَّوۡنَ فِيهَا مِنۡ أَسَاوِرَ مِن ذَهَبٖ وَلُؤۡلُؤٗاۖ وَلِبَاسُهُمۡ فِيهَا حَرِيرٞ
(Saa nkorͻfoͻ no) bεkͻ Aheman a εwͻ hͻ daa no mu, na yεde sika kͻkͻͻ mpͻkoa ne nhwenepa bɛsiesie wͻn na wͻbɛfira kyeme ntoma pa wͻ hͻ.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
وَقَالُواْ ٱلۡحَمۡدُ لِلَّهِ ٱلَّذِيٓ أَذۡهَبَ عَنَّا ٱلۡحَزَنَۖ إِنَّ رَبَّنَا لَغَفُورٞ شَكُورٌ
Wͻbεka sε: “Aseda wͻ Nyankopͻn a Wayi awerεhoͻ afiri yεn soͻ. Nokorε sε, Yɛn wura ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Ayɛyie Wura.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
ٱلَّذِيٓ أَحَلَّنَا دَارَ ٱلۡمُقَامَةِ مِن فَضۡلِهِۦ لَا يَمَسُّنَا فِيهَا نَصَبٞ وَلَا يَمَسُّنَا فِيهَا لُغُوبٞ
(Onyankopͻn) no ara N’adom mu no Ɔde yεn atena Daa asetena yi mu na ͻberε nto yεn, na ͻhaw nso mma yεn soͻ.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
وَٱلَّذِينَ كَفَرُواْ لَهُمۡ نَارُ جَهَنَّمَ لَا يُقۡضَىٰ عَلَيۡهِمۡ فَيَمُوتُواْ وَلَا يُخَفَّفُ عَنۡهُم مِّنۡ عَذَابِهَاۚ كَذَٰلِكَ نَجۡزِي كُلَّ كَفُورٖ
Wͻn a wͻyi boniayε no nso wͻ Amanehunu gya; yεnhyehyεε εberε mmaa wͻn sε wͻbɛwu (wͻ Ogya no mu), na yεngo emu asotwee no mu mma wͻn koraa. Saa ara na yɛtua (onipa) biara a oyi boniayε no so ka.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
وَهُمۡ يَصۡطَرِخُونَ فِيهَا رَبَّنَآ أَخۡرِجۡنَا نَعۡمَلۡ صَٰلِحًا غَيۡرَ ٱلَّذِي كُنَّا نَعۡمَلُۚ أَوَلَمۡ نُعَمِّرۡكُم مَّا يَتَذَكَّرُ فِيهِ مَن تَذَكَّرَ وَجَآءَكُمُ ٱلنَّذِيرُۖ فَذُوقُواْ فَمَا لِلظَّٰلِمِينَ مِن نَّصِيرٍ
Wͻbɛsu esu denden wͻ mu {aka) sε: “Yɛn Wura Nyankopͻn, yi yεn (firi amane-hunu yi) mu, na ma yεnsan nkͻ wiase bio na) yɛbɛdi dwumapa a εnyε dwuma bͻne a na yɛdie no. (Onyankopͻn bεka sε): “Yɛamma mo nkwa tenten a anka obia ͻde bɛtu (neho) foͻ no (bɛtumi) de atu (neho) foͻ? Kͻkͻbͻni no nso baa mo hͻ”. Enti monka (mo dwumadie so aba) nhwε, na abͻneεfoͻ no deε wͻnnya boafoͻ.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
إِنَّ ٱللَّهَ عَٰلِمُ غَيۡبِ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۚ إِنَّهُۥ عَلِيمُۢ بِذَاتِ ٱلصُّدُورِ
Nokorε sε, Onyankopכn ne ͻsoro ne asaase so Nsumaeε mu Nimdefoͻ. Nokorε sε Ɔnim deε εwͻ akoma mu.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
هُوَ ٱلَّذِي جَعَلَكُمۡ خَلَٰٓئِفَ فِي ٱلۡأَرۡضِۚ فَمَن كَفَرَ فَعَلَيۡهِ كُفۡرُهُۥۖ وَلَا يَزِيدُ ٱلۡكَٰفِرِينَ كُفۡرُهُمۡ عِندَ رَبِّهِمۡ إِلَّا مَقۡتٗاۖ وَلَا يَزِيدُ ٱلۡكَٰفِرِينَ كُفۡرُهُمۡ إِلَّا خَسَارٗا
Ɔno na Ɔyεε mo ananmusifoͻ wͻ asaase soͻ. Enti obi a ɔbɛyi boniayε no, ne boniayε no tia ͻno ara, na boniayεfoͻ no boniayε no nyε nkͻsoͻ (biara mma wͻn) wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ, gyesε abufuhyeε, na boniayεfoͻ no boniayε no nyε nkͻsoͻ (biara mma wͻn) gyesε berεguo.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
قُلۡ أَرَءَيۡتُمۡ شُرَكَآءَكُمُ ٱلَّذِينَ تَدۡعُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ أَرُونِي مَاذَا خَلَقُواْ مِنَ ٱلۡأَرۡضِ أَمۡ لَهُمۡ شِرۡكٞ فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ أَمۡ ءَاتَيۡنَٰهُمۡ كِتَٰبٗا فَهُمۡ عَلَىٰ بَيِّنَتٖ مِّنۡهُۚ بَلۡ إِن يَعِدُ ٱلظَّٰلِمُونَ بَعۡضُهُم بَعۡضًا إِلَّا غُرُورًا
Ka kyerε wͻn sε: ‘’Moahunu wͻn a mode wͻn bata (Nyankopͻn) ho na mofiri Nyankopͻn akyi sufrε wᴐn no? Monkyerε me deε wͻn abͻ wͻ asaase so, anaasε wͻn wͻ kyεfa wͻ ͻsoro? Anaasε yɛama wͻn nwoma bi a emu nkyerεkyerεmu na wͻnam soͻ? Aane; Nnebͻneεfoͻ no hyε wͻn ho wͻn ho bᴐ, nanso (wͻn bͻhyԑ no) yε nnaadaa.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
۞ إِنَّ ٱللَّهَ يُمۡسِكُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ أَن تَزُولَاۚ وَلَئِن زَالَتَآ إِنۡ أَمۡسَكَهُمَا مِنۡ أَحَدٖ مِّنۢ بَعۡدِهِۦٓۚ إِنَّهُۥ كَانَ حَلِيمًا غَفُورٗا
Nokorε sε Onyankopͻn na Ɔkuta ͻsoro ne asaase mu sεdeε ɛmfiri (netebea) hͻ. Nasε ɛfiri hͻ a, obiara nnihͻ a ɔbɛtumi asͻ mu ka Neho. Nokorε sε Ɔne Ntoboaseε Hene, Ɔne Bͻnefakyε Wura.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
وَأَقۡسَمُواْ بِٱللَّهِ جَهۡدَ أَيۡمَٰنِهِمۡ لَئِن جَآءَهُمۡ نَذِيرٞ لَّيَكُونُنَّ أَهۡدَىٰ مِنۡ إِحۡدَى ٱلۡأُمَمِۖ فَلَمَّا جَآءَهُمۡ نَذِيرٞ مَّا زَادَهُمۡ إِلَّا نُفُورًا
Wͻde Nyankopͻn dii wͻn nsedie akεseε no sε: “Sε kͻkͻbͻfoͻ bi baa wͻn hͻ a anka wͻbεyε ateneneefoͻ akyεn ͻman biara. Nanso ͻkͻkͻbͻni baa wͻn hͻ no wͻn annya nkͻsoͻ biara na mmom dwanee (na wͻdwanee nokorε no)-,
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
ٱسۡتِكۡبَارٗا فِي ٱلۡأَرۡضِ وَمَكۡرَ ٱلسَّيِّيِٕۚ وَلَا يَحِيقُ ٱلۡمَكۡرُ ٱلسَّيِّئُ إِلَّا بِأَهۡلِهِۦۚ فَهَلۡ يَنظُرُونَ إِلَّا سُنَّتَ ٱلۡأَوَّلِينَۚ فَلَن تَجِدَ لِسُنَّتِ ٱللَّهِ تَبۡدِيلٗاۖ وَلَن تَجِدَ لِسُنَّتِ ٱللَّهِ تَحۡوِيلًا
Yεε akεsesεm wͻ asaase no so bͻͻ pͻ bͻne; na pͻ bͻne no, ɛnnya obiara na mmom deε ͻbͻͻ (pͻ bͻne no ara na εbenya) no. Enti deε wͻretwεn ara ne (asotwee) a εtoo tetefoͻ no (sεso)? Wonnya nsesaeε wͻ Onyankopͻn kwan no mu, na wonhunu nsakraeε nso wͻ kwan a Onyankopͻn atwa ato hͻ no so.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
أَوَلَمۡ يَسِيرُواْ فِي ٱلۡأَرۡضِ فَيَنظُرُواْ كَيۡفَ كَانَ عَٰقِبَةُ ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِمۡ وَكَانُوٓاْ أَشَدَّ مِنۡهُمۡ قُوَّةٗۚ وَمَا كَانَ ٱللَّهُ لِيُعۡجِزَهُۥ مِن شَيۡءٖ فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَلَا فِي ٱلۡأَرۡضِۚ إِنَّهُۥ كَانَ عَلِيمٗا قَدِيرٗا
Enti wͻntu kwan wͻ asaase no so nhwε sεdeε wͻn a wͻdii wͻn anim kan no awieeε si wieeɛ? Na wͻn ho yε den sen wͻn wͻ tumi mu. Onyankopᴐn deε biribiara nnihͻ a etumi bu fa ne so wͻ soro anaasε asaase so. Nokorε sε Ɔne Onimdefoͻ, Ɔne Otumfoᴐ.
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
وَلَوۡ يُؤَاخِذُ ٱللَّهُ ٱلنَّاسَ بِمَا كَسَبُواْ مَا تَرَكَ عَلَىٰ ظَهۡرِهَا مِن دَآبَّةٖ وَلَٰكِن يُؤَخِّرُهُمۡ إِلَىٰٓ أَجَلٖ مُّسَمّٗىۖ فَإِذَا جَآءَ أَجَلُهُمۡ فَإِنَّ ٱللَّهَ كَانَ بِعِبَادِهِۦ بَصِيرَۢا
Sε nka Onyankopͻn retwe nnipa aso (wiase ha) wͻ dwuma a wͻn adie ho a, anka εnka abͻdeε biara wͻ asaase no so, na mmom Ɔma wͻn berε dekɔsi εberε a yɛahyε ato hͻ no. Enti sε wͻn berε no so a, εneε nokorε sε Onyankopͻn deε Ɔhu Nenkoa no (nyinaa).
അറബി ഖുർആൻ വിവരണങ്ങൾ:
 
പരിഭാഷ അദ്ധ്യായം: സൂറത്ത് ഫാത്വിർ
സൂറത്തുകളുടെ സൂചിക പേജ് നമ്പർ
 
വിശുദ്ധ ഖുർആൻ പരിഭാഷ - അഷന്തി പരിഭാഷ - വിവർത്തനങ്ങളുടെ സൂചിക

വിശുദ്ധ ഖുർആൻ ആശയ വിവർത്തനം അഷന്തി ഭാഷയിൽ, ശൈഖ് ഹാറൂൻ ഇസ്മാഈൽ നിർവഹിച്ചത്

അടക്കുക