《古兰经》译解 - 阿散蒂语翻译 * - 译解目录

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

含义的翻译 章: 舍姆斯   段:

As-Shams

وَٱلشَّمۡسِ وَضُحَىٰهَا
Mede Awia ne ne nhyerεnee,
阿拉伯语经注:
وَٱلۡقَمَرِ إِذَا تَلَىٰهَا
Ne bosome, εberε a ɛbɛdi awia akyi,
阿拉伯语经注:
وَٱلنَّهَارِ إِذَا جَلَّىٰهَا
Ne adekyeε, εberε a εbεda (awia) animuonyam no adi,
阿拉伯语经注:
وَٱلَّيۡلِ إِذَا يَغۡشَىٰهَا
Ne adesaeε, εberε a εbεkata (abͻdeε) soͻ,
阿拉伯语经注:
وَٱلسَّمَآءِ وَمَا بَنَىٰهَا
Ne ͻsoro ne Nea Osii (ͻsoro no), anaa adeε a yεde yεε ͻsoro no,
阿拉伯语经注:
وَٱلۡأَرۡضِ وَمَا طَحَىٰهَا
Ne Asaase ne Nea Ɔtrεε (asaase no) mu,
阿拉伯语经注:
وَنَفۡسٖ وَمَا سَوَّىٰهَا
Ne (onipa) kraa, ne Nea Osiesiee no pεpεεpε,
阿拉伯语经注:
فَأَلۡهَمَهَا فُجُورَهَا وَتَقۡوَىٰهَا
Na Oyii deε εyε bͻne, ne deε εyε papa adi kyerεε (ͻkra) no, di nse sε:
阿拉伯语经注:
قَدۡ أَفۡلَحَ مَن زَكَّىٰهَا
Nokorε, obi a ͻbεyε ne kraa kronkron no adi nkonim.
阿拉伯语经注:
وَقَدۡ خَابَ مَن دَسَّىٰهَا
Na nea ɔbɛtia ne kraa soͻ (anaa obegu ne kraa ho fii) no adi nkoguo.
阿拉伯语经注:
كَذَّبَتۡ ثَمُودُ بِطَغۡوَىٰهَآ
Samuudfoͻ de wͻn atuateε poo (wͻn Nkͻmhyεni Soalihu).
阿拉伯语经注:
إِذِ ٱنۢبَعَثَ أَشۡقَىٰهَا
Ɛberε a, wͻn mu tibͻneεni no sͻre tee atua,
阿拉伯语经注:
فَقَالَ لَهُمۡ رَسُولُ ٱللَّهِ نَاقَةَ ٱللَّهِ وَسُقۡيَٰهَا
Nyankopͻn Somafoͻ (Soalihu) ka kyerεε wͻn sε: “(Aboa no) yε Nyankopͻn yoma bedeε, enti moma no kwan na ͻnom nsuo (no bi).
阿拉伯语经注:
فَكَذَّبُوهُ فَعَقَرُوهَا فَدَمۡدَمَ عَلَيۡهِمۡ رَبُّهُم بِذَنۢبِهِمۡ فَسَوَّىٰهَا
Nanso wͻbuu no ᴐtorofo, na wͻkum (yoma bedeε) no. Enti wͻn Wura Nyankopͻn de wͻn bͻne sεee wͻn pasaa kataa wͻn so pεpεεpε.
阿拉伯语经注:
وَلَا يَخَافُ عُقۡبَٰهَا
Na Nyankopͻn deε Ɔnsuro (deε Ɔyε biara) akyire asεm.
阿拉伯语经注:
 
含义的翻译 章: 舍姆斯
章节目录 页码
 
《古兰经》译解 - 阿散蒂语翻译 - 译解目录

古兰经阿散蒂语译解,谢赫哈伦·易斯梅尔翻译

关闭