Check out the new design

Salin ng mga Kahulugan ng Marangal na Qur'an - Salin sa Wikang Akan - Ashanti ni Harun Ismail * - Indise ng mga Salin

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Salin ng mga Kahulugan Surah: At-Tawbah   Ayah:
وَٱلَّذِينَ ٱتَّخَذُواْ مَسۡجِدٗا ضِرَارٗا وَكُفۡرٗا وَتَفۡرِيقَۢا بَيۡنَ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ وَإِرۡصَادٗا لِّمَنۡ حَارَبَ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥ مِن قَبۡلُۚ وَلَيَحۡلِفُنَّ إِنۡ أَرَدۡنَآ إِلَّا ٱلۡحُسۡنَىٰۖ وَٱللَّهُ يَشۡهَدُ إِنَّهُمۡ لَكَٰذِبُونَ
Wͻn a wͻsi Nyame-dan wͻ adwen bͻne ne boniayε soͻ (depε sε) wͻpaepae agyidiefoͻ no ntam, de (saa Nyamedan no) yε hunta bea dema wͻn a wͻne Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no ako pεn; nokorε sε (saa nkͻnkͻnsafoͻ no) bɛdi nse (akyerε wo) sε: “Ɛnyε adwen bͻne bi na wͻrehwehwε, na mmom papa”. Nyankopͻn di adanseε sε wͻyε nkontompofoͻ.
Ang mga Tafsir na Arabe:
لَا تَقُمۡ فِيهِ أَبَدٗاۚ لَّمَسۡجِدٌ أُسِّسَ عَلَى ٱلتَّقۡوَىٰ مِنۡ أَوَّلِ يَوۡمٍ أَحَقُّ أَن تَقُومَ فِيهِۚ فِيهِ رِجَالٞ يُحِبُّونَ أَن يَتَطَهَّرُواْۚ وَٱللَّهُ يُحِبُّ ٱلۡمُطَّهِّرِينَ
(Nkͻmhyεni), hwε na woannyina (saa Nyame-dan no) mu da. Nokorε sε, (Qubba) Nyame-dan a yεtoo ne fampem wͻ Nyame suro so wͻ εda a edi kan (a woduruu Madina) no, εno na εho wͻ kwan sε wogyina mu. (Saa Nyamedan no) mu na mmarima a wͻpε sε wͻyε kronkron te wͻn ho firi efii ho no wͻ. Nyankopͻn deε Ɔpε wͻn a wͻ’yε kronkron no asεm.
Ang mga Tafsir na Arabe:
أَفَمَنۡ أَسَّسَ بُنۡيَٰنَهُۥ عَلَىٰ تَقۡوَىٰ مِنَ ٱللَّهِ وَرِضۡوَٰنٍ خَيۡرٌ أَم مَّنۡ أَسَّسَ بُنۡيَٰنَهُۥ عَلَىٰ شَفَا جُرُفٍ هَارٖ فَٱنۡهَارَ بِهِۦ فِي نَارِ جَهَنَّمَۗ وَٱللَّهُ لَا يَهۡدِي ٱلۡقَوۡمَ ٱلظَّٰلِمِينَ
Enti obi a ͻtoo ne dan fapem sii Nyame suro a ɛfiri Nyankopͻn hͻ, ne Nyankopͻn nyetomu soͻ no na εyε, anaasε obi a ͻtoo ne dan fapem sii kokoͻ so a amena wͻ aseε ano, na ebu de no kͻhwee Amanehunu gya no mu (na εyε)? Nyankopͻn deε Ɔnkyerε nnipa bͻnefoͻ no kwan.
Ang mga Tafsir na Arabe:
لَا يَزَالُ بُنۡيَٰنُهُمُ ٱلَّذِي بَنَوۡاْ رِيبَةٗ فِي قُلُوبِهِمۡ إِلَّآ أَن تَقَطَّعَ قُلُوبُهُمۡۗ وَٱللَّهُ عَلِيمٌ حَكِيمٌ
Ɛdan a wͻsiiε (a yɛbubu guuiε) no enyae wͻn yayε wͻ wͻn akoma mu da, gyesε wͻn akoma twitwa asin-asin (anaa kͻpem da a wͻbɛwuo). Onyankopͻn ne Nimdefoͻ a Ɔnim biribiara, Ɔne Onyansafoͻ.
Ang mga Tafsir na Arabe:
۞ إِنَّ ٱللَّهَ ٱشۡتَرَىٰ مِنَ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ أَنفُسَهُمۡ وَأَمۡوَٰلَهُم بِأَنَّ لَهُمُ ٱلۡجَنَّةَۚ يُقَٰتِلُونَ فِي سَبِيلِ ٱللَّهِ فَيَقۡتُلُونَ وَيُقۡتَلُونَۖ وَعۡدًا عَلَيۡهِ حَقّٗا فِي ٱلتَّوۡرَىٰةِ وَٱلۡإِنجِيلِ وَٱلۡقُرۡءَانِۚ وَمَنۡ أَوۡفَىٰ بِعَهۡدِهِۦ مِنَ ٱللَّهِۚ فَٱسۡتَبۡشِرُواْ بِبَيۡعِكُمُ ٱلَّذِي بَايَعۡتُم بِهِۦۚ وَذَٰلِكَ هُوَ ٱلۡفَوۡزُ ٱلۡعَظِيمُ
Nokorε sε, Nyankopͻn atͻ agyidiefoͻ no kraa ne wͻn agyapadeε afiri wͻn hͻ, efirisε Ɔsoro aheman no wͻ wͻn. Wͻreko wͻ Nyankopͻn kwan so, na wͻrekum (bi) na yεrekum wͻn (nso mu bi). (Wei) yε nokorε bͻhyε a εda Nyankopͻn so wͻ Tora ne Injeel ne Qur’aan mu. Hwan na ɔdi ne bͻhyε so kyεn Nyankopͻn? Enti (agyidiefoͻ), momma moani nnye modwadie a moredie no ho, na εno ne nkonimdie kεseε no.
Ang mga Tafsir na Arabe:
 
Salin ng mga Kahulugan Surah: At-Tawbah
Indise ng mga Surah Numero ng Pahina
 
Salin ng mga Kahulugan ng Marangal na Qur'an - Salin sa Wikang Akan - Ashanti ni Harun Ismail - Indise ng mga Salin

Isinalin ito ni Shaykh Harun Ismail.

Isara