Check out the new design

《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 * - 译解目录

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

含义的翻译 章: 奈姆里   段:
إِنِّي وَجَدتُّ ٱمۡرَأَةٗ تَمۡلِكُهُمۡ وَأُوتِيَتۡ مِن كُلِّ شَيۡءٖ وَلَهَا عَرۡشٌ عَظِيمٞ
Mehunuu ͻbaa bi sε ͻno na ͻdi wͻn so hemaa; yɛama no biribiara, na ͻwͻ ahennie a εsoo paa.
阿拉伯语经注:
وَجَدتُّهَا وَقَوۡمَهَا يَسۡجُدُونَ لِلشَّمۡسِ مِن دُونِ ٱللَّهِ وَزَيَّنَ لَهُمُ ٱلشَّيۡطَٰنُ أَعۡمَٰلَهُمۡ فَصَدَّهُمۡ عَنِ ٱلسَّبِيلِ فَهُمۡ لَا يَهۡتَدُونَ
Mekͻtoo no sε ͻne ne nkorͻfoͻ no afri Nyankopͻn akyi som awia; na ͻbonsam ama wͻn dwumadi (bͻne no) ayε wͻn aniso fε, ama wasi wͻn (kwan pa no ho) kwan, enti wͻnni kwankyerε --
阿拉伯语经注:
أَلَّاۤ يَسۡجُدُواْۤ لِلَّهِ ٱلَّذِي يُخۡرِجُ ٱلۡخَبۡءَ فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَيَعۡلَمُ مَا تُخۡفُونَ وَمَا تُعۡلِنُونَ
(Ɛnam saa) nti wͻnnsom Nyankopͻn a ͻda deε asuma wͻ soro ne asaase so adie, na Onim deε mode suma ne deε moda no adie no.
阿拉伯语经注:
ٱللَّهُ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَ رَبُّ ٱلۡعَرۡشِ ٱلۡعَظِيمِ۩
Onyankopͻn, awurade foforͻ biara nnihͻ gyesε Ɔno nko ara, Ɔne Ahennwa kεseε no Wura no “.
阿拉伯语经注:
۞ قَالَ سَنَنظُرُ أَصَدَقۡتَ أَمۡ كُنتَ مِنَ ٱلۡكَٰذِبِينَ
Solomon kaa sε: “Yεbεhwε sε, deε woreka no yε nokorε anaasε woka nkontompofoͻ no ho.
阿拉伯语经注:
ٱذۡهَب بِّكِتَٰبِي هَٰذَا فَأَلۡقِهۡ إِلَيۡهِمۡ ثُمَّ تَوَلَّ عَنۡهُمۡ فَٱنظُرۡ مَاذَا يَرۡجِعُونَ
Fa me nwoma yi kͻ na fa kͻma wͻn, na afei dane wo ho fri wͻn ho (bra), na yεnhwε (mmuaeε) a wͻde bεba“.
阿拉伯语经注:
قَالَتۡ يَٰٓأَيُّهَا ٱلۡمَلَؤُاْ إِنِّيٓ أُلۡقِيَ إِلَيَّ كِتَٰبٞ كَرِيمٌ
(Ɔhemaa no) kaa sε: ”Nhemfo, nokorε sε yεde animuonyam nwoma bi aberε me.
阿拉伯语经注:
إِنَّهُۥ مِن سُلَيۡمَٰنَ وَإِنَّهُۥ بِسۡمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحۡمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ
Nokorε sε efri Solomon hͻ, na nokorε sε (mehyɛ ase wɔ) Nyankopͻn din mu, Ahummͻborͻ Hene, Ɔdεεfoͻ Hene. (Bismi Laahir-Rah’maanir-Rahiim):
阿拉伯语经注:
أَلَّا تَعۡلُواْ عَلَيَّ وَأۡتُونِي مُسۡلِمِينَ
(Emu nsεm ne sε): “Monhwε na moanyε ahomasoͻ antia me, na mmom momra me hͻ sε Muslimifoͻ wͻ ahobraseε mu.
阿拉伯语经注:
قَالَتۡ يَٰٓأَيُّهَا ٱلۡمَلَؤُاْ أَفۡتُونِي فِيٓ أَمۡرِي مَا كُنتُ قَاطِعَةً أَمۡرًا حَتَّىٰ تَشۡهَدُونِ
(Ɔhemaa no) kaa sε: Nhemfo, mo mame adwen wͻ m’asεm yi ho. Menfa adwen wͻ asεm bi ho gyesε moka me ho (ne me dwene ho) ansa.
阿拉伯语经注:
قَالُواْ نَحۡنُ أُوْلُواْ قُوَّةٖ وَأُوْلُواْ بَأۡسٖ شَدِيدٖ وَٱلۡأَمۡرُ إِلَيۡكِ فَٱنظُرِي مَاذَا تَأۡمُرِينَ
(Nhemfo no) kaa sε: “Yεn ho yε den paa, na yεwͻ ͻkoo mu nso ahoͻden papaapa; na wohɔ na tumi no wͻ, enti hwε deε wobεhyε sε yεnyε”.
阿拉伯语经注:
قَالَتۡ إِنَّ ٱلۡمُلُوكَ إِذَا دَخَلُواْ قَرۡيَةً أَفۡسَدُوهَا وَجَعَلُوٓاْ أَعِزَّةَ أَهۡلِهَآ أَذِلَّةٗۚ وَكَذَٰلِكَ يَفۡعَلُونَ
(Ɔhemaa no) kaa sε: “Nokorε sε, (Solomon) nhemfo no, sε wͻwura kuro bi mu a wͻsεe no pasaa, na wͻbrε kuro no mu atitiriwfoͻ ne adehyeε no ase korakora. Na saa na wͻyε”.
阿拉伯语经注:
وَإِنِّي مُرۡسِلَةٌ إِلَيۡهِم بِهَدِيَّةٖ فَنَاظِرَةُۢ بِمَ يَرۡجِعُ ٱلۡمُرۡسَلُونَ
Nokorԑ sԑ mede akyεdeε bԑsoma ama yεde akͻma wͻn na yɛahwε (mmuaε) a asomafoͻ no bεsan de aba “.
阿拉伯语经注:
 
含义的翻译 章: 奈姆里
章节目录 页码
 
《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 - 译解目录

由谢赫·哈伦·伊斯玛仪翻译。

关闭