Check out the new design

《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 * - 译解目录

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

含义的翻译 章: 哈舍拉   段:
فَكَانَ عَٰقِبَتَهُمَآ أَنَّهُمَا فِي ٱلنَّارِ خَٰلِدَيۡنِ فِيهَاۚ وَذَٰلِكَ جَزَٰٓؤُاْ ٱلظَّٰلِمِينَ
Enti wͻn mmienu awieε ne bonsam gyam, εhͻ na wͻbεtena. Abͻnefoͻ no akatua ne no.
阿拉伯语经注:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ ٱتَّقُواْ ٱللَّهَ وَلۡتَنظُرۡ نَفۡسٞ مَّا قَدَّمَتۡ لِغَدٖۖ وَٱتَّقُواْ ٱللَّهَۚ إِنَّ ٱللَّهَ خَبِيرُۢ بِمَا تَعۡمَلُونَ
Mo a moagye adie, monsuro Nyankopͻn, na ͻkra biara (ntwa n’ani) nhwε dwuma a (wadi) de ato hͻ ama (ne ho) ͻkyena; na monsuro Nyankopͻn. Nokorε sε Nyankopͻn ne dwuma a modie nyinaa ho amane bͻ Wura.
阿拉伯语经注:
وَلَا تَكُونُواْ كَٱلَّذِينَ نَسُواْ ٱللَّهَ فَأَنسَىٰهُمۡ أَنفُسَهُمۡۚ أُوْلَٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡفَٰسِقُونَ
Na monhwε na moankͻyε sε wͻn a wͻn werε afri Nyankopͻn na enti Ɔmaa wͻn werε frii wͻn ara wͻn ho no. Saa nkorͻfoͻ no ne abͻnefoͻ no.
阿拉伯语经注:
لَا يَسۡتَوِيٓ أَصۡحَٰبُ ٱلنَّارِ وَأَصۡحَٰبُ ٱلۡجَنَّةِۚ أَصۡحَٰبُ ٱلۡجَنَّةِ هُمُ ٱلۡفَآئِزُونَ
Amanehunu gya no mu foͻ no ne ͻsoro aheman no mu foͻ no nnsε. Ɔsoro aheman no mu foͻ no wͻne nkonimdifoͻ no.
阿拉伯语经注:
لَوۡ أَنزَلۡنَا هَٰذَا ٱلۡقُرۡءَانَ عَلَىٰ جَبَلٖ لَّرَأَيۡتَهُۥ خَٰشِعٗا مُّتَصَدِّعٗا مِّنۡ خَشۡيَةِ ٱللَّهِۚ وَتِلۡكَ ٱلۡأَمۡثَٰلُ نَضۡرِبُهَا لِلنَّاسِ لَعَلَّهُمۡ يَتَفَكَّرُونَ
Sε Yɛsianee saa Qur’aan yi maa bepͻ a, anka wobɛhunu sε (bepͻ no) de ahobraseε redwidwa εnam Nyankopͻn ho suro nti. Yεreyε saa mfatoho yi ama nnipa sεdeε wͻbεfa adwen.
阿拉伯语经注:
هُوَ ٱللَّهُ ٱلَّذِي لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَۖ عَٰلِمُ ٱلۡغَيۡبِ وَٱلشَّهَٰدَةِۖ هُوَ ٱلرَّحۡمَٰنُ ٱلرَّحِيمُ
Ɔne Nyankopͻn no a awurade foforͻ biara nnihͻ ka Ne ho no: Kokoam ne Badwam Nimdefoͻ no, Ɔne Ahummͻborͻ Hene no, Ɔdεεfoͻ Hene no.
阿拉伯语经注:
هُوَ ٱللَّهُ ٱلَّذِي لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَ ٱلۡمَلِكُ ٱلۡقُدُّوسُ ٱلسَّلَٰمُ ٱلۡمُؤۡمِنُ ٱلۡمُهَيۡمِنُ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡجَبَّارُ ٱلۡمُتَكَبِّرُۚ سُبۡحَٰنَ ٱللَّهِ عَمَّا يُشۡرِكُونَ
Ɔno ne Nyankopͻn no a awurade foforͻ biara nni hͻ ka Ne ho no; Ɔhene no a tumi nyinaa hyε ne nsa, Kronkron Hene no, Asomdwoeε Hene no, Abodweԑ Hene no, Ahoban bͻ Hene no, Otumfoͻ no a Ɔtumi ade nyinaa yε, Ɔkasa prεko a obiara ntumi ne no nni asie, Otumfoͻ no a Akεsesεm fata no. Ahoteeɛ Hene ne Nyankopͻn, Ɔso kyεn sε wͻde biribi toto Ne ho.
阿拉伯语经注:
هُوَ ٱللَّهُ ٱلۡخَٰلِقُ ٱلۡبَارِئُ ٱلۡمُصَوِّرُۖ لَهُ ٱلۡأَسۡمَآءُ ٱلۡحُسۡنَىٰۚ يُسَبِّحُ لَهُۥ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۖ وَهُوَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡحَكِيمُ
Ɔne Nyankopͻn; Ɔbͻͻ Adeε no, Ɔyεfo no, Ɔnyomfo no: Ɔno na abodin papa nyinaa wͻ no. Deε εwͻ soro ne asaase so nyinaa bͻ no abodin; na Ɔne Otumfoͻ no a Ɔtumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ no.
阿拉伯语经注:
 
含义的翻译 章: 哈舍拉
章节目录 页码
 
《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 - 译解目录

由谢赫·哈伦·伊斯玛仪翻译。

关闭