Check out the new design

د قرآن کریم د معناګانو ژباړه - اکاني ژباړه - اشانتي - هارون اسماعیل * - د ژباړو فهرست (لړلیک)

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

د معناګانو ژباړه سورت: مزمل   آیت:

Al-Muzammil

يَٰٓأَيُّهَا ٱلۡمُزَّمِّلُ
Wo a wode bomo anaa ntoma akata wo ho,
عربي تفسیرونه:
قُمِ ٱلَّيۡلَ إِلَّا قَلِيلٗا
Sͻre anadwo (bͻ mpaeε), na fa (εberε) kakraabi (da gye w'ahome).
عربي تفسیرونه:
نِّصۡفَهُۥٓ أَوِ ٱنقُصۡ مِنۡهُ قَلِيلًا
Fa anadwo no mu fa (bͻ mpaeε), anaasε te (εberε) no so kakra,
عربي تفسیرونه:
أَوۡ زِدۡ عَلَيۡهِ وَرَتِّلِ ٱلۡقُرۡءَانَ تَرۡتِيلًا
Anaasε fa (εberε no) bi ka ho; na fa ntooboaseε kenkan Qur’aan no sεdeε ɛfata ma ԑho nte.
عربي تفسیرونه:
إِنَّا سَنُلۡقِي عَلَيۡكَ قَوۡلٗا ثَقِيلًا
Nokorε sε, Yεde asεm a, emu yε duro paa bεma wo.
عربي تفسیرونه:
إِنَّ نَاشِئَةَ ٱلَّيۡلِ هِيَ أَشَدُّ وَطۡـٔٗا وَأَقۡوَمُ قِيلًا
Nokorε sε, anadwo berε mpaebͻ (Tahajud) no emu yε du, etu awͻse, na εma asεm no nso kͻ (onipa no mu) anaasε εma no te asεm no ase yie.
عربي تفسیرونه:
إِنَّ لَكَ فِي ٱلنَّهَارِ سَبۡحٗا طَوِيلٗا
Nokorɛ, adekyeɛ no mu deɛ, mmerɛ tenten wɔ hɔ ma wo a wobɛtumi de adi wo dwuma.
عربي تفسیرونه:
وَٱذۡكُرِ ٱسۡمَ رَبِّكَ وَتَبَتَّلۡ إِلَيۡهِ تَبۡتِيلٗا
Na bͻ wo Wura Nyankopͻn abodin, na fa wo ho ma no kora-kora-kora.
عربي تفسیرونه:
رَّبُّ ٱلۡمَشۡرِقِ وَٱلۡمَغۡرِبِ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَ فَٱتَّخِذۡهُ وَكِيلٗا
Apueε ne Atͻeε Wura ne no, Awurade foforͻ biara nni hͻ ka ne ho, enti fa no yε wo Kyitaafoͻ.
عربي تفسیرونه:
وَٱصۡبِرۡ عَلَىٰ مَا يَقُولُونَ وَٱهۡجُرۡهُمۡ هَجۡرٗا جَمِيلٗا
Na si aboterε wͻ deε wͻrekeka no ho, na fa kwan pa so twe wo ho firi wͻn ho.
عربي تفسیرونه:
وَذَرۡنِي وَٱلۡمُكَذِّبِينَ أُوْلِي ٱلنَّعۡمَةِ وَمَهِّلۡهُمۡ قَلِيلًا
Na gyae Mene wͻn a, wͻfa no atorᴐsԑm no, wͻn a wͻanya wͻn ho no; na wodeε to wobo ase ma wͻn kakra.
عربي تفسیرونه:
إِنَّ لَدَيۡنَآ أَنكَالٗا وَجَحِيمٗا
Nokorε sε, Yεn hͻ na dadewεnfoͻ ne Amanehunu gya wͻ,
عربي تفسیرونه:
وَطَعَامٗا ذَا غُصَّةٖ وَعَذَابًا أَلِيمٗا
Ɛne aduane a, ehia anaa etwi (onipa mene mu) ne asotwee a εyε ya paa (no nso wͻ).
عربي تفسیرونه:
يَوۡمَ تَرۡجُفُ ٱلۡأَرۡضُ وَٱلۡجِبَالُ وَكَانَتِ ٱلۡجِبَالُ كَثِيبٗا مَّهِيلًا
Ɛda no a asaase ne mmepͻ bεwoso nwoso kεseε no, mmepͻ no bεyε sε anwea a yaboa ano na εredwirie.
عربي تفسیرونه:
إِنَّآ أَرۡسَلۡنَآ إِلَيۡكُمۡ رَسُولٗا شَٰهِدًا عَلَيۡكُمۡ كَمَآ أَرۡسَلۡنَآ إِلَىٰ فِرۡعَوۡنَ رَسُولٗا
Nokorε sε, Yɛasoma Ɔsomafoͻ aba mo nkyεn a ͻrebɛdi mo ho adanseε, sεdeε Yεsomaa Ɔsomafoͻ (Mose) kͻͻ Farao hͻ no,
عربي تفسیرونه:
فَعَصَىٰ فِرۡعَوۡنُ ٱلرَّسُولَ فَأَخَذۡنَٰهُ أَخۡذٗا وَبِيلٗا
Nanso Farao yεε asoͻden tiaa Ɔsomafoͻ (Mose), enti Yεsͻͻ no mu nsͻdene.
عربي تفسیرونه:
فَكَيۡفَ تَتَّقُونَ إِن كَفَرۡتُمۡ يَوۡمٗا يَجۡعَلُ ٱلۡوِلۡدَٰنَ شِيبًا
Sε moannye Ɛda a εbεma nkͻdaa afu dwono no anni a, sεn na mobɛsi abͻ mo ho ban (wͻ saa Da no a)-
عربي تفسیرونه:
ٱلسَّمَآءُ مُنفَطِرُۢ بِهِۦۚ كَانَ وَعۡدُهُۥ مَفۡعُولًا
Ɔsoro bɛsunsuan asin-asin wͻ mu no? Nyankopͻn bͻhyε deε εyε hͻ.
عربي تفسیرونه:
إِنَّ هَٰذِهِۦ تَذۡكِرَةٞۖ فَمَن شَآءَ ٱتَّخَذَ إِلَىٰ رَبِّهِۦ سَبِيلًا
Nokorε sε, woi yε Afutusεm, enti obi a ͻpε no ͻnfa kwan a εkͻ ne Wura Nyankopͻn hͻ no so.
عربي تفسیرونه:
 
د معناګانو ژباړه سورت: مزمل
د سورتونو فهرست (لړلیک) د مخ نمبر
 
د قرآن کریم د معناګانو ژباړه - اکاني ژباړه - اشانتي - هارون اسماعیل - د ژباړو فهرست (لړلیک)

د شیخ هارون اسماعیل لخوا ژباړل شوی.

بندول