Check out the new design

《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 * - 译解目录

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

含义的翻译 章: 法提哈   段:

Al-Fathi

إِنَّا فَتَحۡنَا لَكَ فَتۡحٗا مُّبِينٗا
Nkͻmhyεni, nokorε sε Yɛama wo nkonimdie a εda adi pefee.
阿拉伯语经注:
لِّيَغۡفِرَ لَكَ ٱللَّهُ مَا تَقَدَّمَ مِن ذَنۢبِكَ وَمَا تَأَخَّرَ وَيُتِمَّ نِعۡمَتَهُۥ عَلَيۡكَ وَيَهۡدِيَكَ صِرَٰطٗا مُّسۡتَقِيمٗا
Sεdeε Nyankopͻn de wo mfomsoͻ a atwa mu ne deε εda w’anim no bεkyε woͻ, na Ɔde N’adom bɛwie wo soͻ, na W’akyerε wo kwan akͻ ͻkwan tenenee soͻ,
阿拉伯语经注:
وَيَنصُرَكَ ٱللَّهُ نَصۡرًا عَزِيزًا
Na Onyankopͻn bεboa wo mmoa a εsom bo paa.
阿拉伯语经注:
هُوَ ٱلَّذِيٓ أَنزَلَ ٱلسَّكِينَةَ فِي قُلُوبِ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ لِيَزۡدَادُوٓاْ إِيمَٰنٗا مَّعَ إِيمَٰنِهِمۡۗ وَلِلَّهِ جُنُودُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۚ وَكَانَ ٱللَّهُ عَلِيمًا حَكِيمٗا
Ɔno na Osianee awerεkyekyerε bεhyεε agyidiefoͻ no akoma mu, sεdeε Ɔde gyidie bεka wͻn gyidie no ho. Ͻsoro ne asaase so asraafoͻ no nyinaa wͻ Nyankopͻn. Onyankopͻn ne Onimdefoͻ, Ɔne Onyansafoͻ.
阿拉伯语经注:
لِّيُدۡخِلَ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ وَٱلۡمُؤۡمِنَٰتِ جَنَّٰتٖ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُ خَٰلِدِينَ فِيهَا وَيُكَفِّرَ عَنۡهُمۡ سَيِّـَٔاتِهِمۡۚ وَكَانَ ذَٰلِكَ عِندَ ٱللَّهِ فَوۡزًا عَظِيمٗا
Sεdeε Ɔde agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa no bɛwura Aheman a nsubͻnten nenam aseε no mu, na Wapepa wͻn bͻne afiri wͻn soͻ. Onyankopͻn hͻ no, εno yε nkonimdie kεseε paa.
阿拉伯语经注:
وَيُعَذِّبَ ٱلۡمُنَٰفِقِينَ وَٱلۡمُنَٰفِقَٰتِ وَٱلۡمُشۡرِكِينَ وَٱلۡمُشۡرِكَٰتِ ٱلظَّآنِّينَ بِٱللَّهِ ظَنَّ ٱلسَّوۡءِۚ عَلَيۡهِمۡ دَآئِرَةُ ٱلسَّوۡءِۖ وَغَضِبَ ٱللَّهُ عَلَيۡهِمۡ وَلَعَنَهُمۡ وَأَعَدَّ لَهُمۡ جَهَنَّمَۖ وَسَآءَتۡ مَصِيرٗا
Na Ɔbεtwe nkͻnkͻnsafoͻ mmarima ne nkͻnkͻnsafoͻ mmaa, ne abosomsomfoͻ mmarima ne abosomsomfoͻ mmaa no, ne wͻn a wͻdwen Nyankopͻn ho adwen bͻne no aso. Wͻn so na bͻne no dane kͻ. Onyankopͻn abufuo ne Ne nomee wͻ wͻn so na Wasiesie Amane-hunu gya ama wͻn; na awieε bͻne paa ne hͻ.
阿拉伯语经注:
وَلِلَّهِ جُنُودُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۚ وَكَانَ ٱللَّهُ عَزِيزًا حَكِيمًا
Ɔsoro ne asaase so asraafoͻ (nyinaa) wͻ Nyankopͻn. Onyankopͻn ne Otumfoͻ a Ɔtumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ.
阿拉伯语经注:
إِنَّآ أَرۡسَلۡنَٰكَ شَٰهِدٗا وَمُبَشِّرٗا وَنَذِيرٗا
Nokorε sε (Nkͻmhyεni), Yɛasoma wo sε ͻdanseni, ne anigyesɛm, ne kͻkͻbͻ ho bɔfoɔ,
阿拉伯语经注:
لِّتُؤۡمِنُواْ بِٱللَّهِ وَرَسُولِهِۦ وَتُعَزِّرُوهُ وَتُوَقِّرُوهُۚ وَتُسَبِّحُوهُ بُكۡرَةٗ وَأَصِيلًا
Sεdeε mobεgye Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no adie, na moaboa (Ɔsomafoͻ) no, na moadi no nni, na mobεbͻ (Onyankopͻn) abodin atontom no anͻpa ne anwummerε.
阿拉伯语经注:
 
含义的翻译 章: 法提哈
章节目录 页码
 
《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 - 译解目录

由谢赫·哈伦·伊斯玛仪翻译。

关闭