Check out the new design

《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 * - 译解目录

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

含义的翻译 章: 舒拉   段:

Ash-Shuraa

حمٓ
Haa – Miim.
阿拉伯语经注:
عٓسٓقٓ
Ain - Siin - Qaaf
阿拉伯语经注:
كَذَٰلِكَ يُوحِيٓ إِلَيۡكَ وَإِلَى ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِكَ ٱللَّهُ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡحَكِيمُ
(Nkͻmhyεni) sεdeε Nyankopͻn Tumfoͻ, Nyansafoͻ no Yi (Adiyisεm no) ma woͻ no, saa ara na Ɔyi maa wͻn a wͻdii W’anim kan no.
阿拉伯语经注:
لَهُۥ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِي ٱلۡأَرۡضِۖ وَهُوَ ٱلۡعَلِيُّ ٱلۡعَظِيمُ
Adeε a εwͻ soro ne adeε a εwͻ asaase so nyinaa wͻ no; Ɔne Okokroko no, Ɔne Ɔkεseε no.
阿拉伯语经注:
تَكَادُ ٱلسَّمَٰوَٰتُ يَتَفَطَّرۡنَ مِن فَوۡقِهِنَّۚ وَٱلۡمَلَٰٓئِكَةُ يُسَبِّحُونَ بِحَمۡدِ رَبِّهِمۡ وَيَسۡتَغۡفِرُونَ لِمَن فِي ٱلۡأَرۡضِۗ أَلَآ إِنَّ ٱللَّهَ هُوَ ٱلۡغَفُورُ ٱلرَّحِيمُ
Ɔsoro mu reyε apaepae wͻ wͻn apampamu (wͻ N’animuonyam mu), na Soro abͻfoͻ de wͻn Wura Nyankopͻn abodin no bͻ no, wͻsan srε bͻnefakyε nso ma wͻn a wͻn wͻ asaase soͻ no. Nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Wura no, Ɔne Mmͻborͻhunu Hene no.
阿拉伯语经注:
وَٱلَّذِينَ ٱتَّخَذُواْ مِن دُونِهِۦٓ أَوۡلِيَآءَ ٱللَّهُ حَفِيظٌ عَلَيۡهِمۡ وَمَآ أَنتَ عَلَيۡهِم بِوَكِيلٖ
Wͻn a wͻfiri N’akyi fa akyitaafoͻ no, Onyankopͻn ne wͻn Hwεsofoͻ, na (Nkͻmhyεni), wonyε wͻn so hwεfoͻ.
阿拉伯语经注:
وَكَذَٰلِكَ أَوۡحَيۡنَآ إِلَيۡكَ قُرۡءَانًا عَرَبِيّٗا لِّتُنذِرَ أُمَّ ٱلۡقُرَىٰ وَمَنۡ حَوۡلَهَا وَتُنذِرَ يَوۡمَ ٱلۡجَمۡعِ لَا رَيۡبَ فِيهِۚ فَرِيقٞ فِي ٱلۡجَنَّةِ وَفَرِيقٞ فِي ٱلسَّعِيرِ
Saa ara na Yɛayi Qur’aan wͻ Arab (kasa mu) ama woͻ sεdeε wode bεbͻ Ahenkuro (Maka), ne wͻn a atwa ho ahyia no kͻkͻ, na wobεbͻ (amanfoͻ) kͻkͻ wͻ Nhyiamu da a akyinyeε biara nni ho no ho. (Saa Da no nnipa no mu) fekuo bi bεkͻ Soro Aheman no mu, na fekuo bi nso bεkͻ Amanehunu gya no mu.
阿拉伯语经注:
وَلَوۡ شَآءَ ٱللَّهُ لَجَعَلَهُمۡ أُمَّةٗ وَٰحِدَةٗ وَلَٰكِن يُدۡخِلُ مَن يَشَآءُ فِي رَحۡمَتِهِۦۚ وَٱلظَّٰلِمُونَ مَا لَهُم مِّن وَلِيّٖ وَلَا نَصِيرٍ
Sε Nyankopͻn pε a nka Ɔbεyε wͻn (nyinaa) ͻman baako (ama wͻn nyinaa asom ͻsom korͻ), nanso Ɔde obi a Ɔpε wura N’ahummͻborͻ no mu. Na abͻneεfoͻ no deε wͻ’nnya okyitaafoͻ anaa ͻboafoͻ (biara).
阿拉伯语经注:
أَمِ ٱتَّخَذُواْ مِن دُونِهِۦٓ أَوۡلِيَآءَۖ فَٱللَّهُ هُوَ ٱلۡوَلِيُّ وَهُوَ يُحۡيِ ٱلۡمَوۡتَىٰ وَهُوَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٞ
Anaasε wͻafiri N’akyi afa akyitaafoͻ? Onyankopͻn nko ara ne Okyitaafoͻ. Ɔno na Ɔma owufoͻ nkwa, na Ɔno na Ɔwͻ tumi wͻ biribiara soͻ.
阿拉伯语经注:
وَمَا ٱخۡتَلَفۡتُمۡ فِيهِ مِن شَيۡءٖ فَحُكۡمُهُۥٓ إِلَى ٱللَّهِۚ ذَٰلِكُمُ ٱللَّهُ رَبِّي عَلَيۡهِ تَوَكَّلۡتُ وَإِلَيۡهِ أُنِيبُ
Deε monte moho ase wᴐ ho no, εho atemmuo no wͻ Nyankopͻn hͻ. Ɔno ne Nyankopͻn, me Wura no; Neso na mede meho toͻ, na Nehͻ na medane meho dema.
阿拉伯语经注:
 
含义的翻译 章: 舒拉
章节目录 页码
 
《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 - 译解目录

由谢赫·哈伦·伊斯玛仪翻译。

关闭