Check out the new design

《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 * - 译解目录

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

含义的翻译 章: 玛仪戴   段:
وَقَالَتِ ٱلۡيَهُودُ وَٱلنَّصَٰرَىٰ نَحۡنُ أَبۡنَٰٓؤُاْ ٱللَّهِ وَأَحِبَّٰٓؤُهُۥۚ قُلۡ فَلِمَ يُعَذِّبُكُم بِذُنُوبِكُمۖ بَلۡ أَنتُم بَشَرٞ مِّمَّنۡ خَلَقَۚ يَغۡفِرُ لِمَن يَشَآءُ وَيُعَذِّبُ مَن يَشَآءُۚ وَلِلَّهِ مُلۡكُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَمَا بَيۡنَهُمَاۖ وَإِلَيۡهِ ٱلۡمَصِيرُ
Yudafoͻ no ne Kristofoͻ no ka sε: “Yεn deε yεyε Nyankopͻn mma, na N’adɔfo paa ne yεn”. (Nkͻmhyεni), ka sε: “Afei adεn nti na Ɔde mo bɔne twe moaso?” Daabi, monso moyε nnipa ka deε W’abͻ no ho. Ɔde obi a Ɔpε bɔne kyε no, εna Ɔtwe obi a Ɔpε nso aso. Onyankopɔn na ͻsoro ne asaase so ahennie ne deε εwͻ mfinfii nyinaa yε Nedea na Nehͻ ne (obiara) nnkyi.
阿拉伯语经注:
يَٰٓأَهۡلَ ٱلۡكِتَٰبِ قَدۡ جَآءَكُمۡ رَسُولُنَا يُبَيِّنُ لَكُمۡ عَلَىٰ فَتۡرَةٖ مِّنَ ٱلرُّسُلِ أَن تَقُولُواْ مَا جَآءَنَا مِنۢ بَشِيرٖ وَلَا نَذِيرٖۖ فَقَدۡ جَآءَكُم بَشِيرٞ وَنَذِيرٞۗ وَٱللَّهُ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٞ
Nyamesom ho Nwomanimfoͻ, ampa sε Yεn Somafoͻ no aba monkyεn a ͻrekyerεkyerε (Mensεm no) mu kyerε mo, wͻ εberε a asomafoͻ no a wɔ’didisoͻ no to twaeε, sεdeε (Daakye no) moankͻka sε: “(Ɔsomafoͻ a) ͻde anigyesεm ho amaneε ne kͻkͻbͻ ho amaneε (nam) biara amma yεn hɔ. Enti (Ɔsomafoͻ a) ͻde anigyesεm ho amaneε ne kͻkͻbͻ ho amaneε aba mohͻ. Onyankopɔn na ͻwͻ biribiara so tumi.
阿拉伯语经注:
وَإِذۡ قَالَ مُوسَىٰ لِقَوۡمِهِۦ يَٰقَوۡمِ ٱذۡكُرُواْ نِعۡمَةَ ٱللَّهِ عَلَيۡكُمۡ إِذۡ جَعَلَ فِيكُمۡ أَنۢبِيَآءَ وَجَعَلَكُم مُّلُوكٗا وَءَاتَىٰكُم مَّا لَمۡ يُؤۡتِ أَحَدٗا مِّنَ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Monkae εberε a Mose ka kyerεε nenkorכfoͻ no sε: “Menkorɔfoͻ, monkae Nyankopͻn adom a Ɔde adom mo; sε W’ama Nkɔmhyεfoͻ afri mo mu, na W’ayε mo nhemfo, na Ɔde deε Ɔmfa mmaa amansan no mu biara ama mo.
阿拉伯语经注:
يَٰقَوۡمِ ٱدۡخُلُواْ ٱلۡأَرۡضَ ٱلۡمُقَدَّسَةَ ٱلَّتِي كَتَبَ ٱللَّهُ لَكُمۡ وَلَا تَرۡتَدُّواْ عَلَىٰٓ أَدۡبَارِكُمۡ فَتَنقَلِبُواْ خَٰسِرِينَ
Menkorͻfoͻ, monkͻ asaase kronkron a mo Wura Nyankopɔn ahyehyε ato hͻ ama mo no so, na monhwε na moanane moakyi, na modane moakyi a mobεberε agu.
阿拉伯语经注:
قَالُواْ يَٰمُوسَىٰٓ إِنَّ فِيهَا قَوۡمٗا جَبَّارِينَ وَإِنَّا لَن نَّدۡخُلَهَا حَتَّىٰ يَخۡرُجُواْ مِنۡهَا فَإِن يَخۡرُجُواْ مِنۡهَا فَإِنَّا دَٰخِلُونَ
Wͻ‘kaa sε: “Mose, nnipa abranee ahoͻdenfoͻ bi wͻ asaase no so, enti yε’deε yεnnkͻ hͻ kͻpem sε wͻ’befiri soͻ ansa, nasε wͻ’fri so deε a, εneε yε’bεkͻ hͻ “.
阿拉伯语经注:
قَالَ رَجُلَانِ مِنَ ٱلَّذِينَ يَخَافُونَ أَنۡعَمَ ٱللَّهُ عَلَيۡهِمَا ٱدۡخُلُواْ عَلَيۡهِمُ ٱلۡبَابَ فَإِذَا دَخَلۡتُمُوهُ فَإِنَّكُمۡ غَٰلِبُونَۚ وَعَلَى ٱللَّهِ فَتَوَكَّلُوٓاْ إِن كُنتُم مُّؤۡمِنِينَ
Mmarima mmienu bi a wͻ’ka wͻn a wͻ’suro Nyankopͻn ho, na Nyankopͻn de adom adom wͻn no kaa sε: “Monfa ͻpono no mu na monkͻto nhyε wͻn so, nasε mo Wura mu a, nokorε sε mobedi nkonim. Nasε moyε agyidiefoͻ a εneε Nyankopͻn na monfa moho nto no soͻ.
阿拉伯语经注:
 
含义的翻译 章: 玛仪戴
章节目录 页码
 
《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 - 译解目录

由谢赫·哈伦·伊斯玛仪翻译。

关闭