വിശുദ്ധ ഖുർആൻ പരിഭാഷ - അകാൻ പരിഭാഷ - അഷന്തി - ഹാരൂൻ ഇസ്മാഈൽ

പേജ് നമ്പർ:close

external-link copy
23 : 43

وَكَذَٰلِكَ مَآ أَرۡسَلۡنَا مِن قَبۡلِكَ فِي قَرۡيَةٖ مِّن نَّذِيرٍ إِلَّا قَالَ مُتۡرَفُوهَآ إِنَّا وَجَدۡنَآ ءَابَآءَنَا عَلَىٰٓ أُمَّةٖ وَإِنَّا عَلَىٰٓ ءَاثَٰرِهِم مُّقۡتَدُونَ

Saa ara na kͻkͻbͻni biara a Yɛdii kan somaa no dii w’anim kan wͻ kuro bi soͻ no, emu adefoͻ no kaa sε: “Nokorε sε yεbεtoo y’agyanom wͻ (saa) kwan (yi) so na wͻn anammͻn so na yεdi akyire. info
التفاسير:

external-link copy
24 : 43

۞ قَٰلَ أَوَلَوۡ جِئۡتُكُم بِأَهۡدَىٰ مِمَّا وَجَدتُّمۡ عَلَيۡهِ ءَابَآءَكُمۡۖ قَالُوٓاْ إِنَّا بِمَآ أُرۡسِلۡتُم بِهِۦ كَٰفِرُونَ

(Kͻkͻbͻni no) kaa sε: “Na sε mede deε εtene kyεn deε mobεtoo no mo agyanom hͻ no brε mo mpo a?“ Wͻbuaa sε: “Yεdeε yεnnye deε yεde asoma mo no nni “. info
التفاسير:

external-link copy
25 : 43

فَٱنتَقَمۡنَا مِنۡهُمۡۖ فَٱنظُرۡ كَيۡفَ كَانَ عَٰقِبَةُ ٱلۡمُكَذِّبِينَ

Enti Yɛtuaa wͻn so ka; na hwε sεdeε wͻn a wͻannye (Nokorε no) annie no awieeε si wieeε. info
التفاسير:

external-link copy
26 : 43

وَإِذۡ قَالَ إِبۡرَٰهِيمُ لِأَبِيهِ وَقَوۡمِهِۦٓ إِنَّنِي بَرَآءٞ مِّمَّا تَعۡبُدُونَ

Kae εberε a Abraham ka kyerεε n’agya ne nenkorͻfoͻ no sε: ”Medeε matwe me ho afiri deε mosom no ho. info
التفاسير:

external-link copy
27 : 43

إِلَّا ٱلَّذِي فَطَرَنِي فَإِنَّهُۥ سَيَهۡدِينِ

Gyesε Nea Ɔbͻͻ me, efirisε Ɔno na Ɔbεkyerε me kwan. info
التفاسير:

external-link copy
28 : 43

وَجَعَلَهَا كَلِمَةَۢ بَاقِيَةٗ فِي عَقِبِهِۦ لَعَلَّهُمۡ يَرۡجِعُونَ

Ɔyεε (saa kasa) no nsɛnnahɔ demaa nenkyiri mma sεdeε wͻbεsan (akͻ mu). info
التفاسير:

external-link copy
29 : 43

بَلۡ مَتَّعۡتُ هَٰٓؤُلَآءِ وَءَابَآءَهُمۡ حَتَّىٰ جَآءَهُمُ ٱلۡحَقُّ وَرَسُولٞ مُّبِينٞ

Aane, Memaa saa nkorͻfoͻ no ne wͻn agyanom gyee wͻn ani kͻpem sε Nokorε no ne Ɔsomafoͻ a ͻda (nsεm no) adi pefee no baa wͻn hͻ. info
التفاسير:

external-link copy
30 : 43

وَلَمَّا جَآءَهُمُ ٱلۡحَقُّ قَالُواْ هَٰذَا سِحۡرٞ وَإِنَّا بِهِۦ كَٰفِرُونَ

Ɛberε a Nokorε no baeε no wͻkaa sε : “Wei deε εyε nkonyaa anaa naadaasεm, na yεn deε yεnye nni“. info
التفاسير:

external-link copy
31 : 43

وَقَالُواْ لَوۡلَا نُزِّلَ هَٰذَا ٱلۡقُرۡءَانُ عَلَىٰ رَجُلٖ مِّنَ ٱلۡقَرۡيَتَيۡنِ عَظِيمٍ

Deε wͻka ne sε: “Adεn nti na yɛansane saa Qur’aan yi amma onipa a odi mu wͻ nkuro mmienu no mu (Maka ne Taif)? info
التفاسير:

external-link copy
32 : 43

أَهُمۡ يَقۡسِمُونَ رَحۡمَتَ رَبِّكَۚ نَحۡنُ قَسَمۡنَا بَيۡنَهُم مَّعِيشَتَهُمۡ فِي ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَاۚ وَرَفَعۡنَا بَعۡضَهُمۡ فَوۡقَ بَعۡضٖ دَرَجَٰتٖ لِّيَتَّخِذَ بَعۡضُهُم بَعۡضٗا سُخۡرِيّٗاۗ وَرَحۡمَتُ رَبِّكَ خَيۡرٞ مِّمَّا يَجۡمَعُونَ

Wͻn na wͻkyekyε wo Wura Nyankopͻn Ahummͻborͻ no? Yεn na Yεkyekyε wͻn wiase asetena mu akͻnhoma no mu ma wͻn, εna Yεpagya ebinom kyεn ebinom wͻ gyinaberε mu sεdeε ebinom bεfa ebinom ama wᴐn ayε adwuma ama wᴐn. Na wo Wura Nyankopͻn ahummͻborͻ no yε kyεn (wiase ahonyadeε a) wͻreboaboa ano no. info
التفاسير:

external-link copy
33 : 43

وَلَوۡلَآ أَن يَكُونَ ٱلنَّاسُ أُمَّةٗ وَٰحِدَةٗ لَّجَعَلۡنَا لِمَن يَكۡفُرُ بِٱلرَّحۡمَٰنِ لِبُيُوتِهِمۡ سُقُفٗا مِّن فِضَّةٖ وَمَعَارِجَ عَلَيۡهَا يَظۡهَرُونَ

Sε εnyε sε anhwε a nnipa nyinaa abεyε nnipa korͻ (anaasε wͻn nyinaa adwen bεtwe akosi wiase afεεfεdeε so) a, anka Yεbεma wͻn a wͻyi Ahummͻborͻ Hene no boniayε no afie nkurusoͻ ayε dwetε, na n’atwedeε a yεde forͻ no nso (ayε dwetε saa ara), info
التفاسير: