Check out the new design

ಪವಿತ್ರ ಕುರ್‌ಆನ್ ಅರ್ಥಾನುವಾದ - ಅಕಾನ್ ಅನುವಾದ - ಅಶಾಂತಿಯ್ಯ - ಹಾರೂನ್ ಇಸ್ಮಾಯಿಲ್ * - ಅನುವಾದಗಳ ವಿಷಯಸೂಚಿ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

ಅರ್ಥಗಳ ಅನುವಾದ ಅಧ್ಯಾಯ: ಅಝ್ಝುಖ್ರುಫ್   ಶ್ಲೋಕ:
وَكَذَٰلِكَ مَآ أَرۡسَلۡنَا مِن قَبۡلِكَ فِي قَرۡيَةٖ مِّن نَّذِيرٍ إِلَّا قَالَ مُتۡرَفُوهَآ إِنَّا وَجَدۡنَآ ءَابَآءَنَا عَلَىٰٓ أُمَّةٖ وَإِنَّا عَلَىٰٓ ءَاثَٰرِهِم مُّقۡتَدُونَ
Saa ara na kͻkͻbͻni biara a Yɛdii kan somaa no dii w’anim kan wͻ kuro bi soͻ no, emu adefoͻ no kaa sε: “Nokorε sε yεbεtoo y’agyanom wͻ (saa) kwan (yi) so na wͻn anammͻn so na yεdi akyire.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
۞ قَٰلَ أَوَلَوۡ جِئۡتُكُم بِأَهۡدَىٰ مِمَّا وَجَدتُّمۡ عَلَيۡهِ ءَابَآءَكُمۡۖ قَالُوٓاْ إِنَّا بِمَآ أُرۡسِلۡتُم بِهِۦ كَٰفِرُونَ
(Kͻkͻbͻni no) kaa sε: “Na sε mede deε εtene kyεn deε mobεtoo no mo agyanom hͻ no brε mo mpo a?“ Wͻbuaa sε: “Yεdeε yεnnye deε yεde asoma mo no nni “.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
فَٱنتَقَمۡنَا مِنۡهُمۡۖ فَٱنظُرۡ كَيۡفَ كَانَ عَٰقِبَةُ ٱلۡمُكَذِّبِينَ
Enti Yɛtuaa wͻn so ka; na hwε sεdeε wͻn a wͻannye (Nokorε no) annie no awieeε si wieeε.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
وَإِذۡ قَالَ إِبۡرَٰهِيمُ لِأَبِيهِ وَقَوۡمِهِۦٓ إِنَّنِي بَرَآءٞ مِّمَّا تَعۡبُدُونَ
Kae εberε a Abraham ka kyerεε n’agya ne nenkorͻfoͻ no sε: ”Medeε matwe me ho afiri deε mosom no ho.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
إِلَّا ٱلَّذِي فَطَرَنِي فَإِنَّهُۥ سَيَهۡدِينِ
Gyesε Nea Ɔbͻͻ me, efirisε Ɔno na Ɔbεkyerε me kwan.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
وَجَعَلَهَا كَلِمَةَۢ بَاقِيَةٗ فِي عَقِبِهِۦ لَعَلَّهُمۡ يَرۡجِعُونَ
Ɔyεε (saa kasa) no nsɛnnahɔ demaa nenkyiri mma sεdeε wͻbεsan (akͻ mu).
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
بَلۡ مَتَّعۡتُ هَٰٓؤُلَآءِ وَءَابَآءَهُمۡ حَتَّىٰ جَآءَهُمُ ٱلۡحَقُّ وَرَسُولٞ مُّبِينٞ
Aane, Memaa saa nkorͻfoͻ no ne wͻn agyanom gyee wͻn ani kͻpem sε Nokorε no ne Ɔsomafoͻ a ͻda (nsεm no) adi pefee no baa wͻn hͻ.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
وَلَمَّا جَآءَهُمُ ٱلۡحَقُّ قَالُواْ هَٰذَا سِحۡرٞ وَإِنَّا بِهِۦ كَٰفِرُونَ
Ɛberε a Nokorε no baeε no wͻkaa sε : “Wei deε εyε nkonyaa anaa naadaasεm, na yεn deε yεnye nni“.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
وَقَالُواْ لَوۡلَا نُزِّلَ هَٰذَا ٱلۡقُرۡءَانُ عَلَىٰ رَجُلٖ مِّنَ ٱلۡقَرۡيَتَيۡنِ عَظِيمٍ
Deε wͻka ne sε: “Adεn nti na yɛansane saa Qur’aan yi amma onipa a odi mu wͻ nkuro mmienu no mu (Maka ne Taif)?
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
أَهُمۡ يَقۡسِمُونَ رَحۡمَتَ رَبِّكَۚ نَحۡنُ قَسَمۡنَا بَيۡنَهُم مَّعِيشَتَهُمۡ فِي ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَاۚ وَرَفَعۡنَا بَعۡضَهُمۡ فَوۡقَ بَعۡضٖ دَرَجَٰتٖ لِّيَتَّخِذَ بَعۡضُهُم بَعۡضٗا سُخۡرِيّٗاۗ وَرَحۡمَتُ رَبِّكَ خَيۡرٞ مِّمَّا يَجۡمَعُونَ
Wͻn na wͻkyekyε wo Wura Nyankopͻn Ahummͻborͻ no? Yεn na Yεkyekyε wͻn wiase asetena mu akͻnhoma no mu ma wͻn, εna Yεpagya ebinom kyεn ebinom wͻ gyinaberε mu sεdeε ebinom bεfa ebinom ama wᴐn ayε adwuma ama wᴐn. Na wo Wura Nyankopͻn ahummͻborͻ no yε kyεn (wiase ahonyadeε a) wͻreboaboa ano no.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
وَلَوۡلَآ أَن يَكُونَ ٱلنَّاسُ أُمَّةٗ وَٰحِدَةٗ لَّجَعَلۡنَا لِمَن يَكۡفُرُ بِٱلرَّحۡمَٰنِ لِبُيُوتِهِمۡ سُقُفٗا مِّن فِضَّةٖ وَمَعَارِجَ عَلَيۡهَا يَظۡهَرُونَ
Sε εnyε sε anhwε a nnipa nyinaa abεyε nnipa korͻ (anaasε wͻn nyinaa adwen bεtwe akosi wiase afεεfεdeε so) a, anka Yεbεma wͻn a wͻyi Ahummͻborͻ Hene no boniayε no afie nkurusoͻ ayε dwetε, na n’atwedeε a yεde forͻ no nso (ayε dwetε saa ara),
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
 
ಅರ್ಥಗಳ ಅನುವಾದ ಅಧ್ಯಾಯ: ಅಝ್ಝುಖ್ರುಫ್
ಅಧ್ಯಾಯಗಳ ವಿಷಯಸೂಚಿ ಪುಟ ಸಂಖ್ಯೆ
 
ಪವಿತ್ರ ಕುರ್‌ಆನ್ ಅರ್ಥಾನುವಾದ - ಅಕಾನ್ ಅನುವಾದ - ಅಶಾಂತಿಯ್ಯ - ಹಾರೂನ್ ಇಸ್ಮಾಯಿಲ್ - ಅನುವಾದಗಳ ವಿಷಯಸೂಚಿ

ಅನುವಾದ - ಶೈಖ್ ಹಾರೂನ್ ಇಸ್ಮಾಯಿಲ್

ಮುಚ್ಚಿ