Check out the new design

《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 * - 译解目录

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

含义的翻译 章: 艾尔拉夫   段:
حَقِيقٌ عَلَىٰٓ أَن لَّآ أَقُولَ عَلَى ٱللَّهِ إِلَّا ٱلۡحَقَّۚ قَدۡ جِئۡتُكُم بِبَيِّنَةٖ مِّن رَّبِّكُمۡ فَأَرۡسِلۡ مَعِيَ بَنِيٓ إِسۡرَٰٓءِيلَ
Nokorε, asεdeε a εda me soͻ ne sε me nka biribi nto Nyankopͻn so gyesε Nokorε no nko ara. Ampa sε, mede nyinasoͻ pefee firi mo Wura Nyankopͻn hͻ aberε mo, enti ma Israel mma no kwan na wͻne me nkͻ.
阿拉伯语经注:
قَالَ إِن كُنتَ جِئۡتَ بِـَٔايَةٖ فَأۡتِ بِهَآ إِن كُنتَ مِنَ ٱلصَّٰدِقِينَ
Farao kaa sε: “Sε wode nsεnkyerεnee bi aba a εneε fabra (ma yεnhwε) sε woka nokwafoͻ no ho ampa a.
阿拉伯语经注:
فَأَلۡقَىٰ عَصَاهُ فَإِذَا هِيَ ثُعۡبَانٞ مُّبِينٞ
Enti Mose de nepoma no too hᴐ, na hwε, ͻwͻ pefee bi ni.
阿拉伯语经注:
وَنَزَعَ يَدَهُۥ فَإِذَا هِيَ بَيۡضَآءُ لِلنَّٰظِرِينَ
Na ɔyii ne nsa no na ayε fitaa ama bɛhwɛɛ adeɛfoɔ no.
阿拉伯语经注:
قَالَ ٱلۡمَلَأُ مِن قَوۡمِ فِرۡعَوۡنَ إِنَّ هَٰذَا لَسَٰحِرٌ عَلِيمٞ
Nhemfo {anaa mpanimfoͻ} a wͻwͻ Farao nkorͻfoͻ no mu no kaa sε: “Nokorε sε, wi yε nkonyaayini a onim de (anaasε waben).
阿拉伯语经注:
يُرِيدُ أَن يُخۡرِجَكُم مِّنۡ أَرۡضِكُمۡۖ فَمَاذَا تَأۡمُرُونَ
Ɔpε sε ɔtu mo firi mo asaase no soͻ; na modwen ho sεn?”
阿拉伯语经注:
قَالُوٓاْ أَرۡجِهۡ وَأَخَاهُ وَأَرۡسِلۡ فِي ٱلۡمَدَآئِنِ حَٰشِرِينَ
Wͻkaa sε: “Ma no ne onua no nwͻ hͻ, (anaa wͻntwεn) na soma dawubͻfoͻ wͻ nkuro no so (ma wͻnkͻ boaboa nkonyaayifoͻ ano),
阿拉伯语经注:
يَأۡتُوكَ بِكُلِّ سَٰحِرٍ عَلِيمٖ
Wͻde nkonyaayifoͻ a wͻnim de (anaasε waben) biara bεberε wo”.
阿拉伯语经注:
وَجَآءَ ٱلسَّحَرَةُ فِرۡعَوۡنَ قَالُوٓاْ إِنَّ لَنَا لَأَجۡرًا إِن كُنَّا نَحۡنُ ٱلۡغَٰلِبِينَ
Nkonyaayifoͻ no baa Farao hͻ no, wͻkaa sε: “Sε εba sε yεdi nkonim a yεbɛnya akatua paa“.
阿拉伯语经注:
قَالَ نَعَمۡ وَإِنَّكُمۡ لَمِنَ ٱلۡمُقَرَّبِينَ
Farao kaa sε: “Aane! (Sε modi nkonim a) mobεka wͻn a wͻbεn (me) no ho “.
阿拉伯语经注:
قَالُواْ يَٰمُوسَىٰٓ إِمَّآ أَن تُلۡقِيَ وَإِمَّآ أَن نَّكُونَ نَحۡنُ ٱلۡمُلۡقِينَ
(Nkonyaayifoͻ no) kaa sε: “Mose, wo na wo (bεdi kan) atoͻ anaa yεn na (yɛnni kan) ntoͻ?”
阿拉伯语经注:
قَالَ أَلۡقُواْۖ فَلَمَّآ أَلۡقَوۡاْ سَحَرُوٓاْ أَعۡيُنَ ٱلنَّاسِ وَٱسۡتَرۡهَبُوهُمۡ وَجَآءُو بِسِحۡرٍ عَظِيمٖ
Mose kaa sε: “ Monto. ”Ɛberε a wͻtoeε no wͻbrii amanfoͻ no aniso, na wͻbͻͻ ehu guu wͻn mu, na wͻyii nkonyaa kεseε paa adi.
阿拉伯语经注:
۞ وَأَوۡحَيۡنَآ إِلَىٰ مُوسَىٰٓ أَنۡ أَلۡقِ عَصَاكَۖ فَإِذَا هِيَ تَلۡقَفُ مَا يَأۡفِكُونَ
Yɛyi kyerεε Mose sε: “Fa wo poma no to hᴐ.” Na hwε, εmemenee wͻn nkontompo deε (a wͻyi kyerεeε no no nyinaa).
阿拉伯语经注:
فَوَقَعَ ٱلۡحَقُّ وَبَطَلَ مَا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ
Enti nokorε no sii pi, na deε na wͻyε no yεε kwa;
阿拉伯语经注:
فَغُلِبُواْ هُنَالِكَ وَٱنقَلَبُواْ صَٰغِرِينَ
(Farao nkorͻfoͻ no) dii nkoguo wͻ hͻ, na wͻde animguaseε san wͻn akyi (kͻe).
阿拉伯语经注:
وَأُلۡقِيَ ٱلسَّحَرَةُ سَٰجِدِينَ
Nkonyaayifoͻ no de wͻn ho kͻͻ fͻm de wͻn anim butuu fͻm-:
阿拉伯语经注:
 
含义的翻译 章: 艾尔拉夫
章节目录 页码
 
《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 - 译解目录

由谢赫·哈伦·伊斯玛仪翻译。

关闭