Check out the new design

د قرآن کریم د معناګانو ژباړه - اکاني ژباړه - اشانتي - هارون اسماعیل * - د ژباړو فهرست (لړلیک)

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

د معناګانو ژباړه سورت: روم   آیت:
وَلَئِنۡ أَرۡسَلۡنَا رِيحٗا فَرَأَوۡهُ مُصۡفَرّٗا لَّظَلُّواْ مِنۢ بَعۡدِهِۦ يَكۡفُرُونَ
Sε Yεsoma mframa (a εsεe wͻn mfudeε no), na wͻhunu sε (wͻn mfudeε no) aboto wͻ akyire yi (a nsupa tͻ maa wͻn mfudeε yεε fεfεεfε no a) wͻyi boniayε.
عربي تفسیرونه:
فَإِنَّكَ لَا تُسۡمِعُ ٱلۡمَوۡتَىٰ وَلَا تُسۡمِعُ ٱلصُّمَّ ٱلدُّعَآءَ إِذَا وَلَّوۡاْ مُدۡبِرِينَ
Enti (Nkͻmhyεni), wontumi mma awufoͻ nte asεm, na wontumi nso mma asosifoͻ nte frε no wͻ abrε a wͻadane wͻn akyi ama rekͻ.
عربي تفسیرونه:
وَمَآ أَنتَ بِهَٰدِ ٱلۡعُمۡيِ عَن ضَلَٰلَتِهِمۡۖ إِن تُسۡمِعُ إِلَّا مَن يُؤۡمِنُ بِـَٔايَٰتِنَا فَهُم مُّسۡلِمُونَ
Wontumi nkyerε anifirafoͻ nso kwan mfri wͻn yera no mu. Nea wobɛtumi ama no ate ne obi a ͻgye Yεn nsεm no die na wͻyε Muslim (brε wͻn ho ase ma Nyankopͻn).
عربي تفسیرونه:
۞ ٱللَّهُ ٱلَّذِي خَلَقَكُم مِّن ضَعۡفٖ ثُمَّ جَعَلَ مِنۢ بَعۡدِ ضَعۡفٖ قُوَّةٗ ثُمَّ جَعَلَ مِنۢ بَعۡدِ قُوَّةٖ ضَعۡفٗا وَشَيۡبَةٗۚ يَخۡلُقُ مَا يَشَآءُۚ وَهُوَ ٱلۡعَلِيمُ ٱلۡقَدِيرُ
Nyankopͻn na Ɔbͻͻ mo wͻ εberε a na moyε mmrε (tesε nkͻdaa a na monni ahoͻden), εna mo mmrε yε akyiri no Ͻmaa mo ahoͻden, εna ahoͻden no akyiri no (Ɔma mo san) yε mmrε fu dwono (bͻ nkͻkora posoposo). Ɔbͻ deε Ɔpε. Ɔne Onimdefoͻ no, Ɔne Otumfoͻ no.
عربي تفسیرونه:
وَيَوۡمَ تَقُومُ ٱلسَّاعَةُ يُقۡسِمُ ٱلۡمُجۡرِمُونَ مَا لَبِثُواْ غَيۡرَ سَاعَةٖۚ كَذَٰلِكَ كَانُواْ يُؤۡفَكُونَ
Ɛda a Dͻnhwere no bɛsie no, abͻneεfoͻ no bɛdi nse sε: Wͻtenaa (wiase) bεyε sε dͻnhwere baako pε bi. Saa ara na na wͻdane wͻn ho firi kwan pa no so, di atorͻ, yε nneεma a εmfata.
عربي تفسیرونه:
وَقَالَ ٱلَّذِينَ أُوتُواْ ٱلۡعِلۡمَ وَٱلۡإِيمَٰنَ لَقَدۡ لَبِثۡتُمۡ فِي كِتَٰبِ ٱللَّهِ إِلَىٰ يَوۡمِ ٱلۡبَعۡثِۖ فَهَٰذَا يَوۡمُ ٱلۡبَعۡثِ وَلَٰكِنَّكُمۡ كُنتُمۡ لَا تَعۡلَمُونَ
Wͻn a yɛama wͻn nimdeε ne gyidie no nso bεka sε: “Motenaa (nna dodoͻ) sεdeε Nyankopͻn ahyehyε, de kosii Wusͻreε da no; enti εnnε ne Wusͻreε da no, nanso modeε monnim”.
عربي تفسیرونه:
فَيَوۡمَئِذٖ لَّا يَنفَعُ ٱلَّذِينَ ظَلَمُواْ مَعۡذِرَتُهُمۡ وَلَا هُمۡ يُسۡتَعۡتَبُونَ
Enti saa Da no deε, wͻn a wͻdi bͻne no kyεwpa no ho mma mfasoͻ, na yεmma wͻn kwan (sε wͻbεpa kyεw) anaasε wͻbεsrε bͻnefakyε.
عربي تفسیرونه:
وَلَقَدۡ ضَرَبۡنَا لِلنَّاسِ فِي هَٰذَا ٱلۡقُرۡءَانِ مِن كُلِّ مَثَلٖۚ وَلَئِن جِئۡتَهُم بِـَٔايَةٖ لَّيَقُولَنَّ ٱلَّذِينَ كَفَرُوٓاْ إِنۡ أَنتُمۡ إِلَّا مُبۡطِلُونَ
Ampa sε Yɛayε mfatoho ahodoͻ pii wͻ saa Qur’aan yi mu ama adasamma. Nanso sε wode nsεnkyerεnee bi brε wͻn a, nokorε sε wͻn a wͻyi boniayԑ no bεka sε: ”Moyε nkontompofoͻ “.
عربي تفسیرونه:
كَذَٰلِكَ يَطۡبَعُ ٱللَّهُ عَلَىٰ قُلُوبِ ٱلَّذِينَ لَا يَعۡلَمُونَ
Saa ara na Nyankopͻn si wͻn a wͻnnim no akoma.
عربي تفسیرونه:
فَٱصۡبِرۡ إِنَّ وَعۡدَ ٱللَّهِ حَقّٞۖ وَلَا يَسۡتَخِفَّنَّكَ ٱلَّذِينَ لَا يُوقِنُونَ
Enti (Nkͻmhyεni), si aboterε. Nokorε sε Nyankopͻn bͻhyε no yε nokorε; na εmma wͻn a wͻn adwen nnsi wͻn pie no mmͻ wo ngu anaasε wͻmmu w’aba mu.
عربي تفسیرونه:
 
د معناګانو ژباړه سورت: روم
د سورتونو فهرست (لړلیک) د مخ نمبر
 
د قرآن کریم د معناګانو ژباړه - اکاني ژباړه - اشانتي - هارون اسماعیل - د ژباړو فهرست (لړلیک)

د شیخ هارون اسماعیل لخوا ژباړل شوی.

بندول