Check out the new design

《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 * - 译解目录

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

含义的翻译 章: 罗姆   段:
وَأَمَّا ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ وَكَذَّبُواْ بِـَٔايَٰتِنَا وَلِقَآيِٕ ٱلۡأٓخِرَةِ فَأُوْلَٰٓئِكَ فِي ٱلۡعَذَابِ مُحۡضَرُونَ
Wͻn nso a wͻannye annie na wͻfaa Yεn Nsεm no, ne Me Daakye nhyia mu no atorͻsεm no, sa nkorͻfoͻ no bεba asotwee no mu.
阿拉伯语经注:
فَسُبۡحَٰنَ ٱللَّهِ حِينَ تُمۡسُونَ وَحِينَ تُصۡبِحُونَ
Enti bͻ Nyankopͻn abodin wͻ εberε a adeε bεsa mo, ne εberε a adeε bεkye mo;
阿拉伯语经注:
وَلَهُ ٱلۡحَمۡدُ فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَعَشِيّٗا وَحِينَ تُظۡهِرُونَ
Ɔno na ͻsoro ne asaase so ayeyie wͻ no wͻ εberε a onwunu bεdwoͻ ne εberε a owia bɛgyina.
阿拉伯语经注:
يُخۡرِجُ ٱلۡحَيَّ مِنَ ٱلۡمَيِّتِ وَيُخۡرِجُ ٱلۡمَيِّتَ مِنَ ٱلۡحَيِّ وَيُحۡيِ ٱلۡأَرۡضَ بَعۡدَ مَوۡتِهَاۚ وَكَذَٰلِكَ تُخۡرَجُونَ
Ɔno na Ɔyi ateasefoͻ firi awufoͻ mu, εna Ɔyi awufoͻ nso firi ateasefoͻ mu, εna Ɔnyane asaase wͻ ne wuo akyi. Saa ara na mobɛpue (afri asaase mu) aba (wͻ Daakye Atemmuda).
阿拉伯语经注:
وَمِنۡ ءَايَٰتِهِۦٓ أَنۡ خَلَقَكُم مِّن تُرَابٖ ثُمَّ إِذَآ أَنتُم بَشَرٞ تَنتَشِرُونَ
Ne nsεnkyerεnee no mu bi ne sε, Ɔbͻͻ mo firi mfuturo mu, afei hwε, mo ayε nnipa ahwete (wͻ asaase so).
阿拉伯语经注:
وَمِنۡ ءَايَٰتِهِۦٓ أَنۡ خَلَقَ لَكُم مِّنۡ أَنفُسِكُمۡ أَزۡوَٰجٗا لِّتَسۡكُنُوٓاْ إِلَيۡهَا وَجَعَلَ بَيۡنَكُم مَّوَدَّةٗ وَرَحۡمَةًۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَٰتٖ لِّقَوۡمٖ يَتَفَكَّرُونَ
Ne nsεnkyerεnee no nso mu bi ne sε, Wabͻ yerenom afiri mo mu ama mo sεdeε mobɛnya awerεkyekyerε wͻ wͻn ho; εna Ɔde ͻdͻ ne ahummͻborͻ ato mo ntεm. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu de ma wͻn a wͻkaekaeԑ.
阿拉伯语经注:
وَمِنۡ ءَايَٰتِهِۦ خَلۡقُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَٱخۡتِلَٰفُ أَلۡسِنَتِكُمۡ وَأَلۡوَٰنِكُمۡۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَٰتٖ لِّلۡعَٰلِمِينَ
Ne nsεnkyerεnee no mu bi nso ne ͻsoro ne asaase mmͻeε, ne mokasaa ne mo honam a egu sononko-sononko. Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu de ma nimdeԑfoͻ no.
阿拉伯语经注:
وَمِنۡ ءَايَٰتِهِۦ مَنَامُكُم بِٱلَّيۡلِ وَٱلنَّهَارِ وَٱبۡتِغَآؤُكُم مِّن فَضۡلِهِۦٓۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَٰتٖ لِّقَوۡمٖ يَسۡمَعُونَ
Mo nna a moda wɔ anadwo ne adekyeɛ mu no ka Onyame ɛnsɛnkyerɛnee ho, ɛna N'adom a mo rehwehwɛ, Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema wɔn a wɔyɛ sotie.
阿拉伯语经注:
وَمِنۡ ءَايَٰتِهِۦ يُرِيكُمُ ٱلۡبَرۡقَ خَوۡفٗا وَطَمَعٗا وَيُنَزِّلُ مِنَ ٱلسَّمَآءِ مَآءٗ فَيُحۡيِۦ بِهِ ٱلۡأَرۡضَ بَعۡدَ مَوۡتِهَآۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَٰتٖ لِّقَوۡمٖ يَعۡقِلُونَ
Na Ne Nsenkyerennee ahoroa no bi ne sɛ Ɔkyerɛ mo anyinam osuro ne anidasoɔ nti, na Ɔma nsuo firi soro ba fam na Ɔde nyane asaase no wɔ newuo akyi, Ampa ara sɛ wei mu no, wɔwɔ nsɛnkyerɛnnee dema nnipa a wɔ yɛ Badweneba.
阿拉伯语经注:
 
含义的翻译 章: 罗姆
章节目录 页码
 
《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 - 译解目录

由谢赫·哈伦·伊斯玛仪翻译。

关闭