Check out the new design

Salin ng mga Kahulugan ng Marangal na Qur'an - Salin sa Wikang Akan - Ashanti ni Harun Ismail * - Indise ng mga Salin

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Salin ng mga Kahulugan Surah: Al-Hujurāt   Ayah:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ ٱجۡتَنِبُواْ كَثِيرٗا مِّنَ ٱلظَّنِّ إِنَّ بَعۡضَ ٱلظَّنِّ إِثۡمٞۖ وَلَا تَجَسَّسُواْ وَلَا يَغۡتَب بَّعۡضُكُم بَعۡضًاۚ أَيُحِبُّ أَحَدُكُمۡ أَن يَأۡكُلَ لَحۡمَ أَخِيهِ مَيۡتٗا فَكَرِهۡتُمُوهُۚ وَٱتَّقُواْ ٱللَّهَۚ إِنَّ ٱللَّهَ تَوَّابٞ رَّحِيمٞ
Mo a moagye adie, montwe mo ho mfiri m’adwen yε me sε (onya a ͻbεyε) bebrebe no ho; nokorε sε, m’adwen yε me sε (onya a ͻbεyε) no mu bi yε bͻne. Na monhwε na moantetεtetε (mo ho) na monhwε na moanka mo ho-mo ho akyiri asεm. Mo mu bi pε sε ͻwe ne nua a wawuo nam? Mokyiri saa. Enti monsuro Nyankopͻn. Nokorε sε Nyankopͻn na Ɔgye adwen sakra, na Ɔno ara nso ne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.
Ang mga Tafsir na Arabe:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّاسُ إِنَّا خَلَقۡنَٰكُم مِّن ذَكَرٖ وَأُنثَىٰ وَجَعَلۡنَٰكُمۡ شُعُوبٗا وَقَبَآئِلَ لِتَعَارَفُوٓاْۚ إِنَّ أَكۡرَمَكُمۡ عِندَ ٱللَّهِ أَتۡقَىٰكُمۡۚ إِنَّ ٱللَّهَ عَلِيمٌ خَبِيرٞ
Adasamma, nokorε sε Yεbͻͻ mo firii ͻbarima (Adam) ne ͻbaa (Hawa) mu, εna Yɛayε mo nntͻn ne mmusua kuo sεdeε mobɛhunu mo ho, (na mmom εnyε sε mobɛbu mo ho mo ho animtia). Nokorε sε mo mu onimuonyamfoͻ wͻ Nyankopͻn hͻ deε ͻne mo mu Nyamesuroni. Nokorε sε Nyankopͻn ne Onimdefoͻ, Ɔne Amanebͻ Wura.
Ang mga Tafsir na Arabe:
۞ قَالَتِ ٱلۡأَعۡرَابُ ءَامَنَّاۖ قُل لَّمۡ تُؤۡمِنُواْ وَلَٰكِن قُولُوٓاْ أَسۡلَمۡنَا وَلَمَّا يَدۡخُلِ ٱلۡإِيمَٰنُ فِي قُلُوبِكُمۡۖ وَإِن تُطِيعُواْ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥ لَا يَلِتۡكُم مِّنۡ أَعۡمَٰلِكُمۡ شَيۡـًٔاۚ إِنَّ ٱللَّهَ غَفُورٞ رَّحِيمٌ
Ɛserε so Arabfoͻ no ka sε: “Yɛagye adi. (Nkͻmhyεni), ka kyerε wͻn sε: “Monya nnye nnii, na mmom monka sε: Yɛaberε yεn ho ase (ayε Muslimifoͻ), efrisε gyedie nya nwuraa mo akoma mu”. Na sε moyε sotie ma Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no a, Ɔmma hwee so nnte mfiri mo nnwuma (pa akatua no) so. Nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.
Ang mga Tafsir na Arabe:
إِنَّمَا ٱلۡمُؤۡمِنُونَ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ بِٱللَّهِ وَرَسُولِهِۦ ثُمَّ لَمۡ يَرۡتَابُواْ وَجَٰهَدُواْ بِأَمۡوَٰلِهِمۡ وَأَنفُسِهِمۡ فِي سَبِيلِ ٱللَّهِۚ أُوْلَٰٓئِكَ هُمُ ٱلصَّٰدِقُونَ
Agyidiefoͻ paa no ne wͻn a wͻagye Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no adie, na afei wͻn adwen nhinhim, na wͻde wͻn agyapadeε ne wͻn kraa bͻ mmͻden wͻ Nyankopͻn kwan no soͻ. Saa nkorͻfoͻ no ne nokwafoͻ no.
Ang mga Tafsir na Arabe:
قُلۡ أَتُعَلِّمُونَ ٱللَّهَ بِدِينِكُمۡ وَٱللَّهُ يَعۡلَمُ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِي ٱلۡأَرۡضِۚ وَٱللَّهُ بِكُلِّ شَيۡءٍ عَلِيمٞ
(Nkͻmhyεni, ka sε: “Enti morekyerε mo som de akyerε Nyankopͻn, aberε a Nyankopͻn Nim deε εwͻ soro ne asaase so (nyinaa)? Onyankopͻn ne biribiara ho Nimdefoͻ.
Ang mga Tafsir na Arabe:
يَمُنُّونَ عَلَيۡكَ أَنۡ أَسۡلَمُواْۖ قُل لَّا تَمُنُّواْ عَلَيَّ إِسۡلَٰمَكُمۖ بَلِ ٱللَّهُ يَمُنُّ عَلَيۡكُمۡ أَنۡ هَدَىٰكُمۡ لِلۡإِيمَٰنِ إِن كُنتُمۡ صَٰدِقِينَ
(Wͻpε sε wͻkyerε) sε wͻayε wo adom sε wͻn abεyε Muslim. (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Monnfa mo Islam (a moayε) no nkyerε adom a moayε ama me. Daabi, Nyankopͻn na adom mo sε Wakyerε mo kwan aba gyidie no mu, sε moyε nokwafoͻ ampa a.
Ang mga Tafsir na Arabe:
إِنَّ ٱللَّهَ يَعۡلَمُ غَيۡبَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۚ وَٱللَّهُ بَصِيرُۢ بِمَا تَعۡمَلُونَ
Nokorε sε Nyankopͻn Nim ͻsoro ne asaase so ahuntasεm (nyinaa). Onyankopͻn deε N’ani tua dwuma a modie (nyinaa).
Ang mga Tafsir na Arabe:
 
Salin ng mga Kahulugan Surah: Al-Hujurāt
Indise ng mga Surah Numero ng Pahina
 
Salin ng mga Kahulugan ng Marangal na Qur'an - Salin sa Wikang Akan - Ashanti ni Harun Ismail - Indise ng mga Salin

Isinalin ito ni Shaykh Harun Ismail.

Isara