Check out the new design

《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 * - 译解目录

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

含义的翻译 章: 伊斯拉仪   段:
۞ قُلۡ كُونُواْ حِجَارَةً أَوۡ حَدِيدًا
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Modeε (mopε a) monyε boͻ anaa dadeε;
阿拉伯语经注:
أَوۡ خَلۡقٗا مِّمَّا يَكۡبُرُ فِي صُدُورِكُمۡۚ فَسَيَقُولُونَ مَن يُعِيدُنَاۖ قُلِ ٱلَّذِي فَطَرَكُمۡ أَوَّلَ مَرَّةٖۚ فَسَيُنۡغِضُونَ إِلَيۡكَ رُءُوسَهُمۡ وَيَقُولُونَ مَتَىٰ هُوَۖ قُلۡ عَسَىٰٓ أَن يَكُونَ قَرِيبٗا
Anaasε abͻdeε bi a, moakoma mu no εyε den (sε εbetumi asan aba nkwa mu bio)“. Wͻrebebisa sε: “Hwan na ͻbεsan (de) yεn (aba nkwa mu) bio no?“ Ka sε: “Nea Ɔbͻͻ mo (wͻ εberε a) edi kan no (mu no ara). Wͻ’bεwoso wͻn ti agu wo so na wͻn aka sε: “Ɛberε bεn ne no?” Kasε: ”Ebia na abεn mpo“.
阿拉伯语经注:
يَوۡمَ يَدۡعُوكُمۡ فَتَسۡتَجِيبُونَ بِحَمۡدِهِۦ وَتَظُنُّونَ إِن لَّبِثۡتُمۡ إِلَّا قَلِيلٗا
Ɛda a (Nyankopͻn) bεfrε mo no, mode N’aseda bεgye no so, na mo bεdwen sԑ εberε tiaa bi na mode tenaa (wiase).
阿拉伯语经注:
وَقُل لِّعِبَادِي يَقُولُواْ ٱلَّتِي هِيَ أَحۡسَنُۚ إِنَّ ٱلشَّيۡطَٰنَ يَنزَغُ بَيۡنَهُمۡۚ إِنَّ ٱلشَّيۡطَٰنَ كَانَ لِلۡإِنسَٰنِ عَدُوّٗا مُّبِينٗا
Kakyerε Menkoa no sε wͻnka kasa pa, efrisε, ͻbonsam rehyε wͻn ntεm takara wͻ gyem. Nokorε sε, ͻbonsam yε ɔtamfo pefee dema onipa dasani.
阿拉伯语经注:
رَّبُّكُمۡ أَعۡلَمُ بِكُمۡۖ إِن يَشَأۡ يَرۡحَمۡكُمۡ أَوۡ إِن يَشَأۡ يُعَذِّبۡكُمۡۚ وَمَآ أَرۡسَلۡنَٰكَ عَلَيۡهِمۡ وَكِيلٗا
Mo Wura Nyankopͻn Nim mo yie. Sε Ɔpε a Ɔbehu mo mmͻbͻ, anaasε Ɔpε nso a Ɔbεtwe moaso. Y’annsoma wo nso sε wo yε wͻn so hwεfoᴐ.
阿拉伯语经注:
وَرَبُّكَ أَعۡلَمُ بِمَن فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۗ وَلَقَدۡ فَضَّلۡنَا بَعۡضَ ٱلنَّبِيِّـۧنَ عَلَىٰ بَعۡضٖۖ وَءَاتَيۡنَا دَاوُۥدَ زَبُورٗا
Wo Wura Nyankopͻn nim wͻn a wɔn wͻ soro ne asaase soͻ no (nyinaa). Nokorε sε Yε’bͻͻ nkͻmhyεfoͻ no bi abaso kyεn bi, na Yεde Zabuur maa Dawid.
阿拉伯语经注:
قُلِ ٱدۡعُواْ ٱلَّذِينَ زَعَمۡتُم مِّن دُونِهِۦ فَلَا يَمۡلِكُونَ كَشۡفَ ٱلضُّرِّ عَنكُمۡ وَلَا تَحۡوِيلًا
Ka sε: “Monfrε wͻn a modwen sε (wͻyε anyame) ka Neho no (tesε Yesu ne wͻn a wͻkeka ho no). Wͻ nni tumi sε wͻtumi yi ͻhaw bi fri mo soͻ anaasε wͻsesa (ͻhaw a ato mo no).
阿拉伯语经注:
أُوْلَٰٓئِكَ ٱلَّذِينَ يَدۡعُونَ يَبۡتَغُونَ إِلَىٰ رَبِّهِمُ ٱلۡوَسِيلَةَ أَيُّهُمۡ أَقۡرَبُ وَيَرۡجُونَ رَحۡمَتَهُۥ وَيَخَافُونَ عَذَابَهُۥٓۚ إِنَّ عَذَابَ رَبِّكَ كَانَ مَحۡذُورٗا
Wͻn a wͻsu frε wͻn, (tesε Yesu ne wͻn a wͻkeka ho) no ara nso hwehwε ͻkwan a εkͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ; wͻn a wͻbεn (Nyankopͻn) paa no mpo hwehwε N’ahummͻborͻ, na wͻ’suro N’asotwee no; efrisε, wo Wura Nyankopͻn asotwee no yε adeε a εsεsε (onipa) yε ho ahwεyie.
阿拉伯语经注:
وَإِن مِّن قَرۡيَةٍ إِلَّا نَحۡنُ مُهۡلِكُوهَا قَبۡلَ يَوۡمِ ٱلۡقِيَٰمَةِ أَوۡ مُعَذِّبُوهَا عَذَابٗا شَدِيدٗاۚ كَانَ ذَٰلِكَ فِي ٱلۡكِتَٰبِ مَسۡطُورٗا
Ͻman biara nni hͻ (a εbεka hͻ), na mmom Yε bεsεe no ansa na Wusᴐreε da no (aba): anaasε yεde asotwee denden bεtwe n’aso. Na yatwerε εno wͻ Nwoma no mu.
阿拉伯语经注:
 
含义的翻译 章: 伊斯拉仪
章节目录 页码
 
《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 - 译解目录

由谢赫·哈伦·伊斯玛仪翻译。

关闭