Check out the new design

《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 * - 译解目录

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

含义的翻译 章: 塔哈   段:
قَالَ عِلۡمُهَا عِندَ رَبِّي فِي كِتَٰبٖۖ لَّا يَضِلُّ رَبِّي وَلَا يَنسَى
Mose kaa sε: “Ɛno ho nimdeε wͻ Nwoma mu wͻ me Wura Nyankopͻn hͻ; me Wura Nyankopͻn nyε mfomsoͻ, na Ne werε mmfi nso”.
阿拉伯语经注:
ٱلَّذِي جَعَلَ لَكُمُ ٱلۡأَرۡضَ مَهۡدٗا وَسَلَكَ لَكُمۡ فِيهَا سُبُلٗا وَأَنزَلَ مِنَ ٱلسَّمَآءِ مَآءٗ فَأَخۡرَجۡنَا بِهِۦٓ أَزۡوَٰجٗا مِّن نَّبَاتٖ شَتَّىٰ
Ɔno na Wayε asaase atrε mu asε hͻ ama mo, εna Watwitwa akwan ato mu ama mo, εna Osiane nsuo fri soro, na Yεde ma nnuaba ahodoͻ fifiri mmienu mmienu (anini ne abedeε).
阿拉伯语经注:
كُلُواْ وَٱرۡعَوۡاْ أَنۡعَٰمَكُمۡۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَٰتٖ لِّأُوْلِي ٱلنُّهَىٰ
Monidi na moma mo ayεmmoa nso nidi. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema mmadwemmafoͻ no.
阿拉伯语经注:
۞ مِنۡهَا خَلَقۡنَٰكُمۡ وَفِيهَا نُعِيدُكُمۡ وَمِنۡهَا نُخۡرِجُكُمۡ تَارَةً أُخۡرَىٰ
{Asaase} mu na Yεbͻͻ mo firiiɛ, na emu na Yεbεma moasan akͻ, na emu na Yεbεsan ama mo apue afri wͻ εberε a εtͻso bio (no mu).
阿拉伯语经注:
وَلَقَدۡ أَرَيۡنَٰهُ ءَايَٰتِنَا كُلَّهَا فَكَذَّبَ وَأَبَىٰ
Nokorε sε Yεde Yεn nsεnkyerεnee no nyinaa kyerεε Farao, nanso obuu no atorͻsεm na ͻpoe (wannye anni).
阿拉伯语经注:
قَالَ أَجِئۡتَنَا لِتُخۡرِجَنَا مِنۡ أَرۡضِنَا بِسِحۡرِكَ يَٰمُوسَىٰ
Ɔkaa sε: ”Mose, wode wo ntafowa aba rebɛtu yεn afri y’asaase so?”
阿拉伯语经注:
فَلَنَأۡتِيَنَّكَ بِسِحۡرٖ مِّثۡلِهِۦ فَٱجۡعَلۡ بَيۡنَنَا وَبَيۡنَكَ مَوۡعِدٗا لَّا نُخۡلِفُهُۥ نَحۡنُ وَلَآ أَنتَ مَكَانٗا سُوٗى
Yεnso yεbyi ntafowa a εte saa akyerε wo, enti hyε berε to yε ne wo ntεm; yɛmmu so, wonso saa ara; (na yɛnhyia) wͻ bea a εyε pεpεεpε (ma yεn mmienu nyinaa).
阿拉伯语经注:
قَالَ مَوۡعِدُكُمۡ يَوۡمُ ٱلزِّينَةِ وَأَن يُحۡشَرَ ٱلنَّاسُ ضُحٗى
(Mose) kaa sε: ”Ɛberε a yεde ahyε mo no ne Afahyε da no, na ma amanfoͻ no nhyia anͻpa-wia berε (no mu)”.
阿拉伯语经注:
فَتَوَلَّىٰ فِرۡعَوۡنُ فَجَمَعَ كَيۡدَهُۥ ثُمَّ أَتَىٰ
Enti Farao danee ne ho kͻ kͻbͻͻ ne pͻ na ͻsan bae.
阿拉伯语经注:
قَالَ لَهُم مُّوسَىٰ وَيۡلَكُمۡ لَا تَفۡتَرُواْ عَلَى ٱللَّهِ كَذِبٗا فَيُسۡحِتَكُم بِعَذَابٖۖ وَقَدۡ خَابَ مَنِ ٱفۡتَرَىٰ
Mose ka kyerεε wͻn sε : “Adi ayε mo! Monhwε na moammͻ mo trim antwa nkontompo anto Nyankopͻn so, na anhwε a Ɔde asotwe bεtwe mo aso. Ampa sε obi a otwa nkontompo (to Nyankopͻn soͻ) no bɛdi nkoguo.
阿拉伯语经注:
فَتَنَٰزَعُوٓاْ أَمۡرَهُم بَيۡنَهُمۡ وَأَسَرُّواْ ٱلنَّجۡوَىٰ
Enti wͻgyee wͻn ho akyinnye wͻ wͻn nsεm no ho (fa Mose ho), nanso wͻde wͻn agyinatuo no siεe.
阿拉伯语经注:
قَالُوٓاْ إِنۡ هَٰذَٰنِ لَسَٰحِرَٰنِ يُرِيدَانِ أَن يُخۡرِجَاكُم مِّنۡ أَرۡضِكُم بِسِحۡرِهِمَا وَيَذۡهَبَا بِطَرِيقَتِكُمُ ٱلۡمُثۡلَىٰ
Wͻkaa sε: “Nokorε mu, saa nnipa mmienu yi yε ntafowayifoͻ mmienu a wͻpεsε wͻde wͻn ntafowa no bɛtu mo fri mo asaase soͻ na wͻyi mo amammerε pa no fri hͻ.
阿拉伯语经注:
فَأَجۡمِعُواْ كَيۡدَكُمۡ ثُمَّ ٱئۡتُواْ صَفّٗاۚ وَقَدۡ أَفۡلَحَ ٱلۡيَوۡمَ مَنِ ٱسۡتَعۡلَىٰ
Enti momoa adwen (a mowᴐ) nyinaa ano na monto santen mmra, na ampa sε obi a obedi nkonim nnε no benya sadeε“.
阿拉伯语经注:
 
含义的翻译 章: 塔哈
章节目录 页码
 
《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 - 译解目录

由谢赫·哈伦·伊斯玛仪翻译。

关闭