Check out the new design

Salin ng mga Kahulugan ng Marangal na Qur'an - Salin sa Wikang Akan - Ashanti ni Harun Ismail * - Indise ng mga Salin

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Salin ng mga Kahulugan Surah: Al-Furqān   Ayah:
۞ وَقَالَ ٱلَّذِينَ لَا يَرۡجُونَ لِقَآءَنَا لَوۡلَآ أُنزِلَ عَلَيۡنَا ٱلۡمَلَٰٓئِكَةُ أَوۡ نَرَىٰ رَبَّنَاۗ لَقَدِ ٱسۡتَكۡبَرُواْ فِيٓ أَنفُسِهِمۡ وَعَتَوۡ عُتُوّٗا كَبِيرٗا
Deε wͻn a wͻnni anidaasoͻ sε wͻne Yεn behyia no keka ne sε: “Adεn nti na yɛnsiane Soro abͻfoͻ ma yεn, anaa yɛnhunu yɛ Wura Nyankopͻn no? Ampa sε wͻn ara ama wͻn ho so, na wͻate atua ama no aboro so kεse.
Ang mga Tafsir na Arabe:
يَوۡمَ يَرَوۡنَ ٱلۡمَلَٰٓئِكَةَ لَا بُشۡرَىٰ يَوۡمَئِذٖ لِّلۡمُجۡرِمِينَ وَيَقُولُونَ حِجۡرٗا مَّحۡجُورٗا
Ɛda a wͻbɛhunu Soro abͻfoͻ no, saa da no εnyε asεmpa mma abͻneεfoͻ no. (Soro abͻfoͻ no) bεka sε: “Moma εhyeε kεseԑ nna (wͻn ne Soro Aheman mu foͻ no ntεm)“
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَقَدِمۡنَآ إِلَىٰ مَا عَمِلُواْ مِنۡ عَمَلٖ فَجَعَلۡنَٰهُ هَبَآءٗ مَّنثُورًا
Yεbεba dwuma biara a (abͻneεfoͻ no) diiε no so, na Yεbεma no ayε sε mfuturo bi a atu ahweteε.
Ang mga Tafsir na Arabe:
أَصۡحَٰبُ ٱلۡجَنَّةِ يَوۡمَئِذٍ خَيۡرٞ مُّسۡتَقَرّٗا وَأَحۡسَنُ مَقِيلٗا
Ɛda no, Soro aheman no mu foͻ no benya asetena pa ne ahomegye bea pa.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَيَوۡمَ تَشَقَّقُ ٱلسَّمَآءُ بِٱلۡغَمَٰمِ وَنُزِّلَ ٱلۡمَلَٰٓئِكَةُ تَنزِيلًا
Ɛda no a mununkum bεma ɔsoro mu adwidwa, na Soro abͻfoͻ besiane siane paa no,
Ang mga Tafsir na Arabe:
ٱلۡمُلۡكُ يَوۡمَئِذٍ ٱلۡحَقُّ لِلرَّحۡمَٰنِۚ وَكَانَ يَوۡمًا عَلَى ٱلۡكَٰفِرِينَ عَسِيرٗا
Saa Da no Ahennie paa no wͻ Ahummͻborͻ Hene no. Saa Da no, εbεyε den ama (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَيَوۡمَ يَعَضُّ ٱلظَّالِمُ عَلَىٰ يَدَيۡهِ يَقُولُ يَٰلَيۡتَنِي ٱتَّخَذۡتُ مَعَ ٱلرَّسُولِ سَبِيلٗا
Saa Da no na (onipa) bͻnefoͻ no bεka ne nsa aka sε: “Mehunui a anka mekaa Ɔsomafoͻ no ho ne no faa kwan (pa) no so.
Ang mga Tafsir na Arabe:
يَٰوَيۡلَتَىٰ لَيۡتَنِي لَمۡ أَتَّخِذۡ فُلَانًا خَلِيلٗا
Ao, Adi ayε me, Mehunui a anka manfa asomasi yͻnkoͻ”.
Ang mga Tafsir na Arabe:
لَّقَدۡ أَضَلَّنِي عَنِ ٱلذِّكۡرِ بَعۡدَ إِذۡ جَآءَنِيۗ وَكَانَ ٱلشَّيۡطَٰنُ لِلۡإِنسَٰنِ خَذُولٗا
“Ampa paa sε wama mayera afri Afutusεm no ho wͻ berε a yεde berεε me no. Ͻbonsam (yε obi a) odi onipa hwammͻ paa”.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَقَالَ ٱلرَّسُولُ يَٰرَبِّ إِنَّ قَوۡمِي ٱتَّخَذُواْ هَٰذَا ٱلۡقُرۡءَانَ مَهۡجُورٗا
Ɔsomafoͻ no nso bεka sε: ”Me Wura Nyankopͻn, nokorε sε, me nkorͻfoͻ no yii wͻn ani frii Qur’aan yi so”
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَكَذَٰلِكَ جَعَلۡنَا لِكُلِّ نَبِيٍّ عَدُوّٗا مِّنَ ٱلۡمُجۡرِمِينَۗ وَكَفَىٰ بِرَبِّكَ هَادِيٗا وَنَصِيرٗا
Saa ara na Yεmaa Nkͻmhyεni biara tamfo wͻ abͻneεfoͻ no mu. Nanso wo Wura Nyankopͻn som bo (ma wo) sε Ɔkwankyerεfoͻ ne Ͻboafoͻ.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَقَالَ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ لَوۡلَا نُزِّلَ عَلَيۡهِ ٱلۡقُرۡءَانُ جُمۡلَةٗ وَٰحِدَةٗۚ كَذَٰلِكَ لِنُثَبِّتَ بِهِۦ فُؤَادَكَۖ وَرَتَّلۡنَٰهُ تَرۡتِيلٗا
Deε wͻn a wͻnnye nnie no ka ne sε: “Adεn nti na yensiane Qur’aan no mmͻ mu mma no prεko?” (Yesiane no saa) sεdeε εbεma w’akoma agyina pintinn, na Yεkenkan (Qur’aan no ma wo) nkakra nkakra, hyehyɛ no pɛpɛɛpɛ.
Ang mga Tafsir na Arabe:
 
Salin ng mga Kahulugan Surah: Al-Furqān
Indise ng mga Surah Numero ng Pahina
 
Salin ng mga Kahulugan ng Marangal na Qur'an - Salin sa Wikang Akan - Ashanti ni Harun Ismail - Indise ng mga Salin

Isinalin ito ni Shaykh Harun Ismail.

Isara