Check out the new design

《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 * - 译解目录

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

含义的翻译 章: 金尼   段:

Al-Jinn

قُلۡ أُوحِيَ إِلَيَّ أَنَّهُ ٱسۡتَمَعَ نَفَرٞ مِّنَ ٱلۡجِنِّ فَقَالُوٓاْ إِنَّا سَمِعۡنَا قُرۡءَانًا عَجَبٗا
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Yɛayi akyerε me sε, Jinn fekuo bi tiee (Qur’aan yi mu nsεm na wͻkͻeε no), wͻka kyerεε (wͻn nkorͻfoͻ) sε: ”Nokorε sε, yɛate akenkan bi a εyε nwanwa.
阿拉伯语经注:
يَهۡدِيٓ إِلَى ٱلرُّشۡدِ فَـَٔامَنَّا بِهِۦۖ وَلَن نُّشۡرِكَ بِرَبِّنَآ أَحَدٗا
Ɛkyerε kwan kͻ kwan tenenee no so, enti yεdeε yɛagye adi, na yεmfa obiara mmata yɛ Wura Nyankopͻn ho (nsom no).
阿拉伯语经注:
وَأَنَّهُۥ تَعَٰلَىٰ جَدُّ رَبِّنَا مَا ٱتَّخَذَ صَٰحِبَةٗ وَلَا وَلَدٗا
Nokorε sε, Ɔne yɛ Wura (Nyankopͻn), Animuonyam Hene a Ne tumi korͻn no, Ɔnni yere na Ɔnni ba nso.
阿拉伯语经注:
وَأَنَّهُۥ كَانَ يَقُولُ سَفِيهُنَا عَلَى ٱللَّهِ شَطَطٗا
Nokorɛ sɛ nkwaseafoͻ bi a εwͻ yεn mu no twa nkontompo a εborosoᴐ paa de to Nyankopͻn so.
阿拉伯语经注:
وَأَنَّا ظَنَنَّآ أَن لَّن تَقُولَ ٱلۡإِنسُ وَٱلۡجِنُّ عَلَى ٱللَّهِ كَذِبٗا
Yεdeε na yεdwen sε, onipa ne Jinn ntumi ntwa nkontompo nto Nyankopͻn so.
阿拉伯语经注:
وَأَنَّهُۥ كَانَ رِجَالٞ مِّنَ ٱلۡإِنسِ يَعُوذُونَ بِرِجَالٖ مِّنَ ٱلۡجِنِّ فَزَادُوهُمۡ رَهَقٗا
Nokorε sε, mmarima no bi wͻ nnipa mu a, wͻhwehwε ntwitwageε firi Jinn mmarima no mu bi hͻ, enti wͻma (nnipa no) tͻkͻso di nsεmmͻne.
阿拉伯语经注:
وَأَنَّهُمۡ ظَنُّواْ كَمَا ظَنَنتُمۡ أَن لَّن يَبۡعَثَ ٱللَّهُ أَحَدٗا
Nokorε sε, wᴐdwen sεdeε mo (nnipa no mu bi) dwen sε Nyankopͻn nsoma (ᴐsomafoͻ) biara no.
阿拉伯语经注:
وَأَنَّا لَمَسۡنَا ٱلسَّمَآءَ فَوَجَدۡنَٰهَا مُلِئَتۡ حَرَسٗا شَدِيدٗا وَشُهُبٗا
Nokorε sε, na yεrehwehwε (kwan) sε, yεbɛduru ͻsoro hͻ (akͻtie adwen a, εhͻfoͻ no refa), nanso yɛhunuu sε, awεnfoͻ ahoͻdenfoͻ ne ogya tanaa ayε hͻ mma.
阿拉伯语经注:
وَأَنَّا كُنَّا نَقۡعُدُ مِنۡهَا مَقَٰعِدَ لِلسَّمۡعِۖ فَمَن يَسۡتَمِعِ ٱلۡأٓنَ يَجِدۡ لَهُۥ شِهَابٗا رَّصَدٗا
Na anka yεkͻtena (ͻsoro) tenabea no mu baabi sεdeε yεbεtie (ͻsoro asafo no adwen a, wͻrefa). Na seesei deε obi a (ͻbεkͻ hͻ) akotie no, ͻbεkͻ akͻto ogya tanaa a εretwεn no.
阿拉伯语经注:
وَأَنَّا لَا نَدۡرِيٓ أَشَرٌّ أُرِيدَ بِمَن فِي ٱلۡأَرۡضِ أَمۡ أَرَادَ بِهِمۡ رَبُّهُمۡ رَشَدٗا
Nokorε nso sε yɛnnim sε bͻne na Ɔrehwehwε ama asaase so foͻ, anaasε ͻkwan kyerε bi na wͻn Wura Nyankopͻn rehwehwε ama wͻn.
阿拉伯语经注:
وَأَنَّا مِنَّا ٱلصَّٰلِحُونَ وَمِنَّا دُونَ ذَٰلِكَۖ كُنَّا طَرَآئِقَ قِدَدٗا
Nokorε sε yεn mu bi yε apapafoͻ, na ebinom nso nte saa, yɛgu ahodoͻ a yεnam akwan sononko-sononko.
阿拉伯语经注:
وَأَنَّا ظَنَنَّآ أَن لَّن نُّعۡجِزَ ٱللَّهَ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَلَن نُّعۡجِزَهُۥ هَرَبٗا
Yɛnim yie sε, yɛntumi nnwane Nyankopͻn wͻ asaase yi so, na yɛntumi nso ntu nnwane no (wͻ ewiem).
阿拉伯语经注:
وَأَنَّا لَمَّا سَمِعۡنَا ٱلۡهُدَىٰٓ ءَامَنَّا بِهِۦۖ فَمَن يُؤۡمِنۢ بِرَبِّهِۦ فَلَا يَخَافُ بَخۡسٗا وَلَا رَهَقٗا
Enti εberε a yεtee tenenee no ho asεm no, yεgye dii. Na obi a ͻbεgye Nyankopͻn adie no, ɔnsuro papa ho asisie (sε ne papa so bεteε), anaa bͻne nso ho asisie (sε yεde bͻne a ͻnyͻeε bεma no).
阿拉伯语经注:
 
含义的翻译 章: 金尼
章节目录 页码
 
《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 - 译解目录

由谢赫·哈伦·伊斯玛仪翻译。

关闭