Check out the new design

Salin ng mga Kahulugan ng Marangal na Qur'an - Salin sa Wikang Akan - Ashanti ni Harun Ismail * - Indise ng mga Salin

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Salin ng mga Kahulugan Surah: Al-A‘rāf   Ayah:
وَلَقَدۡ جِئۡنَٰهُم بِكِتَٰبٖ فَصَّلۡنَٰهُ عَلَىٰ عِلۡمٍ هُدٗى وَرَحۡمَةٗ لِّقَوۡمٖ يُؤۡمِنُونَ
Ampa sε, Yεde Nwoma a Yεde nimdeε akyerεkyerε mu aberε wͻn; εyε kwankyerε ne ahummͻborͻ dema amanfoͻ a wͻgye die.
Ang mga Tafsir na Arabe:
هَلۡ يَنظُرُونَ إِلَّا تَأۡوِيلَهُۥۚ يَوۡمَ يَأۡتِي تَأۡوِيلُهُۥ يَقُولُ ٱلَّذِينَ نَسُوهُ مِن قَبۡلُ قَدۡ جَآءَتۡ رُسُلُ رَبِّنَا بِٱلۡحَقِّ فَهَل لَّنَا مِن شُفَعَآءَ فَيَشۡفَعُواْ لَنَآ أَوۡ نُرَدُّ فَنَعۡمَلَ غَيۡرَ ٱلَّذِي كُنَّا نَعۡمَلُۚ قَدۡ خَسِرُوٓاْ أَنفُسَهُمۡ وَضَلَّ عَنۡهُم مَّا كَانُواْ يَفۡتَرُونَ
Enti deε wͻretwεn ara nesε εberε no bεsoo? Ɛda a saa berε no bεsoo no, wͻn a kane no wͻn werε firiiε no bεka sε: “Ampa yɛ’Wura Nyankopͻn asomafoͻ no de nokorε no bae. Enti yεbɛnya ntwitwagyefoͻ bi a wͻbɛtwitwa agye yεn? Anaasε yεmma yεn nsan nkͻ (wiase) na yεnkͻdi dwuma a εnnyε deε yεdii no (kanee no)?” Ampa sε, wͻn ahwere wͻn kraa, na deε wͻbͻͻ wͻn tirim yͻeε no nso adi wͻn hwammͻ.
Ang mga Tafsir na Arabe:
إِنَّ رَبَّكُمُ ٱللَّهُ ٱلَّذِي خَلَقَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ فِي سِتَّةِ أَيَّامٖ ثُمَّ ٱسۡتَوَىٰ عَلَى ٱلۡعَرۡشِۖ يُغۡشِي ٱلَّيۡلَ ٱلنَّهَارَ يَطۡلُبُهُۥ حَثِيثٗا وَٱلشَّمۡسَ وَٱلۡقَمَرَ وَٱلنُّجُومَ مُسَخَّرَٰتِۭ بِأَمۡرِهِۦٓۗ أَلَا لَهُ ٱلۡخَلۡقُ وَٱلۡأَمۡرُۗ تَبَارَكَ ٱللَّهُ رَبُّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Nokorε sε, mo Wura no ne Nyankopͻn a Ɔde nna nsia bͻͻ soro ne asaase, εna Ɔde Neho sii Animonyam Ahennwa no soͻ. Ɔno na Ɔma adesaeε kata adekyeε soͻ (εna adekyeε nso kata adesaeε nso soͻ) na εde ntεm pε tͻkͻ so (di wͻn ho wͻn ho akyi). Awia ne bosome ne nsoromma nso berε wͻn ho ase ma N’ahyεdeε. Nokorε sɛ, Ɔno na abͻdeε ne ahyεdeε wͻ no. Nhyira Wura ne Nyankopͻn Abͻdeε nyinaa Wura no.
Ang mga Tafsir na Arabe:
ٱدۡعُواْ رَبَّكُمۡ تَضَرُّعٗا وَخُفۡيَةًۚ إِنَّهُۥ لَا يُحِبُّ ٱلۡمُعۡتَدِينَ
Monfa ahobraseε nsu mfrε mo Wura Nyankopͻn wͻ kokoa mu. Nokorε sε, Ɔmpε mmratofoͻ no asεm.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَلَا تُفۡسِدُواْ فِي ٱلۡأَرۡضِ بَعۡدَ إِصۡلَٰحِهَا وَٱدۡعُوهُ خَوۡفٗا وَطَمَعًاۚ إِنَّ رَحۡمَتَ ٱللَّهِ قَرِيبٞ مِّنَ ٱلۡمُحۡسِنِينَ
Na monhwε na akyire yi a yɛasiesie asaase soͻ no moanni nsεmͻnee wͻ so, na momfa suro ne anidaasoͻ nsu mfrε no. Nokorε sε, Nyankopͻn ahummͻborͻ no bεn apapafoͻ no.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَهُوَ ٱلَّذِي يُرۡسِلُ ٱلرِّيَٰحَ بُشۡرَۢا بَيۡنَ يَدَيۡ رَحۡمَتِهِۦۖ حَتَّىٰٓ إِذَآ أَقَلَّتۡ سَحَابٗا ثِقَالٗا سُقۡنَٰهُ لِبَلَدٖ مَّيِّتٖ فَأَنزَلۡنَا بِهِ ٱلۡمَآءَ فَأَخۡرَجۡنَا بِهِۦ مِن كُلِّ ٱلثَّمَرَٰتِۚ كَذَٰلِكَ نُخۡرِجُ ٱلۡمَوۡتَىٰ لَعَلَّكُمۡ تَذَكَّرُونَ
Ɔno na Ɔsoma mframa sԑ anohoba ma edi N’ahummͻborͻ no anim kan; kͻpem sε (mframa no) bεsoa munumkum duruduro no; Yɛpia (mununkum no) de ma asaase a awuo, na Yεde asane nsuo no, na Yεde ama nnuaba biara apiepie. Saa ara na Yεma awufoͻ no piepie sεdeε ɛbɛyɛ a mobε dwen.
Ang mga Tafsir na Arabe:
 
Salin ng mga Kahulugan Surah: Al-A‘rāf
Indise ng mga Surah Numero ng Pahina
 
Salin ng mga Kahulugan ng Marangal na Qur'an - Salin sa Wikang Akan - Ashanti ni Harun Ismail - Indise ng mga Salin

Isinalin ito ni Shaykh Harun Ismail.

Isara