Check out the new design

Salin ng mga Kahulugan ng Marangal na Qur'an - Salin sa Wikang Akan - Ashanti ni Harun Ismail * - Indise ng mga Salin

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Salin ng mga Kahulugan Surah: Āl-‘Imrān   Ayah:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ إِن تُطِيعُواْ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ يَرُدُّوكُمۡ عَلَىٰٓ أَعۡقَٰبِكُمۡ فَتَنقَلِبُواْ خَٰسِرِينَ
Mo a moagye adie, sε moyε sotie ma wͻn a w’apo nokorε no a wͻ’bεma moasan moakyi abεfa monantin so na moadane moho aberε agu.
Ang mga Tafsir na Arabe:
بَلِ ٱللَّهُ مَوۡلَىٰكُمۡۖ وَهُوَ خَيۡرُ ٱلنَّٰصِرِينَ
Aane, Nyankopͻn ne mo Kyitaafoͻ, na Ɔne Ɔboafoͻ papa a Ɔkyεn aboafoͻ nyinaa.
Ang mga Tafsir na Arabe:
سَنُلۡقِي فِي قُلُوبِ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ ٱلرُّعۡبَ بِمَآ أَشۡرَكُواْ بِٱللَّهِ مَا لَمۡ يُنَزِّلۡ بِهِۦ سُلۡطَٰنٗاۖ وَمَأۡوَىٰهُمُ ٱلنَّارُۖ وَبِئۡسَ مَثۡوَى ٱلظَّٰلِمِينَ
Yε’bεbͻ ehuu agu wͻn a wͻ’po nokorε no akoma mu, εnam deε wͻ’de bata Nyankopͻn ho a yensianee nyinasoͻ anaa tumi biara (maa wͻn) wͻ ho no nti. Wͻn fie ne Amanehunu gyem, na εhͻ yε efie bͻne paa ma abͻneεfoͻ no.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَلَقَدۡ صَدَقَكُمُ ٱللَّهُ وَعۡدَهُۥٓ إِذۡ تَحُسُّونَهُم بِإِذۡنِهِۦۖ حَتَّىٰٓ إِذَا فَشِلۡتُمۡ وَتَنَٰزَعۡتُمۡ فِي ٱلۡأَمۡرِ وَعَصَيۡتُم مِّنۢ بَعۡدِ مَآ أَرَىٰكُم مَّا تُحِبُّونَۚ مِنكُم مَّن يُرِيدُ ٱلدُّنۡيَا وَمِنكُم مَّن يُرِيدُ ٱلۡأٓخِرَةَۚ ثُمَّ صَرَفَكُمۡ عَنۡهُمۡ لِيَبۡتَلِيَكُمۡۖ وَلَقَدۡ عَفَا عَنكُمۡۗ وَٱللَّهُ ذُو فَضۡلٍ عَلَى ٱلۡمُؤۡمِنِينَ
Ampa sε, Nyankopͻn dii Ne bͻhyε so maa mo, εberε a N’akwamma mu no mokunkum (abosomsomfoͻ no) kͻpem sε mogooeε, na mogyee akyinnye wͻ nhyehyεε (anaa dwumadie) no ho, na moyεε ho asoͻden wͻ akyire yi a Nyankopͻn de adeε a na anka mopε no kyerεε mo. Momu bi wͻhͻ a na wͻ’pε wiase, εna na momu bi nso pε Daakye no. Afei Ɔdanee mo firii wͻn so sεdeε Ɔbεsͻ mo ahwε; na ampa sɛ Ɔde (mo mfomsoɔ no) afri mo. Nyankopɔn adom a ɛwɔ agyidiefoɔ no soɔ no so paa.
Ang mga Tafsir na Arabe:
۞ إِذۡ تُصۡعِدُونَ وَلَا تَلۡوُۥنَ عَلَىٰٓ أَحَدٖ وَٱلرَّسُولُ يَدۡعُوكُمۡ فِيٓ أُخۡرَىٰكُمۡ فَأَثَٰبَكُمۡ غَمَّۢا بِغَمّٖ لِّكَيۡلَا تَحۡزَنُواْ عَلَىٰ مَا فَاتَكُمۡ وَلَا مَآ أَصَٰبَكُمۡۗ وَٱللَّهُ خَبِيرُۢ بِمَا تَعۡمَلُونَ
Monkae εberε a na moredwane kͻ (bepͻ no) soro no a moantwa moani anhwε obiara mpo, wͻ εberε a na Ɔsomafoͻ no wͻ moakyi retea mu frε mo no; εhͻ na Nyankopͻn de awerεhoͻ foaa awerεhoͻ so detuaa moka, sεdeε monni awerεhoͻ (pii) wͻ deε ahwere mo anaasε deε ato mo no ho. Na Nyankopͻn ne dwuma a modie no ho Amanebͻfoͻ.
Ang mga Tafsir na Arabe:
 
Salin ng mga Kahulugan Surah: Āl-‘Imrān
Indise ng mga Surah Numero ng Pahina
 
Salin ng mga Kahulugan ng Marangal na Qur'an - Salin sa Wikang Akan - Ashanti ni Harun Ismail - Indise ng mga Salin

Isinalin ito ni Shaykh Harun Ismail.

Isara