Check out the new design

Salin ng mga Kahulugan ng Marangal na Qur'an - Salin sa Wikang Akan - Ashanti ni Harun Ismail * - Indise ng mga Salin

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Salin ng mga Kahulugan Surah: Ar-Ra‘d   Ayah:
۞ أَفَمَن يَعۡلَمُ أَنَّمَآ أُنزِلَ إِلَيۡكَ مِن رَّبِّكَ ٱلۡحَقُّ كَمَنۡ هُوَ أَعۡمَىٰٓۚ إِنَّمَا يَتَذَكَّرُ أُوْلُواْ ٱلۡأَلۡبَٰبِ
Enti obia onim yie sε, deε yasiane ama woͻ no yε nokorε a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ no, ͻtesε obi a n’ani afira? Wͻn a wͻ’dwen ho (anaa wͻde tu wͻn ho foͻ, anaa wͻkaeε) ne mmadwemmafoͻ no –
Ang mga Tafsir na Arabe:
ٱلَّذِينَ يُوفُونَ بِعَهۡدِ ٱللَّهِ وَلَا يَنقُضُونَ ٱلۡمِيثَٰقَ
Wͻn a wͻdi Nyankopͻn bͻhyε soͻ, na wͻ mmu apam no soͻ,
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَٱلَّذِينَ يَصِلُونَ مَآ أَمَرَ ٱللَّهُ بِهِۦٓ أَن يُوصَلَ وَيَخۡشَوۡنَ رَبَّهُمۡ وَيَخَافُونَ سُوٓءَ ٱلۡحِسَابِ
Ne wͻn a deε Nyankopͻn ahyε sε wͻma εntoa mu no wͻde toa mu, na wͻsuro wͻn Wura Nyankopͻn, na wͻsuro akontabuo bͻne no.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَٱلَّذِينَ صَبَرُواْ ٱبۡتِغَآءَ وَجۡهِ رَبِّهِمۡ وَأَقَامُواْ ٱلصَّلَوٰةَ وَأَنفَقُواْ مِمَّا رَزَقۡنَٰهُمۡ سِرّٗا وَعَلَانِيَةٗ وَيَدۡرَءُونَ بِٱلۡحَسَنَةِ ٱلسَّيِّئَةَ أُوْلَٰٓئِكَ لَهُمۡ عُقۡبَى ٱلدَّارِ
Ne wͻn a wͻsi aboterε hwehwε wͻn Wura Nyankopͻn hͻ animuonyam, na wͻfrε Nyame wͻ nebrε mu, na deε Yεde akyε wͻn no wͻyi mu bi dema wͻ kokoa mu ne badwa mu, na wͻde papayε si bͻne ano kwan; saa nkorͻfoͻ no na wͻn wͻ awieε pa no –
Ang mga Tafsir na Arabe:
جَنَّٰتُ عَدۡنٖ يَدۡخُلُونَهَا وَمَن صَلَحَ مِنۡ ءَابَآئِهِمۡ وَأَزۡوَٰجِهِمۡ وَذُرِّيَّٰتِهِمۡۖ وَٱلۡمَلَٰٓئِكَةُ يَدۡخُلُونَ عَلَيۡهِم مِّن كُلِّ بَابٖ
Aheman a εwͻ hͻ afe bͻͻ no, emu na wͻne wͻn agyanom ne wͻn yerenom ne wͻn asefoͻ a wͻdii papa no bεkͻ; na Soro abͻfoͻ befri apono ahodoͻ mu aba wͻn hͻ.
Ang mga Tafsir na Arabe:
سَلَٰمٌ عَلَيۡكُم بِمَا صَبَرۡتُمۡۚ فَنِعۡمَ عُقۡبَى ٱلدَّارِ
(Soro abͻfoͻ no bεkyea wͻn sε): “Asomdwiε nka mo wͻ mo aboterε a monyaeε no ho.” Awie pa paa fie ni.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَٱلَّذِينَ يَنقُضُونَ عَهۡدَ ٱللَّهِ مِنۢ بَعۡدِ مِيثَٰقِهِۦ وَيَقۡطَعُونَ مَآ أَمَرَ ٱللَّهُ بِهِۦٓ أَن يُوصَلَ وَيُفۡسِدُونَ فِي ٱلۡأَرۡضِ أُوْلَٰٓئِكَ لَهُمُ ٱللَّعۡنَةُ وَلَهُمۡ سُوٓءُ ٱلدَّارِ
Wͻn a wͻbu Nyankopͻn apam no so wͻ akyire yi a atim, na wͻtete adeε a Nyankopͻn ahyε sε wͻntoa soͻ no ntεm, na wͻdi nsεmmͻnee wͻ asaase soͻ no, saa nnipa no na nomee wͻ wͻn soͻ, na wͻn wͻ efie bͻne paa (Daakye).
Ang mga Tafsir na Arabe:
ٱللَّهُ يَبۡسُطُ ٱلرِّزۡقَ لِمَن يَشَآءُ وَيَقۡدِرُۚ وَفَرِحُواْ بِٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَا وَمَا ٱلۡحَيَوٰةُ ٱلدُّنۡيَا فِي ٱلۡأٓخِرَةِ إِلَّا مَتَٰعٞ
Onyankopͻn trε akͻnhoma no mu dema obia Ɔpε, εna Osusu nso (dema obi a Ɔpε). Wͻn anigye wiase asetena yi ho, aberε nso a sε wode wiase asetena yi toto Daakye no ho a, na (wiase asetena no yε) anigyesεm bi a εretwa mu akͻ.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَيَقُولُ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ لَوۡلَآ أُنزِلَ عَلَيۡهِ ءَايَةٞ مِّن رَّبِّهِۦۚ قُلۡ إِنَّ ٱللَّهَ يُضِلُّ مَن يَشَآءُ وَيَهۡدِيٓ إِلَيۡهِ مَنۡ أَنَابَ
Deε wͻn a wͻnnye nnie no ka nesε: “Adεn nti na yensiane nsεnkyerεnee bi mfri ne Wura Nyankopͻn hͻ mmerε no?” (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Nokorε sε, Onyankopͻn yera obia a Ɔpε, εna obia ͻdane neho ba Nehͻ no nso, Ɔkyerε no kwan.
Ang mga Tafsir na Arabe:
ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَتَطۡمَئِنُّ قُلُوبُهُم بِذِكۡرِ ٱللَّهِۗ أَلَا بِذِكۡرِ ٱللَّهِ تَطۡمَئِنُّ ٱلۡقُلُوبُ
Wͻn a wͻagye adie na wͻn akoma atͻ wͻn yεm wͻ Nyankopͻn nkaekaeε ho no, nokorε sε, Onyankopͻn nkaekaeε ho na akoma nya abotͻyεmu.
Ang mga Tafsir na Arabe:
 
Salin ng mga Kahulugan Surah: Ar-Ra‘d
Indise ng mga Surah Numero ng Pahina
 
Salin ng mga Kahulugan ng Marangal na Qur'an - Salin sa Wikang Akan - Ashanti ni Harun Ismail - Indise ng mga Salin

Isinalin ito ni Shaykh Harun Ismail.

Isara