Salin ng mga Kahulugan ng Marangal na Qur'an - الترجمة الأكانية - الأشانتية * - Indise ng mga Salin

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Salin ng mga Kahulugan Surah: Al-‘Ankabūt   Ayah:

Al-Ankabuut

الٓمٓ
Alif – Laam – Miim.
Ang mga Tafsir na Arabe:
أَحَسِبَ ٱلنَّاسُ أَن يُتۡرَكُوٓاْ أَن يَقُولُوٓاْ ءَامَنَّا وَهُمۡ لَا يُفۡتَنُونَ
Enti nnipa dwen sε yεbɛgyae wͻn sε, wͻn aka sε: Yɛagye adi, wͻ aberε a yεnsͻ wͻn nhwε?
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَلَقَدۡ فَتَنَّا ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِمۡۖ فَلَيَعۡلَمَنَّ ٱللَّهُ ٱلَّذِينَ صَدَقُواْ وَلَيَعۡلَمَنَّ ٱلۡكَٰذِبِينَ
Ampa sε Yεsͻͻ wͻn a wͻdii wͻn anim kan no hwεe sεdeε Nyankopͻn debɛhunu wͻn a wͻdi nokorε na Ɔde bɛhunu nkontompofoͻ no nso.
Ang mga Tafsir na Arabe:
أَمۡ حَسِبَ ٱلَّذِينَ يَعۡمَلُونَ ٱلسَّيِّـَٔاتِ أَن يَسۡبِقُونَاۚ سَآءَ مَا يَحۡكُمُونَ
Anaasε, wͻn a wͻdi dwuma bͻne no adwen yε wͻn sε wͻbɛtumi adwane Yεn anaa? Atemmuo bͻne paa na wͻrebuo no.
Ang mga Tafsir na Arabe:
مَن كَانَ يَرۡجُواْ لِقَآءَ ٱللَّهِ فَإِنَّ أَجَلَ ٱللَّهِ لَأٓتٖۚ وَهُوَ ٱلسَّمِيعُ ٱلۡعَلِيمُ
Obi a ͻwͻ Nyankopͻn Nhyiamu no ho anidaasoͻ no, nokorε sε Nyankopͻn berε a Wahyε no reba. Ɔne Otiefoͻ no a Ɔte biribiara, na Ɔne Onimdefoͻ no a Ɔnim biribiara no.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَمَن جَٰهَدَ فَإِنَّمَا يُجَٰهِدُ لِنَفۡسِهِۦٓۚ إِنَّ ٱللَّهَ لَغَنِيٌّ عَنِ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Obi a ͻbεbͻ mmͻden no, ͻbͻ mmͻden no dema neho. Nokorε sε Nyankopͻn deε Wanya Neho wͻ abͻdeε nyinaa so, (Ɔnhia obiara mmoa anaa obi hwee).
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ لَنُكَفِّرَنَّ عَنۡهُمۡ سَيِّـَٔاتِهِمۡ وَلَنَجۡزِيَنَّهُمۡ أَحۡسَنَ ٱلَّذِي كَانُواْ يَعۡمَلُونَ
Wͻn a wͻagye adie na wͻredi dwuma pa no Yεbεpepa wͻn bͻne afiri wͻn so, na Yɛama wͻn akatua wͻ dwumadi pa a na wͻdie no ho.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَوَصَّيۡنَا ٱلۡإِنسَٰنَ بِوَٰلِدَيۡهِ حُسۡنٗاۖ وَإِن جَٰهَدَاكَ لِتُشۡرِكَ بِي مَا لَيۡسَ لَكَ بِهِۦ عِلۡمٞ فَلَا تُطِعۡهُمَآۚ إِلَيَّ مَرۡجِعُكُمۡ فَأُنَبِّئُكُم بِمَا كُنتُمۡ تَعۡمَلُونَ
Yɛatu onipa fo sε ͻnyε ayεmyε ma n’awofoͻ; na mmom sε wͻko tia wo sε fa biribi bata Meho (som no) a, εno deε ɛntie wͻn. Mehͻ ne monkyi, na Mεbͻ mo dwuma a na modie no (nyinaa) ho amaneε.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ لَنُدۡخِلَنَّهُمۡ فِي ٱلصَّٰلِحِينَ
Wͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa no, nokorε sε Yεde wͻn bεka apapafoͻ no ho (wͻ Soro aheman no mu).
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَمِنَ ٱلنَّاسِ مَن يَقُولُ ءَامَنَّا بِٱللَّهِ فَإِذَآ أُوذِيَ فِي ٱللَّهِ جَعَلَ فِتۡنَةَ ٱلنَّاسِ كَعَذَابِ ٱللَّهِۖ وَلَئِن جَآءَ نَصۡرٞ مِّن رَّبِّكَ لَيَقُولُنَّ إِنَّا كُنَّا مَعَكُمۡۚ أَوَلَيۡسَ ٱللَّهُ بِأَعۡلَمَ بِمَا فِي صُدُورِ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Nnipa no mu bi wͻhͻ a wͻ’ka sε: Y’agye Nyankopͻn adi, nanso sε ͻhaw bi to wͻn wͻ Nyankopͻn ho nti a, wͻ’fa onipa haw no sε (ano yε den) tesε Nyankopͻn asotwee no, na sε mmoa anaa nkonimdie bi nso fri mo Wura Nyankopͻn hͻ ba a, deε wͻ’ka ne sε: “Nokorε sε na yε’ka moho“. Enti εnyε Nyankopͻn na Onim deε εwͻ nnipa nyinaa akoma mu?
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَلَيَعۡلَمَنَّ ٱللَّهُ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَلَيَعۡلَمَنَّ ٱلۡمُنَٰفِقِينَ
Nokorε sε Nyankopͻn Nim wͻn a wͻ’agye adie no, nokorε nso sε Onim nkͻnkͻnsafoͻ no nso.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَقَالَ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ لِلَّذِينَ ءَامَنُواْ ٱتَّبِعُواْ سَبِيلَنَا وَلۡنَحۡمِلۡ خَطَٰيَٰكُمۡ وَمَا هُم بِحَٰمِلِينَ مِنۡ خَطَٰيَٰهُم مِّن شَيۡءٍۖ إِنَّهُمۡ لَكَٰذِبُونَ
Wͻn a wͻ’nnye nnie no ka kyerε wͻn a wͻ’agye adie no sε: “Monfa yεn kwan no so na yε’bεsoa mobͻne (ama mo)“. Wͻ’nnsoa wͻn bͻne biara ho hwee. Nokorε sε wͻ’yε nkontompofoͻ.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَلَيَحۡمِلُنَّ أَثۡقَالَهُمۡ وَأَثۡقَالٗا مَّعَ أَثۡقَالِهِمۡۖ وَلَيُسۡـَٔلُنَّ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ عَمَّا كَانُواْ يَفۡتَرُونَ
Nokorε sε, wͻ’bεsoa wͻn ara adesoa, asan asoa adesoa foforͻ aka wͻn adesoa no ho; na nokorε sε Yε’bebisa wͻn fa wͻn nkontompo a wͻ’twaeε no ho asεm wͻ Wusͻreε da no.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَلَقَدۡ أَرۡسَلۡنَا نُوحًا إِلَىٰ قَوۡمِهِۦ فَلَبِثَ فِيهِمۡ أَلۡفَ سَنَةٍ إِلَّا خَمۡسِينَ عَامٗا فَأَخَذَهُمُ ٱلطُّوفَانُ وَهُمۡ ظَٰلِمُونَ
Ampa sε Yε’somaa Noa maa no kͻͻ nenkorͻfoͻ hͻ. Ɔtenaa wͻn mu, εkaa mfie aduonum na anka mfie apem. Nanso nsuyire faa wͻn aberε a na wͻ’yε abͻneεfoͻ.
Ang mga Tafsir na Arabe:
فَأَنجَيۡنَٰهُ وَأَصۡحَٰبَ ٱلسَّفِينَةِ وَجَعَلۡنَٰهَآ ءَايَةٗ لِّلۡعَٰلَمِينَ
Enti Yε’gyee no ne nsuom hyεn no mu foͻ no (frii nsu yire no mu), na Yε’yεε no nsεnkyerεnee demaa amansan.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَإِبۡرَٰهِيمَ إِذۡ قَالَ لِقَوۡمِهِ ٱعۡبُدُواْ ٱللَّهَ وَٱتَّقُوهُۖ ذَٰلِكُمۡ خَيۡرٞ لَّكُمۡ إِن كُنتُمۡ تَعۡلَمُونَ
Abraham nso, εberε a ͻka kyerεε nenkorͻfoͻ no sε: “Monsom Nyankopͻn na monsuro no, εno na εyε papa ma mo sε anka monim a.
Ang mga Tafsir na Arabe:
إِنَّمَا تَعۡبُدُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ أَوۡثَٰنٗا وَتَخۡلُقُونَ إِفۡكًاۚ إِنَّ ٱلَّذِينَ تَعۡبُدُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ لَا يَمۡلِكُونَ لَكُمۡ رِزۡقٗا فَٱبۡتَغُواْ عِندَ ٱللَّهِ ٱلرِّزۡقَ وَٱعۡبُدُوهُ وَٱشۡكُرُواْ لَهُۥٓۖ إِلَيۡهِ تُرۡجَعُونَ
Abosom mmom na mofri Nyankopͻn akyi som, εna mobͻ motrim twa nkontompo. Nokorε sε wͻn a mofri Nyankopͻn akyi som wͻn no ntumi mmͻ mo akͻnhoma, enti monhwehwε akͻnhoma wͻ Nyankopͻn hͻ, na monsom no, na monfa ayeyie ma no. Nehͻ na mobεsan akͻ.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَإِن تُكَذِّبُواْ فَقَدۡ كَذَّبَ أُمَمٞ مِّن قَبۡلِكُمۡۖ وَمَا عَلَى ٱلرَّسُولِ إِلَّا ٱلۡبَلَٰغُ ٱلۡمُبِينُ
Sε mofa no atorᴐsԑm a, ampa sԑ (saa ara na) aman a wͻ’dii moanim kan no nso faa no atorᴐsԑm. Ͻsomafoͻ deε n’asεdeε ne sε ͻbεbͻ asεm no ho dawuro akyerεkyerε mu pefee.
Ang mga Tafsir na Arabe:
أَوَلَمۡ يَرَوۡاْ كَيۡفَ يُبۡدِئُ ٱللَّهُ ٱلۡخَلۡقَ ثُمَّ يُعِيدُهُۥٓۚ إِنَّ ذَٰلِكَ عَلَى ٱللَّهِ يَسِيرٞ
Anaasε wͻ’nhunuu sεdeε Nyankopͻn hyεε abͻdeε aseε na Ɔsan de (foforͻ) ba bio? Nokorε sε, εno deε εyε (adeε a εyε) mmrε ma Nyankopͻn.
Ang mga Tafsir na Arabe:
قُلۡ سِيرُواْ فِي ٱلۡأَرۡضِ فَٱنظُرُواْ كَيۡفَ بَدَأَ ٱلۡخَلۡقَۚ ثُمَّ ٱللَّهُ يُنشِئُ ٱلنَّشۡأَةَ ٱلۡأٓخِرَةَۚ إِنَّ ٱللَّهَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٞ
Ka sε: “Montu kwan wͻ asaase no so na monhwε sεdeε (Nyankopͻn) hyεε abͻdeε no aseε; na saa ara na Ɔbεbͻ Daakye abͻdeε no“. Nokorε sε Nyankopͻn wͻ biribiara so tumi.
Ang mga Tafsir na Arabe:
يُعَذِّبُ مَن يَشَآءُ وَيَرۡحَمُ مَن يَشَآءُۖ وَإِلَيۡهِ تُقۡلَبُونَ
Nyankopͻn twe obi a Ɔpε aso, na ohu obi a Ɔpε nso mmͻbͻ, na Nehͻ na mobεsan akͻ.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَمَآ أَنتُم بِمُعۡجِزِينَ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَلَا فِي ٱلسَّمَآءِۖ وَمَا لَكُم مِّن دُونِ ٱللَّهِ مِن وَلِيّٖ وَلَا نَصِيرٖ
Na montumi ndwane Nyankopͻn wͻ asaase so anaasε ͻsoro. Na Nyankopͻn akyiri no nso monni okyitaafoͻ anaasε ͻboafoͻ biara.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَٱلَّذِينَ كَفَرُواْ بِـَٔايَٰتِ ٱللَّهِ وَلِقَآئِهِۦٓ أُوْلَٰٓئِكَ يَئِسُواْ مِن رَّحۡمَتِي وَأُوْلَٰٓئِكَ لَهُمۡ عَذَابٌ أَلِيمٞ
Wͻn a wͻ’po Nyankopͻn nsεm ne Nenhyiamu (da) no, wͻ’ne nkorͻfoͻ no a wͻn aba mu abu wͻ M’ahummͻborͻ no ho no; saa nkorͻfoͻ no na wͻn wͻ asotwee yaaya no.
Ang mga Tafsir na Arabe:
فَمَا كَانَ جَوَابَ قَوۡمِهِۦٓ إِلَّآ أَن قَالُواْ ٱقۡتُلُوهُ أَوۡ حَرِّقُوهُ فَأَنجَىٰهُ ٱللَّهُ مِنَ ٱلنَّارِۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَٰتٖ لِّقَوۡمٖ يُؤۡمِنُونَ
Enti Abraham nkorͻfoͻ no mmuaeε a wͻ’de maeε ara ne sε: ”Monku no anaa monhye no!” Enti Nyankopͻn gyee no fri egya no mu. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema amanfoͻ a wͻ’gye die.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَقَالَ إِنَّمَا ٱتَّخَذۡتُم مِّن دُونِ ٱللَّهِ أَوۡثَٰنٗا مَّوَدَّةَ بَيۡنِكُمۡ فِي ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَاۖ ثُمَّ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ يَكۡفُرُ بَعۡضُكُم بِبَعۡضٖ وَيَلۡعَنُ بَعۡضُكُم بَعۡضٗا وَمَأۡوَىٰكُمُ ٱلنَّارُ وَمَا لَكُم مِّن نَّٰصِرِينَ
Abraham kaa sε: “Moafri Nyankopͻn akyi afa abosom (resom wͻn nam so) de ͻdͻ ato montεm wͻ wiase ha, nanso Wusͻreε da no deε mobeyi moho-moho ama, na moadome moho-moho, na moasetena mu ne egya no mu, na monnya ͻboafoͻ biara.
Ang mga Tafsir na Arabe:
۞ فَـَٔامَنَ لَهُۥ لُوطٞۘ وَقَالَ إِنِّي مُهَاجِرٌ إِلَىٰ رَبِّيٓۖ إِنَّهُۥ هُوَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡحَكِيمُ
Enti Lut gyee no dii. Abraham kaa sε: ”Medeε meretu amantuo akͻ me Wura Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ no “.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَوَهَبۡنَا لَهُۥٓ إِسۡحَٰقَ وَيَعۡقُوبَ وَجَعَلۡنَا فِي ذُرِّيَّتِهِ ٱلنُّبُوَّةَ وَٱلۡكِتَٰبَ وَءَاتَيۡنَٰهُ أَجۡرَهُۥ فِي ٱلدُّنۡيَاۖ وَإِنَّهُۥ فِي ٱلۡأٓخِرَةِ لَمِنَ ٱلصَّٰلِحِينَ
Yε’de Is’haaq ne Ya’aquub kyεε no, na Yε’maa n’asefoͻ no nkͻmhyε (adwuma), san (maa wͻn) Nwoma, na Yε’de n’akatua maa no wͻ wiase; nokorε sε Daakye no ͻka apapafoͻ no ho.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَلُوطًا إِذۡ قَالَ لِقَوۡمِهِۦٓ إِنَّكُمۡ لَتَأۡتُونَ ٱلۡفَٰحِشَةَ مَا سَبَقَكُم بِهَا مِنۡ أَحَدٖ مِّنَ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Lut nso, εberε a ͻka kyerεε nenkorͻfoͻ no sε: “Mobu ahohwi bra a amansan no mu biara nnii moanim kan nyεε bi da;
Ang mga Tafsir na Arabe:
أَئِنَّكُمۡ لَتَأۡتُونَ ٱلرِّجَالَ وَتَقۡطَعُونَ ٱلسَّبِيلَ وَتَأۡتُونَ فِي نَادِيكُمُ ٱلۡمُنكَرَۖ فَمَا كَانَ جَوَابَ قَوۡمِهِۦٓ إِلَّآ أَن قَالُواْ ٱئۡتِنَا بِعَذَابِ ٱللَّهِ إِن كُنتَ مِنَ ٱلصَّٰدِقِينَ
Nokorε sε mokͻ (mo yͻnko) mmarima ho, εna mosi akwan ka akwan mu (wia akwantufoͻ nneεma), san yε amumuyε wͻ monhyiamu ase?” Mmuaeε a nenkorͻfoͻ no demaeε ara ne sε wͻ’kaa sε: “Fa Nyankopͻn asotwee no brε yεn, sε woka nokorεfoͻ no ho ampa a“.
Ang mga Tafsir na Arabe:
قَالَ رَبِّ ٱنصُرۡنِي عَلَى ٱلۡقَوۡمِ ٱلۡمُفۡسِدِينَ
Lut kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, boa me ma meni nsεmmͻnedifoͻ yi so nkonim. “
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَلَمَّا جَآءَتۡ رُسُلُنَآ إِبۡرَٰهِيمَ بِٱلۡبُشۡرَىٰ قَالُوٓاْ إِنَّا مُهۡلِكُوٓاْ أَهۡلِ هَٰذِهِ ٱلۡقَرۡيَةِۖ إِنَّ أَهۡلَهَا كَانُواْ ظَٰلِمِينَ
Ɛberε a Y’abͻfoͻ no de (Is’haaq awoͻ) anigyesεm ho bͻhyε baa Abraham hͻ no, wͻ’kaa sε: “Nokorε sε yεrekͻ sεe saa kuro yi so foͻ no; nokorε sε emu foͻ no yε abͻneεfoͻ paa.
Ang mga Tafsir na Arabe:
قَالَ إِنَّ فِيهَا لُوطٗاۚ قَالُواْ نَحۡنُ أَعۡلَمُ بِمَن فِيهَاۖ لَنُنَجِّيَنَّهُۥ وَأَهۡلَهُۥٓ إِلَّا ٱمۡرَأَتَهُۥ كَانَتۡ مِنَ ٱلۡغَٰبِرِينَ
Abraham kaa sε, Lut nso wͻhͻ bi. Abͻfoͻ no kaa sε Ye’nim nnipa a wͻn wͻ (kuro no) mu (nyinaa); na yε’bεgye ͻno ne na’busuafoͻ no, na mmom neyere no deε ͻbεka wͻn a wͻ’bεka akyire no ho.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَلَمَّآ أَن جَآءَتۡ رُسُلُنَا لُوطٗا سِيٓءَ بِهِمۡ وَضَاقَ بِهِمۡ ذَرۡعٗاۖ وَقَالُواْ لَا تَخَفۡ وَلَا تَحۡزَنۡ إِنَّا مُنَجُّوكَ وَأَهۡلَكَ إِلَّا ٱمۡرَأَتَكَ كَانَتۡ مِنَ ٱلۡغَٰبِرِينَ
Ɛberε a Ya’bͻfoͻ no baa Lut hͻ no, newerε ho maa wͻn, na neho kyeree no sε onni tumi a (ͻde bεbͻ wͻn ho ban). (Abͻfoͻ no) kaa sε: ”Ensuro na εmma wo werε nso nnho; nokorε sε yε’bεgye wo ne w’abusuafoͻ, gyesε wo yere, ͻbεka wͻn a wͻ’bεka akyire no ho.
Ang mga Tafsir na Arabe:
إِنَّا مُنزِلُونَ عَلَىٰٓ أَهۡلِ هَٰذِهِ ٱلۡقَرۡيَةِ رِجۡزٗا مِّنَ ٱلسَّمَآءِ بِمَا كَانُواْ يَفۡسُقُونَ
Nokorε sε, Yε’besiane asotwee afri soro aba saa kuro yi so foͻ no so, εnam bͻne a wͻ’die ho nti “.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَلَقَد تَّرَكۡنَا مِنۡهَآ ءَايَةَۢ بَيِّنَةٗ لِّقَوۡمٖ يَعۡقِلُونَ
Ampa sε Ye’gyaa nsεnkyerεnee pefee wͻ woi mu demaa amanfoͻ a wͻ’dwen.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَإِلَىٰ مَدۡيَنَ أَخَاهُمۡ شُعَيۡبٗا فَقَالَ يَٰقَوۡمِ ٱعۡبُدُواْ ٱللَّهَ وَٱرۡجُواْ ٱلۡيَوۡمَ ٱلۡأٓخِرَ وَلَا تَعۡثَوۡاْ فِي ٱلۡأَرۡضِ مُفۡسِدِينَ
Madiyanfoͻ hͻ no nso (Yε’somaa) wͻn nua Shuaib. Ͻkaa sε: ”Menkorͻfoͻ, monsom Nyankopͻn, na moma moani na Ɛda a edi akyire no so, na monhwε na moamma nsεmͻnee ankͻso wͻ asaase no so.
Ang mga Tafsir na Arabe:
فَكَذَّبُوهُ فَأَخَذَتۡهُمُ ٱلرَّجۡفَةُ فَأَصۡبَحُواْ فِي دَارِهِمۡ جَٰثِمِينَ
Nanso wͻ’buu no ͻtorofo. Enti asaase wosoͻ denden bi sͻͻ wͻn mu, afei wͻ’dedaa hͻ wͻ wͻn adan mu (wuwui).
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَعَادٗا وَثَمُودَاْ وَقَد تَّبَيَّنَ لَكُم مِّن مَّسَٰكِنِهِمۡۖ وَزَيَّنَ لَهُمُ ٱلشَّيۡطَٰنُ أَعۡمَٰلَهُمۡ فَصَدَّهُمۡ عَنِ ٱلسَّبِيلِ وَكَانُواْ مُسۡتَبۡصِرِينَ
Aad ne Samuudfoͻ no nso, ampa sε wͻn asetena mu da adi pefee ma mo, ͻbonsam maa wͻn dwumadi (bͻne) yεε wͻn (ani so) fε, na ͻsii wͻn kwan (pa) no ho kwan, mmom na wͻn ani abue paa..
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَقَٰرُونَ وَفِرۡعَوۡنَ وَهَٰمَٰنَۖ وَلَقَدۡ جَآءَهُم مُّوسَىٰ بِٱلۡبَيِّنَٰتِ فَٱسۡتَكۡبَرُواْ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَمَا كَانُواْ سَٰبِقِينَ
Kora, ne Farao ne Haamaan nso, ampa sε Mose de nyinasoͻ anaa nkyerεkyerεmu pefee no brεε wͻn, nanso wͻ’yεε ahomasoͻ wͻ asaase no so, na εnyε adeε a wͻ’bεtumi adwane anaa wͻn asan (Yεn) ho.
Ang mga Tafsir na Arabe:
فَكُلًّا أَخَذۡنَا بِذَنۢبِهِۦۖ فَمِنۡهُم مَّنۡ أَرۡسَلۡنَا عَلَيۡهِ حَاصِبٗا وَمِنۡهُم مَّنۡ أَخَذَتۡهُ ٱلصَّيۡحَةُ وَمِنۡهُم مَّنۡ خَسَفۡنَا بِهِ ٱلۡأَرۡضَ وَمِنۡهُم مَّنۡ أَغۡرَقۡنَاۚ وَمَا كَانَ ٱللَّهُ لِيَظۡلِمَهُمۡ وَلَٰكِن كَانُوٓاْ أَنفُسَهُمۡ يَظۡلِمُونَ
Enti Yε’de wͻn mu biara bᴐne twee n’aso. Wͻn mu bi, Yε’somaa mframa den a aboͻ wͻ mu (na Yε’de sεee wͻn), ebinom nso nteamu den na Yε’de twee wͻn aso, Wͻn mu bi nso Yε’maa asaase na εmenee wͻn, na wͻn mu bi nso Yε’maa nsuo na ԑfaa wͻn. Ԑnyε Nyankopͻn na Ͻyԑԑ wͻn bᴐne, na mmom wͻn ara na wͻ’yԑԑ wͻn ho bᴐne.
Ang mga Tafsir na Arabe:
مَثَلُ ٱلَّذِينَ ٱتَّخَذُواْ مِن دُونِ ٱللَّهِ أَوۡلِيَآءَ كَمَثَلِ ٱلۡعَنكَبُوتِ ٱتَّخَذَتۡ بَيۡتٗاۖ وَإِنَّ أَوۡهَنَ ٱلۡبُيُوتِ لَبَيۡتُ ٱلۡعَنكَبُوتِۚ لَوۡ كَانُواْ يَعۡلَمُونَ
Wͻn a wͻ’fri Nyankopͻn akyi fa akyitaafoͻ no mfatoho tesε ananse a wasi fie (ama neho). Nokorε sε efie a enni ahoͻden koraa ne ananse fie, sε anka wͻ’nim ampa a”.
Ang mga Tafsir na Arabe:
إِنَّ ٱللَّهَ يَعۡلَمُ مَا يَدۡعُونَ مِن دُونِهِۦ مِن شَيۡءٖۚ وَهُوَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡحَكِيمُ
Nokorε sε Nyankopͻn Nim adeε biara a wͻ’fri N’akyi sufrε wͻn no. Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ no.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَتِلۡكَ ٱلۡأَمۡثَٰلُ نَضۡرِبُهَا لِلنَّاسِۖ وَمَا يَعۡقِلُهَآ إِلَّا ٱلۡعَٰلِمُونَ
Saa bε a Ye’bu kyerεε nnipa yi, wͻn a wͻ’bεte aseε ne nimdefoͻ no.
Ang mga Tafsir na Arabe:
خَلَقَ ٱللَّهُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ بِٱلۡحَقِّۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَةٗ لِّلۡمُؤۡمِنِينَ
Nokorε na Nyankopͻn debͻͻ soro ne asaase. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema agyidiefoͻ no.
Ang mga Tafsir na Arabe:
ٱتۡلُ مَآ أُوحِيَ إِلَيۡكَ مِنَ ٱلۡكِتَٰبِ وَأَقِمِ ٱلصَّلَوٰةَۖ إِنَّ ٱلصَّلَوٰةَ تَنۡهَىٰ عَنِ ٱلۡفَحۡشَآءِ وَٱلۡمُنكَرِۗ وَلَذِكۡرُ ٱللَّهِ أَكۡبَرُۗ وَٱللَّهُ يَعۡلَمُ مَا تَصۡنَعُونَ
(Nkͻmhyεni), kenkan deε yayi ama wo wͻ Nwoma no mu no, na frε Nyame wͻ nebrε mu. Nokorε sε, Nyamefrε bra akohwisεm ne amumuyε; na Nyankopͻn ho nkaekaeε yε ade kεseε papaapa (wͻ onipa abrabͻ mu). Onyankopͻn deε Onim deε moyε (nyinaa).
Ang mga Tafsir na Arabe:
۞ وَلَا تُجَٰدِلُوٓاْ أَهۡلَ ٱلۡكِتَٰبِ إِلَّا بِٱلَّتِي هِيَ أَحۡسَنُ إِلَّا ٱلَّذِينَ ظَلَمُواْ مِنۡهُمۡۖ وَقُولُوٓاْ ءَامَنَّا بِٱلَّذِيٓ أُنزِلَ إِلَيۡنَا وَأُنزِلَ إِلَيۡكُمۡ وَإِلَٰهُنَا وَإِلَٰهُكُمۡ وَٰحِدٞ وَنَحۡنُ لَهُۥ مُسۡلِمُونَ
Monhwε na mone wͻn a yama wͻn Nyamesom ho Nwoma no annye akyinnye, na mmom (sε εbεba saa koraa a) εnyε kwan pa so; gyesε wͻn mu abͻneεfoͻ no. Monka sε: ”Yε’gye deε yasiane ama yεn no ne deε ya’siane ama mo no di; yεn Nyankopͻn ne mo Nyankopͻn no yε Nyankopͻn baako, na Ɔno na yεyε (Muslim) brε yεn ho ase ma no“.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَكَذَٰلِكَ أَنزَلۡنَآ إِلَيۡكَ ٱلۡكِتَٰبَۚ فَٱلَّذِينَ ءَاتَيۡنَٰهُمُ ٱلۡكِتَٰبَ يُؤۡمِنُونَ بِهِۦۖ وَمِنۡ هَٰٓؤُلَآءِ مَن يُؤۡمِنُ بِهِۦۚ وَمَا يَجۡحَدُ بِـَٔايَٰتِنَآ إِلَّا ٱلۡكَٰفِرُونَ
(Sεdeε Yesianee Nwoma no maa asomafoͻ a edi kan no) saa ara nso na Y’asiane Nwoma no ama woͻ. Enti wͻn a Yε’de Nwoma no maa wͻn (Yudafoͻ ne Kristofoͻ no) mu bi gye di; na (Quraishfoͻ) woi nom mu bi nso wͻ hͻ a wͻ’gye die. Na mmom boniayεfoͻ no na wͻ’ko tia Yεn nsεm no.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَمَا كُنتَ تَتۡلُواْ مِن قَبۡلِهِۦ مِن كِتَٰبٖ وَلَا تَخُطُّهُۥ بِيَمِينِكَۖ إِذٗا لَّٱرۡتَابَ ٱلۡمُبۡطِلُونَ
(Nkͻmhyεni), na wonii kan nkenkan nwoma bi da, na wonfaa wonsa nifa nso ntwerεε nwoma bi da; (sε na anka wonim akenkan anaasε atwerε dada mpo a), εneε na anka wͻn a atorͻsεm na wͻ’di akyire no wͻ ho nyinasoͻ sε wͻn adwen nnsi wͻn pi (wͻ Qur’aan yi ho) “.
Ang mga Tafsir na Arabe:
بَلۡ هُوَ ءَايَٰتُۢ بَيِّنَٰتٞ فِي صُدُورِ ٱلَّذِينَ أُوتُواْ ٱلۡعِلۡمَۚ وَمَا يَجۡحَدُ بِـَٔايَٰتِنَآ إِلَّا ٱلظَّٰلِمُونَ
Daabi, (Qur’aan) yε nsεnkyerεnee a εda adi pefee (sε efri Nyame hͻ) a εwͻ (Yudafoͻ ne Kristofoͻ) no a yε’maa wͻn nimdeε no akoma mu. Na mmom abͻneεfoͻ no na wͻ’ko tia Yε’nsεm no.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَقَالُواْ لَوۡلَآ أُنزِلَ عَلَيۡهِ ءَايَٰتٞ مِّن رَّبِّهِۦۚ قُلۡ إِنَّمَا ٱلۡأٓيَٰتُ عِندَ ٱللَّهِ وَإِنَّمَآ أَنَا۠ نَذِيرٞ مُّبِينٌ
Deε wͻ’ka ne sε: ”Adεn nti na yensiane nsεnkyerεnee bi mfri ne Wura Nyankopͻn hͻ mma no? (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Nsεnkyerεnee no deε Nyankopͻn hͻ na εwͻ, na medeε meyε kͻkͻbͻni pefee.
Ang mga Tafsir na Arabe:
أَوَلَمۡ يَكۡفِهِمۡ أَنَّآ أَنزَلۡنَا عَلَيۡكَ ٱلۡكِتَٰبَ يُتۡلَىٰ عَلَيۡهِمۡۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَرَحۡمَةٗ وَذِكۡرَىٰ لِقَوۡمٖ يُؤۡمِنُونَ
Enti εnsom bo mma wͻn sε, ampa sε Y’asiane Nwoma no ama woͻ a yεrekenkan kyerε wͻn? Nokorε sε, ahummͻborͻ ne afutusεm wͻ woi mu dema amanfoͻ a wͻ’gye die.
Ang mga Tafsir na Arabe:
قُلۡ كَفَىٰ بِٱللَّهِ بَيۡنِي وَبَيۡنَكُمۡ شَهِيدٗاۖ يَعۡلَمُ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۗ وَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ بِٱلۡبَٰطِلِ وَكَفَرُواْ بِٱللَّهِ أُوْلَٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡخَٰسِرُونَ
(Nkͻmhyεni), ka sε: ”Onyankopͻn som bo wͻ me ne montεm sε ͻdanseni. Onim deε εwͻ soro ne asaase so. Wͻn a nkontompo sεm na wͻ’gye die, na wͻ’nnye Nyankopͻn nnie no, saa nkorͻfoͻ no ne berεguofoͻ no.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَيَسۡتَعۡجِلُونَكَ بِٱلۡعَذَابِ وَلَوۡلَآ أَجَلٞ مُّسَمّٗى لَّجَآءَهُمُ ٱلۡعَذَابُۚ وَلَيَأۡتِيَنَّهُم بَغۡتَةٗ وَهُمۡ لَا يَشۡعُرُونَ
(Kaafirfoͻ no) repԑ sԑ wobԑma asotwee no aba ntԑm . Sε εnyε εberε na yahyε a, anka asotwee no bεba wͻn so. Nokorε sε, εbεba wͻn so mpofire mu wͻ εberε a wͻ’nnim koraa.
Ang mga Tafsir na Arabe:
يَسۡتَعۡجِلُونَكَ بِٱلۡعَذَابِ وَإِنَّ جَهَنَّمَ لَمُحِيطَةُۢ بِٱلۡكَٰفِرِينَ
Wͻ’pε sε woma asotwee no ba ntεm. Nokorε sε, ͻbonsam gya no betwa boniayεfoͻ no ho ahyia.
Ang mga Tafsir na Arabe:
يَوۡمَ يَغۡشَىٰهُمُ ٱلۡعَذَابُ مِن فَوۡقِهِمۡ وَمِن تَحۡتِ أَرۡجُلِهِمۡ وَيَقُولُ ذُوقُواْ مَا كُنتُمۡ تَعۡمَلُونَ
Ɛda no a asotwee no befri wͻn tri so ne wͻn nnan ase akata wͻn soͻ no, yε’bεka sε: “Monka dwuma a modiiε no (so asotwee) nhwε“.
Ang mga Tafsir na Arabe:
يَٰعِبَادِيَ ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ إِنَّ أَرۡضِي وَٰسِعَةٞ فَإِيَّٰيَ فَٱعۡبُدُونِ
Menkoa a moagye adie, M’asaase no trε; enti Menko ara na monsom Me.
Ang mga Tafsir na Arabe:
كُلُّ نَفۡسٖ ذَآئِقَةُ ٱلۡمَوۡتِۖ ثُمَّ إِلَيۡنَا تُرۡجَعُونَ
Ɔkra biara bεka owuo ahwε, na afei Yεn hͻ na mobεsan aba.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ لَنُبَوِّئَنَّهُم مِّنَ ٱلۡجَنَّةِ غُرَفٗا تَجۡرِي مِن تَحۡتِهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُ خَٰلِدِينَ فِيهَاۚ نِعۡمَ أَجۡرُ ٱلۡعَٰمِلِينَ
Wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no nso, nokorε sε Yε’bεma wͻn asetena a εkorͻn wͻ Aheman no a nsubͻnten nenam aseε no mu, emu na wͻ’bεtena. Akatua pa paa wͻhͻ ma wͻn a wͻ’di dwuma (pa) no-,
Ang mga Tafsir na Arabe:
ٱلَّذِينَ صَبَرُواْ وَعَلَىٰ رَبِّهِمۡ يَتَوَكَّلُونَ
Wͻn a wͻ’si aboterε na wͻ’de wͻn ho to wͻn Wura Nyankopͻn soͻ no.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَكَأَيِّن مِّن دَآبَّةٖ لَّا تَحۡمِلُ رِزۡقَهَا ٱللَّهُ يَرۡزُقُهَا وَإِيَّاكُمۡۚ وَهُوَ ٱلسَّمِيعُ ٱلۡعَلِيمُ
Mmoadoma bebree na wͻ’nnsoa wͻn akͻnhoma (anaasε wͻ’nni ahoͻden sε wͻ’tumi hwehwε wͻn akonhoma). Nyankopͻn na Ɔbͻ wͻn ne mo (nyinaa) akͻnhoma. Ɔne Otiefoͻ no a Ɔte biribiara no, Ɔne Onimdefoͻ no.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَلَئِن سَأَلۡتَهُم مَّنۡ خَلَقَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ وَسَخَّرَ ٱلشَّمۡسَ وَٱلۡقَمَرَ لَيَقُولُنَّ ٱللَّهُۖ فَأَنَّىٰ يُؤۡفَكُونَ
Sε wobisa wͻn sε : ”Hwan na ͻbͻͻ soro ne asaase, εna w’abrε awia ne bosome ase a (εreyε adwuma a?) “Wͻ’bεka sε: “Nyankopͻn“. Afei adεn na wͻ’dane wͻn ho (fri nokorε no ho?)
Ang mga Tafsir na Arabe:
ٱللَّهُ يَبۡسُطُ ٱلرِّزۡقَ لِمَن يَشَآءُ مِنۡ عِبَادِهِۦ وَيَقۡدِرُ لَهُۥٓۚ إِنَّ ٱللَّهَ بِكُلِّ شَيۡءٍ عَلِيمٞ
Nyankopͻn ma akͻnhoma no bu Nenkoa no mu nea Ɔpε so, εna (Nenkoa a Ɔpε nso) Osusu dema wͻn. Nokorε sε Nyankopͻn ne biribiara ho Nimdefoͻ.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَلَئِن سَأَلۡتَهُم مَّن نَّزَّلَ مِنَ ٱلسَّمَآءِ مَآءٗ فَأَحۡيَا بِهِ ٱلۡأَرۡضَ مِنۢ بَعۡدِ مَوۡتِهَا لَيَقُولُنَّ ٱللَّهُۚ قُلِ ٱلۡحَمۡدُ لِلَّهِۚ بَلۡ أَكۡثَرُهُمۡ لَا يَعۡقِلُونَ
Sε wobisa wͻn nso sε: “Hwan na osiane nsuo fri soro de nyane asaase wͻ ne wuo akyi a?“ Wͻ’bεka sε “Nyankopͻn”. (Nkͻmhyεni), ka sε: “Aseda nyinaa wͻ Nyankopͻn“. Daabi, wͻn mu dodoͻ no ara nndwen.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَمَا هَٰذِهِ ٱلۡحَيَوٰةُ ٱلدُّنۡيَآ إِلَّا لَهۡوٞ وَلَعِبٞۚ وَإِنَّ ٱلدَّارَ ٱلۡأٓخِرَةَ لَهِيَ ٱلۡحَيَوَانُۚ لَوۡ كَانُواْ يَعۡلَمُونَ
Saa wiase asetena yi deε εyε anigyeε ne agorͻ (bi kεkε) Nokorε sε, Daakye asetena no mmom na εyε asetena paa, sε anka wͻ’nim a.
Ang mga Tafsir na Arabe:
فَإِذَا رَكِبُواْ فِي ٱلۡفُلۡكِ دَعَوُاْ ٱللَّهَ مُخۡلِصِينَ لَهُ ٱلدِّينَ فَلَمَّا نَجَّىٰهُمۡ إِلَى ٱلۡبَرِّ إِذَا هُمۡ يُشۡرِكُونَ
Sε wͻ’foro nsuom hyεn a wͻ’sufrε Nyankopͻn wͻ nokorε ne ahobraseε mu. Na sε Ɔgye wͻn nkwa de wͻn beduru asaase no so a, hwε, na wͻ’de biribi rebata (Nyankopͻn) ho,
Ang mga Tafsir na Arabe:
لِيَكۡفُرُواْ بِمَآ ءَاتَيۡنَٰهُمۡ وَلِيَتَمَتَّعُواْۚ فَسَوۡفَ يَعۡلَمُونَ
Sεdeε wͻ’beyi deε Yε’de ama wͻn no ho boniayε, na wͻn agye wͻn ani. Ԑnkyε koraa wͻ’behunu.
Ang mga Tafsir na Arabe:
أَوَلَمۡ يَرَوۡاْ أَنَّا جَعَلۡنَا حَرَمًا ءَامِنٗا وَيُتَخَطَّفُ ٱلنَّاسُ مِنۡ حَوۡلِهِمۡۚ أَفَبِٱلۡبَٰطِلِ يُؤۡمِنُونَ وَبِنِعۡمَةِ ٱللَّهِ يَكۡفُرُونَ
Anaasε (Quraishfoͻ no) nhunuu sε Ya’yε (Maka) kronkron bea no ahotᴐ (bea) a (atamfo) rehwim nnipa a atwa wͻn ho ahyia no? Enti nkontompo na wͻ’gye die, na Nyankopͻn adom no deε wͻ’po?
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَمَنۡ أَظۡلَمُ مِمَّنِ ٱفۡتَرَىٰ عَلَى ٱللَّهِ كَذِبًا أَوۡ كَذَّبَ بِٱلۡحَقِّ لَمَّا جَآءَهُۥٓۚ أَلَيۡسَ فِي جَهَنَّمَ مَثۡوٗى لِّلۡكَٰفِرِينَ
Hwan na ͻyε nnipa bͻneni kyεn obi a otwa nkontompo to Nyankopͻn soͻ, anaasε ͻnnye Nokorε no nnie wͻ aberε a (Nokorε no) aba nehͻ? Enti εnyε bonsam gya no mu na εyε atenaeε ma boniayεfoͻ no?
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَٱلَّذِينَ جَٰهَدُواْ فِينَا لَنَهۡدِيَنَّهُمۡ سُبُلَنَاۚ وَإِنَّ ٱللَّهَ لَمَعَ ٱلۡمُحۡسِنِينَ
Wͻn a wͻ’bͻ wͻn ho mmͻden wͻ Yεn ho no, nokorε sε Yε’bεkyerε wͻn Ya’kwan no. Nokorε sε, Nyankopͻn deε ampa sε Ɔka ayεmyεfoͻ anaasε apapafoͻ no ho.
Ang mga Tafsir na Arabe:
 
Salin ng mga Kahulugan Surah: Al-‘Ankabūt
Indise ng mga Surah Numero ng Pahina
 
Salin ng mga Kahulugan ng Marangal na Qur'an - الترجمة الأكانية - الأشانتية - Indise ng mga Salin

ترجمة معاني القرآن الكريم الى اللغة الأشانتية، ترجمها الشيخ هارون إسماعيل.

Isara