Përkthimi i kuptimeve të Kuranit Fisnik - الترجمة الأكانية - الأشانتية * - Përmbajtja e përkthimeve

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Përkthimi i kuptimeve Surja: Suretu El Furkan   Ajeti:

Al-Fur’qaan

تَبَارَكَ ٱلَّذِي نَزَّلَ ٱلۡفُرۡقَانَ عَلَىٰ عَبۡدِهِۦ لِيَكُونَ لِلۡعَٰلَمِينَ نَذِيرًا
Nhyira ne Nea Osianee Furqaan (Qur’aan) de maa N’akoa (Muhammad) sεdeε ͻde bεbͻ amansan nyinaa kͻkͻ.
Tefsiret në gjuhën arabe:
ٱلَّذِي لَهُۥ مُلۡكُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَلَمۡ يَتَّخِذۡ وَلَدٗا وَلَمۡ يَكُن لَّهُۥ شَرِيكٞ فِي ٱلۡمُلۡكِ وَخَلَقَ كُلَّ شَيۡءٖ فَقَدَّرَهُۥ تَقۡدِيرٗا
(Otumfoͻ) no a ͻsoro ne asaase so ahennie yε Nedea no; Onni ba na Onni ᴐhokafoͻ biara wͻ N’ahennie no mu, Ɔno na Ɔbͻͻ biribiara εna Wahyehyε nhyehyεε pa paa de ato ho.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَٱتَّخَذُواْ مِن دُونِهِۦٓ ءَالِهَةٗ لَّا يَخۡلُقُونَ شَيۡـٔٗا وَهُمۡ يُخۡلَقُونَ وَلَا يَمۡلِكُونَ لِأَنفُسِهِمۡ ضَرّٗا وَلَا نَفۡعٗا وَلَا يَمۡلِكُونَ مَوۡتٗا وَلَا حَيَوٰةٗ وَلَا نُشُورٗا
Ɛna wͻn afri N’akyi afa anyame a wͻmmͻ hwee, na wͻn ara mpo no yεbͻͻ wͻn, na wͻnni ͻhaw anaasε mfasoͻ bi ho tumi de ma wͻn, na wͻnni owuo anaasε nkwa anaa owusͻreε ho tumi.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَقَالَ ٱلَّذِينَ كَفَرُوٓاْ إِنۡ هَٰذَآ إِلَّآ إِفۡكٌ ٱفۡتَرَىٰهُ وَأَعَانَهُۥ عَلَيۡهِ قَوۡمٌ ءَاخَرُونَۖ فَقَدۡ جَآءُو ظُلۡمٗا وَزُورٗا
Deε wͻn a wͻnnye nie no ka ne sε: ”Woi deε εyε nkontompo, ͻbͻͻ ne trim, nkorͻfoͻ foforͻ bi na aboa no“. Ampa sε (boniayεfoͻ no) de bͻne ne nkontompo paa na aba.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَقَالُوٓاْ أَسَٰطِيرُ ٱلۡأَوَّلِينَ ٱكۡتَتَبَهَا فَهِيَ تُمۡلَىٰ عَلَيۡهِ بُكۡرَةٗ وَأَصِيلٗا
Deԑ wᴐka ne sԑ, tetefoᴐ no anansesԑm na watwerԑ na yԑkenkan kyerԑ no anᴐpa ne anwummerԑ.
Tefsiret në gjuhën arabe:
قُلۡ أَنزَلَهُ ٱلَّذِي يَعۡلَمُ ٱلسِّرَّ فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۚ إِنَّهُۥ كَانَ غَفُورٗا رَّحِيمٗا
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Nea Onim ͻsoro ne asaase so ahuntasεm no na Osiane baeε. Nokorε sε, Ɔne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَقَالُواْ مَالِ هَٰذَا ٱلرَّسُولِ يَأۡكُلُ ٱلطَّعَامَ وَيَمۡشِي فِي ٱلۡأَسۡوَاقِ لَوۡلَآ أُنزِلَ إِلَيۡهِ مَلَكٞ فَيَكُونَ مَعَهُۥ نَذِيرًا
Deε wͻka ne sε: “Ɔsomafoͻ bεn ni na odi aduane, na ͻnenam edwam yi? Adεn nti na yɛnsiane Soro abͻfoͻ mεka ne ho na ͻne no mmͻ kͻkͻ no?”
Tefsiret në gjuhën arabe:
أَوۡ يُلۡقَىٰٓ إِلَيۡهِ كَنزٌ أَوۡ تَكُونُ لَهُۥ جَنَّةٞ يَأۡكُلُ مِنۡهَاۚ وَقَالَ ٱلظَّٰلِمُونَ إِن تَتَّبِعُونَ إِلَّا رَجُلٗا مَّسۡحُورًا
Anaasε (adεn na) yεmma no sika dwetire bi, anaasε turo bi a ɔbɛdidi mu“. Deε abͻneεfoͻ no ka ne sε: “Onipa a konya anya no na moredi n’akyire “.
Tefsiret në gjuhën arabe:
ٱنظُرۡ كَيۡفَ ضَرَبُواْ لَكَ ٱلۡأَمۡثَٰلَ فَضَلُّواْ فَلَا يَسۡتَطِيعُونَ سَبِيلٗا
(Nkͻmhyεni), hwε mfatoho a wͻde susu woͻ, enti wͻn ayera, na wͻntumi nhunu kwan.
Tefsiret në gjuhën arabe:
تَبَارَكَ ٱلَّذِيٓ إِن شَآءَ جَعَلَ لَكَ خَيۡرٗا مِّن ذَٰلِكَ جَنَّٰتٖ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُ وَيَجۡعَل لَّكَ قُصُورَۢا
Nhyira Wura no ne Nea sε Ɔpε a Ɔbεma wo deε εyε kyεn saa (a εne) Aheman a nsubͻnten nenam aseε, na Ɔbεyε abansoroͻ akεseε nso ama wo.
Tefsiret në gjuhën arabe:
بَلۡ كَذَّبُواْ بِٱلسَّاعَةِۖ وَأَعۡتَدۡنَا لِمَن كَذَّبَ بِٱلسَّاعَةِ سَعِيرًا
Daabi, wͻnnye Dͻnhwere no nni; Yɛasiesie Ogya tanaa de ama obia ᴐfa Dͻnhwere no sԑ atorosԑm.
Tefsiret në gjuhën arabe:
إِذَا رَأَتۡهُم مِّن مَّكَانِۭ بَعِيدٖ سَمِعُواْ لَهَا تَغَيُّظٗا وَزَفِيرٗا
Sε (Amane-hunu gya) no hu wͻn wͻ akyirikyiri baabi a, wͻbεte sε εde abufu-hyeε rebobͻ mu na εrepͻ soͻ.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَإِذَآ أُلۡقُواْ مِنۡهَا مَكَانٗا ضَيِّقٗا مُّقَرَّنِينَ دَعَوۡاْ هُنَالِكَ ثُبُورٗا
Sε yεgu wͻn mpokyerε to wͻn gu bea bi a εhͻ kyere (wͻ ogya no mu a), wͻbεsu afrε owuo.
Tefsiret në gjuhën arabe:
لَّا تَدۡعُواْ ٱلۡيَوۡمَ ثُبُورٗا وَٰحِدٗا وَٱدۡعُواْ ثُبُورٗا كَثِيرٗا
“Monhwε na moannsu amfrε owuo prεko pε, na mmom monsu mfrε owuo bebree”
Tefsiret në gjuhën arabe:
قُلۡ أَذَٰلِكَ خَيۡرٌ أَمۡ جَنَّةُ ٱلۡخُلۡدِ ٱلَّتِي وُعِدَ ٱلۡمُتَّقُونَۚ كَانَتۡ لَهُمۡ جَزَآءٗ وَمَصِيرٗا
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Saa (Amane-hunu gya no) na εyε, anaasε Soro aheman no a yԑde ahyε Nyamesurofoͻ no bͻ no a? (Ɛhͻ) bεyε akatua ama wͻn, na (εhͻ) bεyε wͻn nnkyi.
Tefsiret në gjuhën arabe:
لَّهُمۡ فِيهَا مَا يَشَآءُونَ خَٰلِدِينَۚ كَانَ عَلَىٰ رَبِّكَ وَعۡدٗا مَّسۡـُٔولٗا
Deε wͻpε biara bi wͻ hͻ ma wͻn, (εhͻ na) wͻbεtena afe bͻͻ. Woi yε bͻhyε a εwͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ a ɛsɛsɛ yɛbɔ ho mpaeε srε.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَيَوۡمَ يَحۡشُرُهُمۡ وَمَا يَعۡبُدُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ فَيَقُولُ ءَأَنتُمۡ أَضۡلَلۡتُمۡ عِبَادِي هَٰٓؤُلَآءِ أَمۡ هُمۡ ضَلُّواْ ٱلسَّبِيلَ
Ɛda no a Ɔbεboaboa wͻn nyinaa ano, ne wͻn a wͻfirii Nyankopͻn akyi som wͻn (tesε soro abͻfoͻ, akronkronfoͻ, Yesu ne deε ekeka ho no), Nyankopͻn bεka sε: “Mo na moyeraa Me nkoa woinom, anaasε wͻn ara na wͻyera firii ͻkwan (tenenee) no soͻ?”
Tefsiret në gjuhën arabe:
قَالُواْ سُبۡحَٰنَكَ مَا كَانَ يَنۢبَغِي لَنَآ أَن نَّتَّخِذَ مِن دُونِكَ مِنۡ أَوۡلِيَآءَ وَلَٰكِن مَّتَّعۡتَهُمۡ وَءَابَآءَهُمۡ حَتَّىٰ نَسُواْ ٱلذِّكۡرَ وَكَانُواْ قَوۡمَۢا بُورٗا
Wͻbεka sε: “Kronkron Hene ne Wo. Na yɛnni ho kwan sε yɛfiri W’akyi fa akyitaafoͻ, nanso Womaa wͻne wͻn agyanom ahotͻ kͻpem sε wͻn werε firii Afutusεm no, na wͻkͻyεε nnipa a wͻn asopa (anaasε ayerafoͻ} “
Tefsiret në gjuhën arabe:
فَقَدۡ كَذَّبُوكُم بِمَا تَقُولُونَ فَمَا تَسۡتَطِيعُونَ صَرۡفٗا وَلَا نَصۡرٗاۚ وَمَن يَظۡلِم مِّنكُمۡ نُذِقۡهُ عَذَابٗا كَبِيرٗا
Enti (Nyankopͻn bεka sε): “Ampa sε, (wͻn a na mosom wͻn no akyerε sε) nkontomposεm na na mokeka no; na montumi nyi (asotwee no) mfri (mo ho so, na monnya) ͻboafoͻ nso. Momu biara a ͻbεyε bͻne no Yεbεma no aka asotwee a εsoo paa ahwε.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَمَآ أَرۡسَلۡنَا قَبۡلَكَ مِنَ ٱلۡمُرۡسَلِينَ إِلَّآ إِنَّهُمۡ لَيَأۡكُلُونَ ٱلطَّعَامَ وَيَمۡشُونَ فِي ٱلۡأَسۡوَاقِۗ وَجَعَلۡنَا بَعۡضَكُمۡ لِبَعۡضٖ فِتۡنَةً أَتَصۡبِرُونَۗ وَكَانَ رَبُّكَ بَصِيرٗا
(Nkͻmhyεni), asomafoͻ a Yɛdii w’anim kan somaa wͻn no nyinaa nokorԑ sԑ na wͻdi aduane, na wͻnante wͻ dwam. Yɛayε mo mu binom nsᴐhwԑ ama mo mu bi de hwԑ sԑ mobɛsi aboterε anaa? Wo Wura Nyankopͻn deε Ohunu biribiara.
Tefsiret në gjuhën arabe:
۞ وَقَالَ ٱلَّذِينَ لَا يَرۡجُونَ لِقَآءَنَا لَوۡلَآ أُنزِلَ عَلَيۡنَا ٱلۡمَلَٰٓئِكَةُ أَوۡ نَرَىٰ رَبَّنَاۗ لَقَدِ ٱسۡتَكۡبَرُواْ فِيٓ أَنفُسِهِمۡ وَعَتَوۡ عُتُوّٗا كَبِيرٗا
Deε wͻn a wͻnni anidaasoͻ sε wͻne Yεn behyia no keka ne sε: “Adεn nti na yɛnsiane Soro abͻfoͻ ma yεn, anaa yɛnhunu yɛ Wura Nyankopͻn no? Ampa sε wͻn ara ama wͻn ho so, na wͻate atua ama no aboro so kεse.
Tefsiret në gjuhën arabe:
يَوۡمَ يَرَوۡنَ ٱلۡمَلَٰٓئِكَةَ لَا بُشۡرَىٰ يَوۡمَئِذٖ لِّلۡمُجۡرِمِينَ وَيَقُولُونَ حِجۡرٗا مَّحۡجُورٗا
Ɛda a wͻbɛhunu Soro abͻfoͻ no, saa da no εnyε asεmpa mma abͻneεfoͻ no. (Soro abͻfoͻ no) bεka sε: “Moma εhyeε kεseԑ nna (wͻn ne Soro Aheman mu foͻ no ntεm)“
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَقَدِمۡنَآ إِلَىٰ مَا عَمِلُواْ مِنۡ عَمَلٖ فَجَعَلۡنَٰهُ هَبَآءٗ مَّنثُورًا
Yεbεba dwuma biara a (abͻneεfoͻ no) diiε no so, na Yεbεma no ayε sε mfuturo bi a atu ahweteε.
Tefsiret në gjuhën arabe:
أَصۡحَٰبُ ٱلۡجَنَّةِ يَوۡمَئِذٍ خَيۡرٞ مُّسۡتَقَرّٗا وَأَحۡسَنُ مَقِيلٗا
Ɛda no, Soro aheman no mu foͻ no benya asetena pa ne ahomegye bea pa.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَيَوۡمَ تَشَقَّقُ ٱلسَّمَآءُ بِٱلۡغَمَٰمِ وَنُزِّلَ ٱلۡمَلَٰٓئِكَةُ تَنزِيلًا
Ɛda no a mununkum bεma ɔsoro mu adwidwa, na Soro abͻfoͻ besiane siane paa no,
Tefsiret në gjuhën arabe:
ٱلۡمُلۡكُ يَوۡمَئِذٍ ٱلۡحَقُّ لِلرَّحۡمَٰنِۚ وَكَانَ يَوۡمًا عَلَى ٱلۡكَٰفِرِينَ عَسِيرٗا
Saa Da no Ahennie paa no wͻ Ahummͻborͻ Hene no. Saa Da no, εbεyε den ama (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَيَوۡمَ يَعَضُّ ٱلظَّالِمُ عَلَىٰ يَدَيۡهِ يَقُولُ يَٰلَيۡتَنِي ٱتَّخَذۡتُ مَعَ ٱلرَّسُولِ سَبِيلٗا
Saa Da no na (onipa) bͻnefoͻ no bεka ne nsa aka sε: “Mehunui a anka mekaa Ɔsomafoͻ no ho ne no faa kwan (pa) no so.
Tefsiret në gjuhën arabe:
يَٰوَيۡلَتَىٰ لَيۡتَنِي لَمۡ أَتَّخِذۡ فُلَانًا خَلِيلٗا
Ao, Adi ayε me, Mehunui a anka manfa asomasi yͻnkoͻ”.
Tefsiret në gjuhën arabe:
لَّقَدۡ أَضَلَّنِي عَنِ ٱلذِّكۡرِ بَعۡدَ إِذۡ جَآءَنِيۗ وَكَانَ ٱلشَّيۡطَٰنُ لِلۡإِنسَٰنِ خَذُولٗا
“Ampa paa sε wama mayera afri Afutusεm no ho wͻ berε a yεde berεε me no. Ͻbonsam (yε obi a) odi onipa hwammͻ paa”.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَقَالَ ٱلرَّسُولُ يَٰرَبِّ إِنَّ قَوۡمِي ٱتَّخَذُواْ هَٰذَا ٱلۡقُرۡءَانَ مَهۡجُورٗا
Ɔsomafoͻ no nso bεka sε: ”Me Wura Nyankopͻn, nokorε sε, me nkorͻfoͻ no yii wͻn ani frii Qur’aan yi so”
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَكَذَٰلِكَ جَعَلۡنَا لِكُلِّ نَبِيٍّ عَدُوّٗا مِّنَ ٱلۡمُجۡرِمِينَۗ وَكَفَىٰ بِرَبِّكَ هَادِيٗا وَنَصِيرٗا
Saa ara na Yεmaa Nkͻmhyεni biara tamfo wͻ abͻneεfoͻ no mu. Nanso wo Wura Nyankopͻn som bo (ma wo) sε Ɔkwankyerεfoͻ ne Ͻboafoͻ.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَقَالَ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ لَوۡلَا نُزِّلَ عَلَيۡهِ ٱلۡقُرۡءَانُ جُمۡلَةٗ وَٰحِدَةٗۚ كَذَٰلِكَ لِنُثَبِّتَ بِهِۦ فُؤَادَكَۖ وَرَتَّلۡنَٰهُ تَرۡتِيلٗا
Deε wͻn a wͻnnye nnie no ka ne sε: “Adεn nti na yensiane Qur’aan no mmͻ mu mma no prεko?” (Yesiane no saa) sεdeε εbεma w’akoma agyina pintinn, na Yεkenkan (Qur’aan no ma wo) nkakra nkakra, hyehyɛ no pɛpɛɛpɛ.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَلَا يَأۡتُونَكَ بِمَثَلٍ إِلَّا جِئۡنَٰكَ بِٱلۡحَقِّ وَأَحۡسَنَ تَفۡسِيرًا
(Nkͻmhyεni), mfatoho biara a wͻde bεba (abεko atia) woͻ (anaa wͻde bɛsum wo fidie) no, Yεde nokorε no a (wode bɛyi wͻn ano) ne nkyerεkyerεmu pa paa bεberε wo.
Tefsiret në gjuhën arabe:
ٱلَّذِينَ يُحۡشَرُونَ عَلَىٰ وُجُوهِهِمۡ إِلَىٰ جَهَنَّمَ أُوْلَٰٓئِكَ شَرّٞ مَّكَانٗا وَأَضَلُّ سَبِيلٗا
Wͻn a yεbεboa wͻn ano (wͻ Atemmuda ama wͻn anante) wͻ wͻn anim akͻ Amane-hunu gya no mu no, wͻn na wͻn wͻ gyina berε bͻne mu paa, na wͻn na wͻn ayera afri kwan (tenenee) no soͻ.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَلَقَدۡ ءَاتَيۡنَا مُوسَى ٱلۡكِتَٰبَ وَجَعَلۡنَا مَعَهُۥٓ أَخَاهُ هَٰرُونَ وَزِيرٗا
Ampa sε Yεde Nwoma no maa Mose, na Yεde ne nua Aaron kaa ne ho sε ͻboafoͻ anaasε ͻkyeame.
Tefsiret në gjuhën arabe:
فَقُلۡنَا ٱذۡهَبَآ إِلَى ٱلۡقَوۡمِ ٱلَّذِينَ كَذَّبُواْ بِـَٔايَٰتِنَا فَدَمَّرۡنَٰهُمۡ تَدۡمِيرٗا
Yεkaa sε: ”Monkͻ amanfoͻ no a wͻfa Yεn Nsεm no atorᴐsԑm no hͻ. Enti Yεsεee wͻn pasaa.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَقَوۡمَ نُوحٖ لَّمَّا كَذَّبُواْ ٱلرُّسُلَ أَغۡرَقۡنَٰهُمۡ وَجَعَلۡنَٰهُمۡ لِلنَّاسِ ءَايَةٗۖ وَأَعۡتَدۡنَا لِلظَّٰلِمِينَ عَذَابًا أَلِيمٗا
Noa nkorͻfoͻ no nso, εberε a wͻbuu asomafoͻ no atorᴐfoᴐ no, Yεmaa nsuo faa wͻn. Yεde wͻn yεε nsεnkyerεnee anaasε adesua maa adasamma. Abͻneεfoͻ no deε Yɛasiesie asotwee a εyε ya paa ato wͻn hͻ.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَعَادٗا وَثَمُودَاْ وَأَصۡحَٰبَ ٱلرَّسِّ وَقُرُونَۢا بَيۡنَ ذَٰلِكَ كَثِيرٗا
Ɛna Aad ne Samuud ne Rassifoͻ, ne awoͻ ntotoasoͻ bebree a wͻbɛdii ntamu hͻ no, -
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَكُلّٗا ضَرَبۡنَا لَهُ ٱلۡأَمۡثَٰلَۖ وَكُلّٗا تَبَّرۡنَا تَتۡبِيرٗا
Yεyεε mfatoho maa wͻn mu biara, na wͻn mu biara nso Yεsεee wͻn pasaa.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَلَقَدۡ أَتَوۡاْ عَلَى ٱلۡقَرۡيَةِ ٱلَّتِيٓ أُمۡطِرَتۡ مَطَرَ ٱلسَّوۡءِۚ أَفَلَمۡ يَكُونُواْ يَرَوۡنَهَاۚ بَلۡ كَانُواْ لَا يَرۡجُونَ نُشُورٗا
Ampa sε (Quraishfoͻ) kͻtwam wͻ kuro no a Yεtͻͻ nsutͻ bͻne guu wͻn soͻ no mu. Enti εyaa na wͻnhu anaa? Daabi, wͻn ani nna Owusͻreε (da) no so.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَإِذَا رَأَوۡكَ إِن يَتَّخِذُونَكَ إِلَّا هُزُوًا أَهَٰذَا ٱلَّذِي بَعَثَ ٱللَّهُ رَسُولًا
Sε (boniayεfoͻ) no hu wo a wͻdi wo ho fεw sε: ”Enti woi na Nyankopͻn ayi no sε Ɔsomafoͻ?
Tefsiret në gjuhën arabe:
إِن كَادَ لَيُضِلُّنَا عَنۡ ءَالِهَتِنَا لَوۡلَآ أَن صَبَرۡنَا عَلَيۡهَاۚ وَسَوۡفَ يَعۡلَمُونَ حِينَ يَرَوۡنَ ٱلۡعَذَابَ مَنۡ أَضَلُّ سَبِيلًا
Ɛkaa kakraabi sε, sε yɛannya aboterε a anka ͻyeraa yεn frii yεn anyame no ho”. Ɛberε a wͻbɛhunu asotwee no na wͻbɛhunu obi a wayera afiri ͻkwan pa no soͻ.
Tefsiret në gjuhën arabe:
أَرَءَيۡتَ مَنِ ٱتَّخَذَ إِلَٰهَهُۥ هَوَىٰهُ أَفَأَنتَ تَكُونُ عَلَيۡهِ وَكِيلًا
(Nkͻmhyεni), wahunu obia wafa n’apεdeε ayε nyame no? Enti wobεyε okyitaafoͻ ama (saa nipa) no?
Tefsiret në gjuhën arabe:
أَمۡ تَحۡسَبُ أَنَّ أَكۡثَرَهُمۡ يَسۡمَعُونَ أَوۡ يَعۡقِلُونَۚ إِنۡ هُمۡ إِلَّا كَٱلۡأَنۡعَٰمِ بَلۡ هُمۡ أَضَلُّ سَبِيلًا
Anaa wodwen sε wͻn mu dodoͻ no tie, anaasε wͻte (deε woka kyerε wͻn no) ase? Wͻtesε ayεmmoa, daabi, wͻn ayera afiri kwan (tenenee) no so.
Tefsiret në gjuhën arabe:
أَلَمۡ تَرَ إِلَىٰ رَبِّكَ كَيۡفَ مَدَّ ٱلظِّلَّ وَلَوۡ شَآءَ لَجَعَلَهُۥ سَاكِنٗا ثُمَّ جَعَلۡنَا ٱلشَّمۡسَ عَلَيۡهِ دَلِيلٗا
Wonhunuu sεdeε wo Wura Nyankopͻn si fa twe sunsum mu. Sε Ɔpε a anka Ɔbεma no agyina faako. Nanso Yεde awia ayε kwankyerε (anaa nyinasoͻ) ama no.
Tefsiret në gjuhën arabe:
ثُمَّ قَبَضۡنَٰهُ إِلَيۡنَا قَبۡضٗا يَسِيرٗا
Afei na Yɛatwe no nkakra-nkakra de aba Yεn hͻ.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَهُوَ ٱلَّذِي جَعَلَ لَكُمُ ٱلَّيۡلَ لِبَاسٗا وَٱلنَّوۡمَ سُبَاتٗا وَجَعَلَ ٱلنَّهَارَ نُشُورٗا
Ɔno na Wayε anadwo akatasoͻ ama mo, εna (Wayε) nna nso ahomegyeε, εna Wayε adekyeε nso a (mode) sͻreε (tesε deε obi asͻre afiri owuo mu).
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَهُوَ ٱلَّذِيٓ أَرۡسَلَ ٱلرِّيَٰحَ بُشۡرَۢا بَيۡنَ يَدَيۡ رَحۡمَتِهِۦۚ وَأَنزَلۡنَا مِنَ ٱلسَّمَآءِ مَآءٗ طَهُورٗا
Ɔno na Ɔsoma mframa sε anigyesεm de di N’ahummͻborͻ no (a εne nsutͻ) no anim kan, εna Osiane nsuo a εho teε fri soro, -
Tefsiret në gjuhën arabe:
لِّنُحۡـِۧيَ بِهِۦ بَلۡدَةٗ مَّيۡتٗا وَنُسۡقِيَهُۥ مِمَّا خَلَقۡنَآ أَنۡعَٰمٗا وَأَنَاسِيَّ كَثِيرٗا
De nyane asaase a awuo, εna Yεde ma ayεmmoa a Yɛabͻ, ne nnipa pii ma wͻnom.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَلَقَدۡ صَرَّفۡنَٰهُ بَيۡنَهُمۡ لِيَذَّكَّرُواْ فَأَبَىٰٓ أَكۡثَرُ ٱلنَّاسِ إِلَّا كُفُورٗا
Ampa sԑ Yɛakᴐ so akyerԑkyerԑ (Nsԑm no) mu yie akyerԑ wᴐn sԑdeԑ wᴐbԑkaekaeԑ anaa wᴐde bɛtu wᴐn ho foᴐ, nanso nnipa pii mpԑ (Nokorԑ no) na mmom wᴐkᴐ so yi boniayԑ.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَلَوۡ شِئۡنَا لَبَعَثۡنَا فِي كُلِّ قَرۡيَةٖ نَّذِيرٗا
Sε Yεpε a, anka Yεbεsoma kͻkͻbͻni wͻ kuro biara so.
Tefsiret në gjuhën arabe:
فَلَا تُطِعِ ٱلۡكَٰفِرِينَ وَجَٰهِدۡهُم بِهِۦ جِهَادٗا كَبِيرٗا
Enti (Nkͻmhyεni), entie (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no, na fa (Qur’aan no) kotia wͻn nko dene mu paa.
Tefsiret në gjuhën arabe:
۞ وَهُوَ ٱلَّذِي مَرَجَ ٱلۡبَحۡرَيۡنِ هَٰذَا عَذۡبٞ فُرَاتٞ وَهَٰذَا مِلۡحٌ أُجَاجٞ وَجَعَلَ بَيۡنَهُمَا بَرۡزَخٗا وَحِجۡرٗا مَّحۡجُورٗا
Ɔno na Wama ͻpo mmienu no kwan ma no tenee; woi yε dε, dεdεεdε, εna woi nso yε nkyenekyene εyε nyono, εna Wayε εhyeε ne akwansideε ato ne mmienu ntεm.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَهُوَ ٱلَّذِي خَلَقَ مِنَ ٱلۡمَآءِ بَشَرٗا فَجَعَلَهُۥ نَسَبٗا وَصِهۡرٗاۗ وَكَانَ رَبُّكَ قَدِيرٗا
Ɔno na Ɔbͻͻ onipa fri nsuo mu, εna Wayε mogya-abusua ne awadeε-abusua ama no. Wo Wura Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَيَعۡبُدُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ مَا لَا يَنفَعُهُمۡ وَلَا يَضُرُّهُمۡۗ وَكَانَ ٱلۡكَافِرُ عَلَىٰ رَبِّهِۦ ظَهِيرٗا
Wͻn afri Nyankopͻn akyi som deε entumi mma wͻn mfasoͻ anaa ͻhaw biara. Boniayεni no deε ͻtaa (bͻne anaa ͻbonsam) akyi kotia ne Wura Nyankopͻn.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَمَآ أَرۡسَلۡنَٰكَ إِلَّا مُبَشِّرٗا وَنَذِيرٗا
(Nkͻmhyεni), Yεsomaa wo sε, (Ͻsoro aheman no mu) anigyesεm, ne (amane-hunu gya no asotwee no ho) kͻkᴐbᴐ bͻfoͻ.
Tefsiret në gjuhën arabe:
قُلۡ مَآ أَسۡـَٔلُكُمۡ عَلَيۡهِ مِنۡ أَجۡرٍ إِلَّا مَن شَآءَ أَن يَتَّخِذَ إِلَىٰ رَبِّهِۦ سَبِيلٗا
Ka sε: “Memmisa (afutuo a mede ma mo no) ho akatua, na mmom (deε mehia ne) sε obi a ͻpε bεfa ne Wura Nyankopͻn kwan no soͻ.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَتَوَكَّلۡ عَلَى ٱلۡحَيِّ ٱلَّذِي لَا يَمُوتُ وَسَبِّحۡ بِحَمۡدِهِۦۚ وَكَفَىٰ بِهِۦ بِذُنُوبِ عِبَادِهِۦ خَبِيرًا
Na fa wo ho to Ɔteasefoͻ no a Onwu da no so na bͻ no abodin, na Ɔsom bo sε Onim Ne nkoa bͻne (a wͻdie),
Tefsiret në gjuhën arabe:
ٱلَّذِي خَلَقَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ وَمَا بَيۡنَهُمَا فِي سِتَّةِ أَيَّامٖ ثُمَّ ٱسۡتَوَىٰ عَلَى ٱلۡعَرۡشِۖ ٱلرَّحۡمَٰنُ فَسۡـَٔلۡ بِهِۦ خَبِيرٗا
Nea Ɔde nna nsia bͻͻ soro ne asaase ne deε εwͻ ne mmienu mfinfii, na Ɔde Ne ho sii Tumi Ahennwa no soͻ, Ahummͻborͻ Hene no, Ɔne (Otumfoͻ) a N’ani tua biribiara no, enti bisa no (w'ahiasεm biara).
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَإِذَا قِيلَ لَهُمُ ٱسۡجُدُواْۤ لِلرَّحۡمَٰنِ قَالُواْ وَمَا ٱلرَّحۡمَٰنُ أَنَسۡجُدُ لِمَا تَأۡمُرُنَا وَزَادَهُمۡ نُفُورٗا۩
Sε yεka kyerε wͻn sε, monfa mo anim mutu fͻm ma Mmͻborͻhunufoͻ Hene no a, deε wͻka ne sε: “Hwan ne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no a worehyε yεn sε yεnfa y’anim mutu fͻm ma no no? Nkͻsoͻ a wͻnya ara ne sε wͻdwane (nokorε no).
Tefsiret në gjuhën arabe:
تَبَارَكَ ٱلَّذِي جَعَلَ فِي ٱلسَّمَآءِ بُرُوجٗا وَجَعَلَ فِيهَا سِرَٰجٗا وَقَمَرٗا مُّنِيرٗا
Nhyira ne Nea Wayε nsoromma akεseε wͻ soro, εna Wayε (awia sε) kanea wͻ mu, εna bosome nso εma nhyerεnee.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَهُوَ ٱلَّذِي جَعَلَ ٱلَّيۡلَ وَٱلنَّهَارَ خِلۡفَةٗ لِّمَنۡ أَرَادَ أَن يَذَّكَّرَ أَوۡ أَرَادَ شُكُورٗا
Ɔno na Wama adesaeε ne adekyeε di wͻn ho akyi (sԑ nsԑnkyerԑnee) de ma obia ͻpε sε ͻkaekaeε anaasε ͻpεsε oyi (Nyankopͻn) ayε.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَعِبَادُ ٱلرَّحۡمَٰنِ ٱلَّذِينَ يَمۡشُونَ عَلَى ٱلۡأَرۡضِ هَوۡنٗا وَإِذَا خَاطَبَهُمُ ٱلۡجَٰهِلُونَ قَالُواْ سَلَٰمٗا
Mmͻborͻhunufoͻ Hene no asomfoͻ no ne wͻn a wͻde ahobraseε nam asaase soͻ; sε abagyimifoͻ no bi (de kasa bͻne bi) kasa wͻn ho a, deε wͻka ne sε: “Asomdweε”,
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَٱلَّذِينَ يَبِيتُونَ لِرَبِّهِمۡ سُجَّدٗا وَقِيَٰمٗا
Ne wͻn a wͻde anadwo no si hͻ de wͻn anim butu fͻm sͻre gyina hͻ ma wͻn Wura Nyankopͻn,
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَٱلَّذِينَ يَقُولُونَ رَبَّنَا ٱصۡرِفۡ عَنَّا عَذَابَ جَهَنَّمَۖ إِنَّ عَذَابَهَا كَانَ غَرَامًا
Ne wͻn a (wͻbͻ mpaeε) ka sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn, yi Amane-hunu gya asotwee no fri yεn so. Nokorε sε (Amane-hunu gya no) yε afe bͻͻ asotwee.
Tefsiret në gjuhën arabe:
إِنَّهَا سَآءَتۡ مُسۡتَقَرّٗا وَمُقَامٗا
Nokorε sε, εhͻ yε efie bͻne ne ahomegye bea bͻne paa;
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَٱلَّذِينَ إِذَآ أَنفَقُواْ لَمۡ يُسۡرِفُواْ وَلَمۡ يَقۡتُرُواْ وَكَانَ بَيۡنَ ذَٰلِكَ قَوَامٗا
Ne wͻn a sε wͻyi (wͻn agyapadeε a wͻmma no mmoroso) nsεe no kwa, na wͻnyε pεpεε nso, na mmom wͻyε no hͻ-ne-hͻ.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَٱلَّذِينَ لَا يَدۡعُونَ مَعَ ٱللَّهِ إِلَٰهًا ءَاخَرَ وَلَا يَقۡتُلُونَ ٱلنَّفۡسَ ٱلَّتِي حَرَّمَ ٱللَّهُ إِلَّا بِٱلۡحَقِّ وَلَا يَزۡنُونَۚ وَمَن يَفۡعَلۡ ذَٰلِكَ يَلۡقَ أَثَامٗا
Ne wͻn a wͻnsu mfrε anyame foforͻ biara ka Nyankopͻn ho, na wͻnkum onipa a Nyankopͻn abra (ne kum anaa Wayε no kronkron), na mmom gyesε ne kwan so; na wͻmmͻ adwamman. Obi a ͻbεyε saa no, ͻbɛhyia bͻne so asotwee,
Tefsiret në gjuhën arabe:
يُضَٰعَفۡ لَهُ ٱلۡعَذَابُ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ وَيَخۡلُدۡ فِيهِۦ مُهَانًا
Yεde asotwee no bεbͻ ho ama no wͻ wusͻreε da no, na ͻbεtena mu wͻ animguaseε mu.
Tefsiret në gjuhën arabe:
إِلَّا مَن تَابَ وَءَامَنَ وَعَمِلَ عَمَلٗا صَٰلِحٗا فَأُوْلَٰٓئِكَ يُبَدِّلُ ٱللَّهُ سَيِّـَٔاتِهِمۡ حَسَنَٰتٖۗ وَكَانَ ٱللَّهُ غَفُورٗا رَّحِيمٗا
Gyesε obia ͻbεsakra n’adwen na wagye adie na wadi dwuma pa. Saa nkorͻfoͻ no deε Nyankopͻn bεdane wͻn bͻne no ayε no papa (ama wͻn). Onyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَمَن تَابَ وَعَمِلَ صَٰلِحٗا فَإِنَّهُۥ يَتُوبُ إِلَى ٱللَّهِ مَتَابٗا
Obia ͻbεsakra n’adwen na wadi dwuma pa, nokorε sε wasakra nsakraeε pa paa kͻ Nyankopͻn hͻ,
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَٱلَّذِينَ لَا يَشۡهَدُونَ ٱلزُّورَ وَإِذَا مَرُّواْ بِٱللَّغۡوِ مَرُّواْ كِرَامٗا
Ne wͻn a wͻnni adanse wia anaa adanse kurumuu, na sε wͻretwa mu wͻ ahuhudeε bi ho a, wͻtwa mu wͻ ahonidie mu,
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَٱلَّذِينَ إِذَا ذُكِّرُواْ بِـَٔايَٰتِ رَبِّهِمۡ لَمۡ يَخِرُّواْ عَلَيۡهَا صُمّٗا وَعُمۡيَانٗا
Ne wͻn a, sε yεrekenkan wͻn Wura Nyankopͻn Nsεm no (Qur’aan) kyerε wͻn a wͻnnyε wͻn ho asosifoͻ ne anifirafoͻ wͻ ho.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَٱلَّذِينَ يَقُولُونَ رَبَّنَا هَبۡ لَنَا مِنۡ أَزۡوَٰجِنَا وَذُرِّيَّٰتِنَا قُرَّةَ أَعۡيُنٖ وَٱجۡعَلۡنَا لِلۡمُتَّقِينَ إِمَامًا
Ne wͻn a (wͻbͻ mpaeε) ka sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn, (yԑsrԑ Wo sԑ,) dom yԑn ma y'ayerenom ne yεn mmanom nyԑ wᴐn a wͻbεkyekyere yεn werε, na ma yεn nyε Nyamesurofoͻ no akandifoͻ.
Tefsiret në gjuhën arabe:
أُوْلَٰٓئِكَ يُجۡزَوۡنَ ٱلۡغُرۡفَةَ بِمَا صَبَرُواْ وَيُلَقَّوۡنَ فِيهَا تَحِيَّةٗ وَسَلَٰمًا
Saa nkorͻfoͻ no na ԑnam wᴐn abotrԑ nti, yεde adan akԑseԑ bɛtua wᴐn ka. Yεde nkyea ne asomdwoeε na εbehyia wͻn wͻ (Aheman no) mu.
Tefsiret në gjuhën arabe:
خَٰلِدِينَ فِيهَاۚ حَسُنَتۡ مُسۡتَقَرّٗا وَمُقَامٗا
Emu na wͻbεtena, na asetena pa ne ahomegye bea pa paa ne hͻ.
Tefsiret në gjuhën arabe:
قُلۡ مَا يَعۡبَؤُاْ بِكُمۡ رَبِّي لَوۡلَا دُعَآؤُكُمۡۖ فَقَدۡ كَذَّبۡتُمۡ فَسَوۡفَ يَكُونُ لِزَامَۢا
Ka sε: “Sε εnyε mo mpaebͻ (a mobͻ de srε Nyankopͻn a) anka Nyankopͻn mfa mo ho. Na ampa sε moafa (asεm) no nkontompo no deε, sε εteε biara asotwee no deε εbεyε hͻ (anaasε monsa bεka).
Tefsiret në gjuhën arabe:
 
Përkthimi i kuptimeve Surja: Suretu El Furkan
Përmbajtja e sureve Numri i faqes
 
Përkthimi i kuptimeve të Kuranit Fisnik - الترجمة الأكانية - الأشانتية - Përmbajtja e përkthimeve

ترجمة معاني القرآن الكريم الى اللغة الأشانتية، ترجمها الشيخ هارون إسماعيل.

Mbyll