Check out the new design

Salin ng mga Kahulugan ng Marangal na Qur'an - Salin sa Wikang Akan - Ashanti ni Harun Ismail * - Indise ng mga Salin

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Salin ng mga Kahulugan Surah: Al-Jāthiyah   Ayah:
قُل لِّلَّذِينَ ءَامَنُواْ يَغۡفِرُواْ لِلَّذِينَ لَا يَرۡجُونَ أَيَّامَ ٱللَّهِ لِيَجۡزِيَ قَوۡمَۢا بِمَا كَانُواْ يَكۡسِبُونَ
(Nkͻmhyεni), ka kyerε wͻn a wͻagye adie no sε: “Wͻnfa wͻn a wͻn ani nna Nyankopͻn Nna no soͻ no bͻne nkyε wͻn, sεdeε Ɔbɛtua amanfoͻ bi dwuma a wͻdiiε no so ka.
Ang mga Tafsir na Arabe:
مَنۡ عَمِلَ صَٰلِحٗا فَلِنَفۡسِهِۦۖ وَمَنۡ أَسَآءَ فَعَلَيۡهَاۖ ثُمَّ إِلَىٰ رَبِّكُمۡ تُرۡجَعُونَ
Obia ͻbɛdi dwuma pa no εwͻ ͻno ara kraa, na obi nso a ͻbɛdi dwuma bͻne no nso etia ͻno ara kraa; na εno akyiri no, mo Wura Nyankopͻn hͻ na mobεsan akͻ.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَلَقَدۡ ءَاتَيۡنَا بَنِيٓ إِسۡرَٰٓءِيلَ ٱلۡكِتَٰبَ وَٱلۡحُكۡمَ وَٱلنُّبُوَّةَ وَرَزَقۡنَٰهُم مِّنَ ٱلطَّيِّبَٰتِ وَفَضَّلۡنَٰهُمۡ عَلَى ٱلۡعَٰلَمِينَ
Nokorε sε Yεde Nwoma ne atemmuo ne nkͻmhyε maa Israel mma no, na Yεde adepa bͻͻ wͻn akͻnhoma na Yεmaa wͻn so kyεn amansan no nyinaa (wͻ saa berε no).
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَءَاتَيۡنَٰهُم بَيِّنَٰتٖ مِّنَ ٱلۡأَمۡرِۖ فَمَا ٱخۡتَلَفُوٓاْ إِلَّا مِنۢ بَعۡدِ مَا جَآءَهُمُ ٱلۡعِلۡمُ بَغۡيَۢا بَيۡنَهُمۡۚ إِنَّ رَبَّكَ يَقۡضِي بَيۡنَهُمۡ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ فِيمَا كَانُواْ فِيهِ يَخۡتَلِفُونَ
Yεmaa wͻn ahyԑdeԑ no nso ho nkyerεkyerεmu. Na ntotoo biara nni wͻn mu kͻpem akyire yi a wͻnyaa nimdeε, εnam ahoͻyaa a εda wͻn ntεm no nti. Nokorε sε wo Wura Nyankopͻn bɛbu wͻn ntεm atεn Atemmuda wͻ deε wͻnte wͻn ho ase wͻ ho no ho.
Ang mga Tafsir na Arabe:
ثُمَّ جَعَلۡنَٰكَ عَلَىٰ شَرِيعَةٖ مِّنَ ٱلۡأَمۡرِ فَٱتَّبِعۡهَا وَلَا تَتَّبِعۡ أَهۡوَآءَ ٱلَّذِينَ لَا يَعۡلَمُونَ
Afei (Nkͻmhyεni), Yεde wo sii ͻsom no ahyԑdeԑ no ho mmra kwan pefee no so. Enti di akyire, na hwε na w’anni wͻn a wͻnnim no apεdeε akyi.
Ang mga Tafsir na Arabe:
إِنَّهُمۡ لَن يُغۡنُواْ عَنكَ مِنَ ٱللَّهِ شَيۡـٔٗاۚ وَإِنَّ ٱلظَّٰلِمِينَ بَعۡضُهُمۡ أَوۡلِيَآءُ بَعۡضٖۖ وَٱللَّهُ وَلِيُّ ٱلۡمُتَّقِينَ
Nokorε sε wͻn ho mma mfasoͻ biara mma wo wͻ Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε abͻneεfoͻ no yε akyitaafoͻ ma wͻn ho wͻn ho. Na Onyankopͻn nso ne Nyamesurofoͻ no Kyitaafoͻ.
Ang mga Tafsir na Arabe:
هَٰذَا بَصَٰٓئِرُ لِلنَّاسِ وَهُدٗى وَرَحۡمَةٞ لِّقَوۡمٖ يُوقِنُونَ
(Qur’aan) woi yε anibue (Nwoma) de ma adasamma, na εsan yε kwan kyerε ne ahummͻborͻ de ma amanfoͻ a wͻgye die.
Ang mga Tafsir na Arabe:
أَمۡ حَسِبَ ٱلَّذِينَ ٱجۡتَرَحُواْ ٱلسَّيِّـَٔاتِ أَن نَّجۡعَلَهُمۡ كَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ سَوَآءٗ مَّحۡيَاهُمۡ وَمَمَاتُهُمۡۚ سَآءَ مَا يَحۡكُمُونَ
Anaasε wͻn a wͻdi bͻne no dwen sε Yεbεyε wͻn tesε wͻn a wͻagye adie na wͻredi dwuma pa no; sε wͻn nkwa nna mu ne wͻn wuo mu bεyε pε? Bͻne mu paa na wͻbu atεn.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَخَلَقَ ٱللَّهُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ بِٱلۡحَقِّ وَلِتُجۡزَىٰ كُلُّ نَفۡسِۭ بِمَا كَسَبَتۡ وَهُمۡ لَا يُظۡلَمُونَ
Onyankopͻn de nokorε na abͻ ͻsoro ne asaase, sεdeε ͻkra biara bɛnya n’akatua wͻ deε ͻyͻeε ho, na yɛnni wͻn amim.
Ang mga Tafsir na Arabe:
 
Salin ng mga Kahulugan Surah: Al-Jāthiyah
Indise ng mga Surah Numero ng Pahina
 
Salin ng mga Kahulugan ng Marangal na Qur'an - Salin sa Wikang Akan - Ashanti ni Harun Ismail - Indise ng mga Salin

Isinalin ito ni Shaykh Harun Ismail.

Isara