Check out the new design

Ibisobanuro bya qoran ntagatifu - Ibisobanuro bya Qur'an Ntagatifu mu rurimi rw'iki Akan - Ashanti - Haroun Ismaeel. * - Ishakiro ry'ibisobanuro

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Ibisobanuro by'amagambo Isura: Al An’am   Umurongo:
بَلۡ بَدَا لَهُم مَّا كَانُواْ يُخۡفُونَ مِن قَبۡلُۖ وَلَوۡ رُدُّواْ لَعَادُواْ لِمَا نُهُواْ عَنۡهُ وَإِنَّهُمۡ لَكَٰذِبُونَ
Daabi, deε kane no na wͻ’de asuma no ada adi akyerε wͻn. Sε wͻ'san ba (wiase) bio mpo a wͻ’bεsan akͻ deε yε’braa wͻn no ara so (akͻyε). Nokorε sε wͻ’yε nkontompofoͻ.
Ibisobanuro by'icyarabu:
وَقَالُوٓاْ إِنۡ هِيَ إِلَّا حَيَاتُنَا ٱلدُّنۡيَا وَمَا نَحۡنُ بِمَبۡعُوثِينَ
Deε wͻ’ka ne sε: “Asetena no ara ne yεn wiase ha ara, na εmma sε yε benyane yεn (wͻ yewuo akyi.)“.
Ibisobanuro by'icyarabu:
وَلَوۡ تَرَىٰٓ إِذۡ وُقِفُواْ عَلَىٰ رَبِّهِمۡۚ قَالَ أَلَيۡسَ هَٰذَا بِٱلۡحَقِّۚ قَالُواْ بَلَىٰ وَرَبِّنَاۚ قَالَ فَذُوقُواْ ٱلۡعَذَابَ بِمَا كُنتُمۡ تَكۡفُرُونَ
(Nkͻmhyεni), sε anka worehunu (sεdeε wͻ’besi ayε) wͻ berε a yεde wͻn begyina wͻn Wura Nyankopͻn anim no a. Nyankopͻn bεka sε: “(Wusͻreε) woi nyε nokorε?” Wͻ’bεka sε: “Aane. “Yεdͻ yeWura (Nyankopͻn)!” Nyankopͻn bεka akyerε wͻn sε: “Monka asotwee no nhwε, εnam sε moanye anni nti“.
Ibisobanuro by'icyarabu:
قَدۡ خَسِرَ ٱلَّذِينَ كَذَّبُواْ بِلِقَآءِ ٱللَّهِۖ حَتَّىٰٓ إِذَا جَآءَتۡهُمُ ٱلسَّاعَةُ بَغۡتَةٗ قَالُواْ يَٰحَسۡرَتَنَا عَلَىٰ مَا فَرَّطۡنَا فِيهَا وَهُمۡ يَحۡمِلُونَ أَوۡزَارَهُمۡ عَلَىٰ ظُهُورِهِمۡۚ أَلَا سَآءَ مَا يَزِرُونَ
Ampa sε, wͻn a wͻ’nnye nni sε wͻ’ne Nyankopͻn behyia mu no aberε agu dekosi sε (Owuo) dͻnhwere no bεba wͻn so mpofirem. (Saa Da no) wͻ’bεka sε: ‘’Y’εbͻ ye’tri so sε Yebuu Y’ani guu soͻ’’ na wͻ’bεsoa wͻn adesoa wͻ wͻn akyi. Ԑyε adesoa bͻne paa na wͻ’bεsoa no.
Ibisobanuro by'icyarabu:
وَمَا ٱلۡحَيَوٰةُ ٱلدُّنۡيَآ إِلَّا لَعِبٞ وَلَهۡوٞۖ وَلَلدَّارُ ٱلۡأٓخِرَةُ خَيۡرٞ لِّلَّذِينَ يَتَّقُونَۚ أَفَلَا تَعۡقِلُونَ
Wiase asetena yi deε εyε agodie ne ahuhudeε. Daakye fie no na εyε paa dema wͻn a wͻ’suro Nyankopͻn. Enti monni nteaseε?
Ibisobanuro by'icyarabu:
قَدۡ نَعۡلَمُ إِنَّهُۥ لَيَحۡزُنُكَ ٱلَّذِي يَقُولُونَۖ فَإِنَّهُمۡ لَا يُكَذِّبُونَكَ وَلَٰكِنَّ ٱلظَّٰلِمِينَ بِـَٔايَٰتِ ٱللَّهِ يَجۡحَدُونَ
(Nkͻmhyεni), ampa sε Y’enim sεdeε nsεm a wͻ’rekeka no si fa ha woͻ. Na εnyε wo na wͻ’nnye wo nnie, na mmom Nyankopͻn nsεm no na abͻneεfoͻ no reko tia.
Ibisobanuro by'icyarabu:
وَلَقَدۡ كُذِّبَتۡ رُسُلٞ مِّن قَبۡلِكَ فَصَبَرُواْ عَلَىٰ مَا كُذِّبُواْ وَأُوذُواْ حَتَّىٰٓ أَتَىٰهُمۡ نَصۡرُنَاۚ وَلَا مُبَدِّلَ لِكَلِمَٰتِ ٱللَّهِۚ وَلَقَدۡ جَآءَكَ مِن نَّبَإِيْ ٱلۡمُرۡسَلِينَ
Ampa sε wͻ’buu asomafoͻ a wͻ’dii w’anim kan no atorofoͻ, nanso wͻ’nyaa aboterε wͻ atorͻsεm a wͻ’de too wͻn soͻ, ne aniεyaa a wͻ’hyεε wͻn no ho, kosii sε Y’εmmoa baa wͻn hͻ. Obiara nnihͻ a ͻbetumi asesa Nyankopͻn Asεm (ne ne nhyehyεε). Ampa sε asomafoͻ no nsεm no mu bi aba wo hͻ.
Ibisobanuro by'icyarabu:
وَإِن كَانَ كَبُرَ عَلَيۡكَ إِعۡرَاضُهُمۡ فَإِنِ ٱسۡتَطَعۡتَ أَن تَبۡتَغِيَ نَفَقٗا فِي ٱلۡأَرۡضِ أَوۡ سُلَّمٗا فِي ٱلسَّمَآءِ فَتَأۡتِيَهُم بِـَٔايَةٖۚ وَلَوۡ شَآءَ ٱللَّهُ لَجَمَعَهُمۡ عَلَى ٱلۡهُدَىٰۚ فَلَا تَكُونَنَّ مِنَ ٱلۡجَٰهِلِينَ
(Nkͻmhyεni), sε twe a wͻ’retwe wͻn ho (fri wo ho, ne nsεm a Yε’de asoma woͻ no) ho no na εha woͻ, na sε wobetumi anya tokuro bi wͻ asaase mu (awura mu), anaa atwedeε bi (aforo akͻ) soro na wode nsεnkyerεnee abrε wͻn a-; (na εnyε yie enti si aboterε). Sε Nyakopͻn pε a, anka Ɔbεboa wͻn nyinaa ano wͻ tenenee (kwan) no so. Enti hwε na w’ankͻka abagyimifoͻ no ho.
Ibisobanuro by'icyarabu:
 
Ibisobanuro by'amagambo Isura: Al An’am
Urutonde rw'amasura numero y'urupapuro
 
Ibisobanuro bya qoran ntagatifu - Ibisobanuro bya Qur'an Ntagatifu mu rurimi rw'iki Akan - Ashanti - Haroun Ismaeel. - Ishakiro ry'ibisobanuro

byasobanuwe na Sheikh Haroun Ismaeel.

Gufunga