Check out the new design

《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 * - 译解目录

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

含义的翻译 章: 哈地德   段:
هُوَ ٱلَّذِي خَلَقَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ فِي سِتَّةِ أَيَّامٖ ثُمَّ ٱسۡتَوَىٰ عَلَى ٱلۡعَرۡشِۖ يَعۡلَمُ مَا يَلِجُ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَمَا يَخۡرُجُ مِنۡهَا وَمَا يَنزِلُ مِنَ ٱلسَّمَآءِ وَمَا يَعۡرُجُ فِيهَاۖ وَهُوَ مَعَكُمۡ أَيۡنَ مَا كُنتُمۡۚ وَٱللَّهُ بِمَا تَعۡمَلُونَ بَصِيرٞ
Ɔno na Ɔde nna nsia bͻͻ soro ne asaase, εna Ɔde Ne ho sii Tumi Ahenwa no soͻ. Onim deε εkͻ asaase mu, ne deε efri mu nso pue, ne deε esiane fri soro (ba asaase soͻ) ne deε (efri asaase so) fro kͻ hͻ. Faako a mowͻ biara no Ɔka mo ho. Nyankopͻn deε Ohu dwuma a modie nyinaa.
阿拉伯语经注:
لَّهُۥ مُلۡكُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۚ وَإِلَى ٱللَّهِ تُرۡجَعُ ٱلۡأُمُورُ
Ɔno na ͻsoro ne asaase so ahennie yε Ne dea. Nyankopͻn hͻ na nsԑm nyinaa kɔwie.
阿拉伯语经注:
يُولِجُ ٱلَّيۡلَ فِي ٱلنَّهَارِ وَيُولِجُ ٱلنَّهَارَ فِي ٱلَّيۡلِۚ وَهُوَ عَلِيمُۢ بِذَاتِ ٱلصُّدُورِ
Ɔma adesaeε wura adekyeε mu, εna Ɔma adekyeε nso wura adesaeε mu. Ɔno na Onim deε εwͻ akoma mu.
阿拉伯语经注:
ءَامِنُواْ بِٱللَّهِ وَرَسُولِهِۦ وَأَنفِقُواْ مِمَّا جَعَلَكُم مُّسۡتَخۡلَفِينَ فِيهِۖ فَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ مِنكُمۡ وَأَنفَقُواْ لَهُمۡ أَجۡرٞ كَبِيرٞ
Monye Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no ni, na monyi deε Wama mo abɛdi ho adeε no mu bi ma. Enti wͻn a wͻagye adie wͻ mo mu na wͻyi (wͻn agyapadeε mu bi) de ma no, wͻn wͻ akatua kεseε paa.
阿拉伯语经注:
وَمَا لَكُمۡ لَا تُؤۡمِنُونَ بِٱللَّهِ وَٱلرَّسُولُ يَدۡعُوكُمۡ لِتُؤۡمِنُواْ بِرَبِّكُمۡ وَقَدۡ أَخَذَ مِيثَٰقَكُمۡ إِن كُنتُم مُّؤۡمِنِينَ
Deεn na εha mo a enti monnye Nyankopͻn nnie? Abrε a Ɔsomafoͻ no refrε mo sε monye mo Wura Nyankopͻn ni, aberε a moasuae akyerε no; sε moyε agyidiefoͻ ampa a.
阿拉伯语经注:
هُوَ ٱلَّذِي يُنَزِّلُ عَلَىٰ عَبۡدِهِۦٓ ءَايَٰتِۭ بَيِّنَٰتٖ لِّيُخۡرِجَكُم مِّنَ ٱلظُّلُمَٰتِ إِلَى ٱلنُّورِۚ وَإِنَّ ٱللَّهَ بِكُمۡ لَرَءُوفٞ رَّحِيمٞ
Ɔno na Ɔsiane nsεnkyerεnee pefee ma N’akoa sεdeε ɔbɛyi mo afiri esum no mu akͻ εhyεn no mu. Nokorε sε, Nyankopͻn yε ayεmyε hene ma mo, na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ.
阿拉伯语经注:
وَمَا لَكُمۡ أَلَّا تُنفِقُواْ فِي سَبِيلِ ٱللَّهِ وَلِلَّهِ مِيرَٰثُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۚ لَا يَسۡتَوِي مِنكُم مَّنۡ أَنفَقَ مِن قَبۡلِ ٱلۡفَتۡحِ وَقَٰتَلَۚ أُوْلَٰٓئِكَ أَعۡظَمُ دَرَجَةٗ مِّنَ ٱلَّذِينَ أَنفَقُواْ مِنۢ بَعۡدُ وَقَٰتَلُواْۚ وَكُلّٗا وَعَدَ ٱللَّهُ ٱلۡحُسۡنَىٰۚ وَٱللَّهُ بِمَا تَعۡمَلُونَ خَبِيرٞ
Deεn na εha mo a enti monnyi (mo agyapadeε) wͻ Nyankopͻn kwan soͻ? Aberε nso a Nyankopͻn na ͻsoro ne asaase so akoradeε wͻ no? Mo mu wͻn a wͻyii (wͻn agyapadeε) na wͻkoeε ansa na nkonimdie no (reba no, ne wͻn a aka no) nnsε. Woi nom na wͻn wͻ gyinaberε a εsoo paa mu kyεn wͻn a (nkonimdie no) akyi na wͻyii wͻn (agyapadeε) na wͻkoeε no. Na mmom Nyankopͻn (de ade) papa ahyε wͻn nyinaa bͻ. Nyankopͻn ne dwuma a modie nyinaa ho Amanebͻfoͻ.
阿拉伯语经注:
مَّن ذَا ٱلَّذِي يُقۡرِضُ ٱللَّهَ قَرۡضًا حَسَنٗا فَيُضَٰعِفَهُۥ لَهُۥ وَلَهُۥٓ أَجۡرٞ كَرِيمٞ
Hwan na ͻbεbͻ Nyankopͻn bosea pa ama Ͻde abͻ ho ama no? Ɔno na Ɔwͻ akatua a animuonyam wͻ mu paa.
阿拉伯语经注:
 
含义的翻译 章: 哈地德
章节目录 页码
 
《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 - 译解目录

由谢赫·哈伦·伊斯玛仪翻译。

关闭