Check out the new design

Ibisobanuro bya qoran ntagatifu - Ibisobanuro bya Qur'an Ntagatifu mu rurimi rw'iki Akan - Ashanti - Haroun Ismaeel. * - Ishakiro ry'ibisobanuro

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Ibisobanuro by'amagambo Isura: Al An’am   Umurongo:
ذَٰلِكَ أَن لَّمۡ يَكُن رَّبُّكَ مُهۡلِكَ ٱلۡقُرَىٰ بِظُلۡمٖ وَأَهۡلُهَا غَٰفِلُونَ
Ɛne sε, wo Wura Nyankopͻn mfa bͻne nsεe kuro bi aberε a (kuro no) mu foͻ no nnnim (Nyankopͻn mmra).
Ibisobanuro by'icyarabu:
وَلِكُلّٖ دَرَجَٰتٞ مِّمَّا عَمِلُواْۚ وَمَا رَبُّكَ بِغَٰفِلٍ عَمَّا يَعۡمَلُونَ
Obiara wͻ gyinaberε anaa abaso bͻdeε (a yεde bεbͻ no) wͻ dwuma a odiiε ho ­. Na wo Wura Nyankopͻn mmuu n’ani nguu dwuma a wͻ’die no so.
Ibisobanuro by'icyarabu:
وَرَبُّكَ ٱلۡغَنِيُّ ذُو ٱلرَّحۡمَةِۚ إِن يَشَأۡ يُذۡهِبۡكُمۡ وَيَسۡتَخۡلِفۡ مِنۢ بَعۡدِكُم مَّا يَشَآءُ كَمَآ أَنشَأَكُم مِّن ذُرِّيَّةِ قَوۡمٍ ءَاخَرِينَ
Wo Wura Nyankopͻn deε W’anya Neho (Onhia obiara hwee), Ahummͻborͻ ahyε no mma; sε Ɔpε a anka Ɔbeyi mo afri hͻ, na moakyi no Ɔde deε Ɔpε abεhyε moanan mu sεdeε Ɔbͻͻ mo fri amanfoͻ bi asefoͻ mu no.
Ibisobanuro by'icyarabu:
إِنَّ مَا تُوعَدُونَ لَأٓتٖۖ وَمَآ أَنتُم بِمُعۡجِزِينَ
Nokorε sε deε yahyε mo ho bͻ no reba ampa; na monntumi nnnsi ho kwan.
Ibisobanuro by'icyarabu:
قُلۡ يَٰقَوۡمِ ٱعۡمَلُواْ عَلَىٰ مَكَانَتِكُمۡ إِنِّي عَامِلٞۖ فَسَوۡفَ تَعۡلَمُونَ مَن تَكُونُ لَهُۥ عَٰقِبَةُ ٱلدَّارِۚ إِنَّهُۥ لَا يُفۡلِحُ ٱلظَّٰلِمُونَ
(Nkͻmhyεni), ka sε: ‘’Menkorͻfoͻ, modeε monyε moadwuma sεdeε moamamerε kyerε, menso mereyε dwuma (sεdeε Nyankopͻn ahyε me), na mobehunu yεn mu nea ͻbenya awieε pa wͻ Daakye. Nokorε sε, abͻneεfoͻ no deε wͻ’nni nkonim.
Ibisobanuro by'icyarabu:
وَجَعَلُواْ لِلَّهِ مِمَّا ذَرَأَ مِنَ ٱلۡحَرۡثِ وَٱلۡأَنۡعَٰمِ نَصِيبٗا فَقَالُواْ هَٰذَا لِلَّهِ بِزَعۡمِهِمۡ وَهَٰذَا لِشُرَكَآئِنَاۖ فَمَا كَانَ لِشُرَكَآئِهِمۡ فَلَا يَصِلُ إِلَى ٱللَّهِۖ وَمَا كَانَ لِلَّهِ فَهُوَ يَصِلُ إِلَىٰ شُرَكَآئِهِمۡۗ سَآءَ مَا يَحۡكُمُونَ
Wͻ’yi deε wͻn adua wͻ mfuo mu no, ne nyεmmoa a Ɔno na Ɔbͻeε no mu kyεfa bi ma Nyankopͻn ka sε: ‘’Woi wͻ Nyankopͻn sεdeε wͻn adwen kyerε wͻn no, na woi nso wͻ wͻn a yε’de wͻn bata (Nyankopͻn) ho no”. Deε εwͻ deε wͻ’de bata (Nyankopͻn) ho no nnuru Nyankopͻn hͻ; εna deε εwͻ Nyankopͻn no deε eduru deε wͻ’de bata (Nyankopͻn) ho no hͻ. Atεmmuo bͻne paa na wͻ’rebuo no.
Ibisobanuro by'icyarabu:
وَكَذَٰلِكَ زَيَّنَ لِكَثِيرٖ مِّنَ ٱلۡمُشۡرِكِينَ قَتۡلَ أَوۡلَٰدِهِمۡ شُرَكَآؤُهُمۡ لِيُرۡدُوهُمۡ وَلِيَلۡبِسُواْ عَلَيۡهِمۡ دِينَهُمۡۖ وَلَوۡ شَآءَ ٱللَّهُ مَا فَعَلُوهُۖ فَذَرۡهُمۡ وَمَا يَفۡتَرُونَ
Saa ara na deε wͻ’de abata Nyankopͻn ho no, ayε ama mma kunkum ayε abosomsomfoͻ no mu pii fε, sεdeε wͻ’de wͻn bεkͻ ͻsεeε mu, na wͻn ama wͻn adwen ayε basaa wͻ wͻn som no ho. Sε Nyankopͻn pε a, anka (abosomsomfoͻ no) nnyε saa. Enti (Nkͻmhyεni) gyae wͻn, ne wͻn atorͻsεm a wͻ’die no.
Ibisobanuro by'icyarabu:
 
Ibisobanuro by'amagambo Isura: Al An’am
Urutonde rw'amasura numero y'urupapuro
 
Ibisobanuro bya qoran ntagatifu - Ibisobanuro bya Qur'an Ntagatifu mu rurimi rw'iki Akan - Ashanti - Haroun Ismaeel. - Ishakiro ry'ibisobanuro

byasobanuwe na Sheikh Haroun Ismaeel.

Gufunga