Check out the new design

《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 * - 译解目录

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

含义的翻译 章: 哈吉   段:
وَهُدُوٓاْ إِلَى ٱلطَّيِّبِ مِنَ ٱلۡقَوۡلِ وَهُدُوٓاْ إِلَىٰ صِرَٰطِ ٱلۡحَمِيدِ
Yε’kyerεε wͻn kwan kͻͻ asεm papa no mu (wͻ wiase ha), na yεkyerεε wͻn kwan kͻͻ (Otumfoͻ no a) Ayeyie fata no no kwan no so.
阿拉伯语经注:
إِنَّ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ وَيَصُدُّونَ عَن سَبِيلِ ٱللَّهِ وَٱلۡمَسۡجِدِ ٱلۡحَرَامِ ٱلَّذِي جَعَلۡنَٰهُ لِلنَّاسِ سَوَآءً ٱلۡعَٰكِفُ فِيهِ وَٱلۡبَادِۚ وَمَن يُرِدۡ فِيهِ بِإِلۡحَادِۭ بِظُلۡمٖ نُّذِقۡهُ مِنۡ عَذَابٍ أَلِيمٖ
Nokorε sε wͻn a wͻ’po nokorԑ, na wͻ’si (amanfoͻ) kwan fri Nyame kwan no soͻ, ne Nyamedan Kronkron a Ya’yεhͻ (nhyehyεε) pεpεεpε ama nnipa (nyinaa) ͻmani ne ͻhͻhoͻ; obi a n’adwen ne sε ͻbεyε bͻne wͻ hͻ no deԑ, Yε’bεma no aka asotwee yaaya no ahwε.
阿拉伯语经注:
وَإِذۡ بَوَّأۡنَا لِإِبۡرَٰهِيمَ مَكَانَ ٱلۡبَيۡتِ أَن لَّا تُشۡرِكۡ بِي شَيۡـٔٗا وَطَهِّرۡ بَيۡتِيَ لِلطَّآئِفِينَ وَٱلۡقَآئِمِينَ وَٱلرُّكَّعِ ٱلسُّجُودِ
Kae εberε a Yεkyerεε Abraham (Ka’aba) Fie no si berε no, (Yεka kyerεε no) sε: “Ɛmfa biribiara mmata Meho, na te Me Fie no ho ma wͻn a wͻtwa ho hyia, na wͻgyina hͻ bͻ mpaeε, na wͻbͻ wͻn mu aseε de wͻn anim butu fͻm “.
阿拉伯语经注:
وَأَذِّن فِي ٱلنَّاسِ بِٱلۡحَجِّ يَأۡتُوكَ رِجَالٗا وَعَلَىٰ كُلِّ ضَامِرٖ يَأۡتِينَ مِن كُلِّ فَجٍّ عَمِيقٖ
“Na bͻ Haji no ho dawuro kyerε amanfoͻ; nnipa nam wͻn nnan so, ne wͻn a wͻte yoma a wafͻn so bεba wo hͻ, wͻn bɛfri akyirikyiri baabiara aba “.
阿拉伯语经注:
لِّيَشۡهَدُواْ مَنَٰفِعَ لَهُمۡ وَيَذۡكُرُواْ ٱسۡمَ ٱللَّهِ فِيٓ أَيَّامٖ مَّعۡلُومَٰتٍ عَلَىٰ مَا رَزَقَهُم مِّنۢ بَهِيمَةِ ٱلۡأَنۡعَٰمِۖ فَكُلُواْ مِنۡهَا وَأَطۡعِمُواْ ٱلۡبَآئِسَ ٱلۡفَقِيرَ
Sεdeε wͻbεba abεhwε deε εyε mfasoͻ ma wͻn, na wabͻ Nyankopͻn abodin wͻ nna a yahyε no mu wͻ deε Yεde abͻ wͻn akͻnhoma no ho, a εyε nyεmmoa no. Na moni mu bi, na moma ohiani a neho akyere no no nso biribi ni.
阿拉伯语经注:
ثُمَّ لۡيَقۡضُواْ تَفَثَهُمۡ وَلۡيُوفُواْ نُذُورَهُمۡ وَلۡيَطَّوَّفُواْ بِٱلۡبَيۡتِ ٱلۡعَتِيقِ
Afei wͻ’nwie wͻn (Nyamesom) amaneε no, na wͻni wͻn bͻhyε so, na wͻntwa Tete Fie dadaa (Ka’ba) no ho nhyia.
阿拉伯语经注:
ذَٰلِكَۖ وَمَن يُعَظِّمۡ حُرُمَٰتِ ٱللَّهِ فَهُوَ خَيۡرٞ لَّهُۥ عِندَ رَبِّهِۦۗ وَأُحِلَّتۡ لَكُمُ ٱلۡأَنۡعَٰمُ إِلَّا مَا يُتۡلَىٰ عَلَيۡكُمۡۖ فَٱجۡتَنِبُواْ ٱلرِّجۡسَ مِنَ ٱلۡأَوۡثَٰنِ وَٱجۡتَنِبُواْ قَوۡلَ ٱلزُّورِ
Ɛno ne (Haji mu dwumadie no), na obi a ͻde obuo ne anidie bεma Nyankopͻn amaneε Kronkron no, εyε ma no wͻ ne Wura Nyankopͻn hͻ. Mowͻ nyεmmoa no nso ho kwan, gyesε deε yakenkan akyerε mo no, enti montwe moho mfri abosom fii ho na montwe moho mfri atorͻsεm (anaasε adanse kurumuu) ho.
阿拉伯语经注:
 
含义的翻译 章: 哈吉
章节目录 页码
 
《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 - 译解目录

由谢赫·哈伦·伊斯玛仪翻译。

关闭