Check out the new design

د قرآن کریم د معناګانو ژباړه - اکاني ژباړه - اشانتي - هارون اسماعیل * - د ژباړو فهرست (لړلیک)

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

د معناګانو ژباړه سورت: روم   آیت:
قُلۡ سِيرُواْ فِي ٱلۡأَرۡضِ فَٱنظُرُواْ كَيۡفَ كَانَ عَٰقِبَةُ ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلُۚ كَانَ أَكۡثَرُهُم مُّشۡرِكِينَ
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Montu kwan wͻ asaase no so na monhwε sεdeε wͻn a wͻdii kan no awieε si wieε”. Na wͻn mu dodoͻ no ara yε (nnipa) a wͻde biribi bata Nyankopͻn ho.
عربي تفسیرونه:
فَأَقِمۡ وَجۡهَكَ لِلدِّينِ ٱلۡقَيِّمِ مِن قَبۡلِ أَن يَأۡتِيَ يَوۡمٞ لَّا مَرَدَّ لَهُۥ مِنَ ٱللَّهِۖ يَوۡمَئِذٖ يَصَّدَّعُونَ
Enti fa w’ani kyerε ͻsom (Islam) a εtenee na edi mmu na esi pi no, ansa na Ɛda a efri Nyankopͻn hͻ no a (obiara) ntumi nsi ho kwan no aba. Saa Da no yεbεkyekyε wͻn mu akuo akuo.
عربي تفسیرونه:
مَن كَفَرَ فَعَلَيۡهِ كُفۡرُهُۥۖ وَمَنۡ عَمِلَ صَٰلِحٗا فَلِأَنفُسِهِمۡ يَمۡهَدُونَ
Obi a ͻbɛyi boniayε no, ne boniayε no da ͻno ara so, na obi a ͻbɛdi dwuma pa no, wͻn kraa na wͻresiesie (asetena pa) ama no.
عربي تفسیرونه:
لِيَجۡزِيَ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ مِن فَضۡلِهِۦٓۚ إِنَّهُۥ لَا يُحِبُّ ٱلۡكَٰفِرِينَ
Sεdeε ͻbɛfiri N’adom mu atua wͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa no ka. Nokorε sε Nyankopͻn mpε boniayεfoͻ no asεm.
عربي تفسیرونه:
وَمِنۡ ءَايَٰتِهِۦٓ أَن يُرۡسِلَ ٱلرِّيَاحَ مُبَشِّرَٰتٖ وَلِيُذِيقَكُم مِّن رَّحۡمَتِهِۦ وَلِتَجۡرِيَ ٱلۡفُلۡكُ بِأَمۡرِهِۦ وَلِتَبۡتَغُواْ مِن فَضۡلِهِۦ وَلَعَلَّكُمۡ تَشۡكُرُونَ
Ne nsεnkyerεnee no nso mu bi ne sε, Ɔsoma mframa sε anigyesεm sεdeε Ɔbεma mo aka N’ahummͻborͻ no mu bi ahwε, ne sεdeε nsuom hyεn bɛtumi anante wͻ N’ahyεdeε mu, ne sεdeε mo bεhwehwε N’adom na mobɛyi ayε.
عربي تفسیرونه:
وَلَقَدۡ أَرۡسَلۡنَا مِن قَبۡلِكَ رُسُلًا إِلَىٰ قَوۡمِهِمۡ فَجَآءُوهُم بِٱلۡبَيِّنَٰتِ فَٱنتَقَمۡنَا مِنَ ٱلَّذِينَ أَجۡرَمُواْۖ وَكَانَ حَقًّا عَلَيۡنَا نَصۡرُ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ
Ampa sε, Yedii kan somaa asomafoͻ dii w’anim kan maa wͻkͻͻ wͻn nkorͻfoͻ hͻ. Wͻde nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee brεε wͻn; na Yɛtuaa wͻn a wͻdii bͻne no so ka. Ԑyε Y’asεdeԑ sε Yεboa agyidiefoͻ no.
عربي تفسیرونه:
ٱللَّهُ ٱلَّذِي يُرۡسِلُ ٱلرِّيَٰحَ فَتُثِيرُ سَحَابٗا فَيَبۡسُطُهُۥ فِي ٱلسَّمَآءِ كَيۡفَ يَشَآءُ وَيَجۡعَلُهُۥ كِسَفٗا فَتَرَى ٱلۡوَدۡقَ يَخۡرُجُ مِنۡ خِلَٰلِهِۦۖ فَإِذَآ أَصَابَ بِهِۦ مَن يَشَآءُ مِنۡ عِبَادِهِۦٓ إِذَا هُمۡ يَسۡتَبۡشِرُونَ
Nyankopͻn na Ɔsoma mframa ma no kͻ kanyan mununkum na Watrε mu wͻ soro sεdeε Ɔpε, afei na Wayε no asinasin a εtaataa soͻ, afei wobɛhunu sε nsuo firi (mununkum) no mfifii reba. Sε Ɔma no tͻ gu Ne nkoa no mu wͻn a Ɔpε so a, wobɛhunu sε wͻn ani agyeε.
عربي تفسیرونه:
وَإِن كَانُواْ مِن قَبۡلِ أَن يُنَزَّلَ عَلَيۡهِم مِّن قَبۡلِهِۦ لَمُبۡلِسِينَ
Na nsuo no nnya nntͻ mmaa wͻn no, na wͻn abamu adikan abu ansa na nsuo no retͻ.
عربي تفسیرونه:
فَٱنظُرۡ إِلَىٰٓ ءَاثَٰرِ رَحۡمَتِ ٱللَّهِ كَيۡفَ يُحۡيِ ٱلۡأَرۡضَ بَعۡدَ مَوۡتِهَآۚ إِنَّ ذَٰلِكَ لَمُحۡيِ ٱلۡمَوۡتَىٰۖ وَهُوَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٞ
Enti hwε sεdeε Nyankopͻn nsεnkyerεnee no si yε, sεdeε ɛsi nyane asaase wͻ ne wuo akyi. Nokorε sε saa ara na Ɔbɛnyane awufoͻ no. Ͻno na Ͻwͻ biribiara so tumi.
عربي تفسیرونه:
 
د معناګانو ژباړه سورت: روم
د سورتونو فهرست (لړلیک) د مخ نمبر
 
د قرآن کریم د معناګانو ژباړه - اکاني ژباړه - اشانتي - هارون اسماعیل - د ژباړو فهرست (لړلیک)

د شیخ هارون اسماعیل لخوا ژباړل شوی.

بندول