Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አን-ነሕል   አንቀጽ:
ثُمَّ إِنَّ رَبَّكَ لِلَّذِينَ عَمِلُواْ ٱلسُّوٓءَ بِجَهَٰلَةٖ ثُمَّ تَابُواْ مِنۢ بَعۡدِ ذَٰلِكَ وَأَصۡلَحُوٓاْ إِنَّ رَبَّكَ مِنۢ بَعۡدِهَا لَغَفُورٞ رَّحِيمٌ
Afei nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn, wͻn a wͻyε bͻne na wͻnnim na akyire yi wͻsakra wͻn adwen na wͻdi dwuma pa no nokorε, εno akyi no, wo Wura Nyankopͻn Ɔne Bͻnefakyε Hene, na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِنَّ إِبۡرَٰهِيمَ كَانَ أُمَّةٗ قَانِتٗا لِّلَّهِ حَنِيفٗا وَلَمۡ يَكُ مِنَ ٱلۡمُشۡرِكِينَ
Nokorε sε, na Abraham yε ͻman anaa onipa a yεhwε no sua ne soͻ; ͻbrεε ne ho ase demaa Nyankopͻn, na ͻtene, na na ͻnka abosomsomfoͻ no ho.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
شَاكِرٗا لِّأَنۡعُمِهِۚ ٱجۡتَبَىٰهُ وَهَدَىٰهُ إِلَىٰ صِرَٰطٖ مُّسۡتَقِيمٖ
(Na ͻyε onipa a) ͻwͻ nkaeε wͻ Nyankopͻn adom no ho. Onyankopͻn yii no, εna Ɔkyerεε no kwan kͻͻ kwan tenenee no soͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَءَاتَيۡنَٰهُ فِي ٱلدُّنۡيَا حَسَنَةٗۖ وَإِنَّهُۥ فِي ٱلۡأٓخِرَةِ لَمِنَ ٱلصَّٰلِحِينَ
Yεmaa no wiase asetena pa, na nokorε sε Daakye no mu no ͻka apapafoͻ no ho.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ثُمَّ أَوۡحَيۡنَآ إِلَيۡكَ أَنِ ٱتَّبِعۡ مِلَّةَ إِبۡرَٰهِيمَ حَنِيفٗاۖ وَمَا كَانَ مِنَ ٱلۡمُشۡرِكِينَ
(Nkͻmhyεni), afei Yɛayi ama wo sε: ”Di ͻteneneeni Abraham som no akyi, na ͻnka abosomsomfoͻ no ho.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِنَّمَا جُعِلَ ٱلسَّبۡتُ عَلَى ٱلَّذِينَ ٱخۡتَلَفُواْ فِيهِۚ وَإِنَّ رَبَّكَ لَيَحۡكُمُ بَيۡنَهُمۡ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ فِيمَا كَانُواْ فِيهِ يَخۡتَلِفُونَ
Sabat no deε yεyε demaa wᴐn (Yudafoͻ) no a wͻgye ho akyinnyeε no. Nokorε sε wo Wura Nyankopᴐn bɛbu wɔn ntam atεn wͻ deε wͻgye ho akyinnyeε no wͻ Wusͻreε da.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ٱدۡعُ إِلَىٰ سَبِيلِ رَبِّكَ بِٱلۡحِكۡمَةِ وَٱلۡمَوۡعِظَةِ ٱلۡحَسَنَةِۖ وَجَٰدِلۡهُم بِٱلَّتِي هِيَ أَحۡسَنُۚ إِنَّ رَبَّكَ هُوَ أَعۡلَمُ بِمَن ضَلَّ عَن سَبِيلِهِۦ وَهُوَ أَعۡلَمُ بِٱلۡمُهۡتَدِينَ
Fa adwen no ne afutupa no frε (amanfoͻ) kͻ wo Wura Nyankopͻn kwan no so, na wone wͻn nnye akyinnye wͻ kwan pa so. Nokorε sε wo Wura Nyankopͻn na Ɔnim obi a wayera afiri Nekwan no soͻ, εna Ɔnim wͻn nso a wͻanya tenenee no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَإِنۡ عَاقَبۡتُمۡ فَعَاقِبُواْ بِمِثۡلِ مَا عُوقِبۡتُم بِهِۦۖ وَلَئِن صَبَرۡتُمۡ لَهُوَ خَيۡرٞ لِّلصَّٰبِرِينَ
Sε moretua wͻn so ka (wͻ aniεyaa a wͻde ahyε mo no) a, εneε montwe wͻn aso pεpεεpε sεdeε wͻhyεε mo aniεyaa no ara. Na mmom sε monya aboterε nso a, anka εno na εyε dema aboterεfoͻ no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَٱصۡبِرۡ وَمَا صَبۡرُكَ إِلَّا بِٱللَّهِۚ وَلَا تَحۡزَنۡ عَلَيۡهِمۡ وَلَا تَكُ فِي ضَيۡقٖ مِّمَّا يَمۡكُرُونَ
Enti (Nkͻmhyεni), si aboterε, na w’aboterε no bɛfiri Nyankopͻn mmoa mu, na εmma wo werε nho wͻ wͻn ho, na εnha wo ho wͻ wͻn adwen (bͻne) a wͻrefa no ho.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِنَّ ٱللَّهَ مَعَ ٱلَّذِينَ ٱتَّقَواْ وَّٱلَّذِينَ هُم مُّحۡسِنُونَ
Nokorε sε, Nyankopͻn ka wͻn a wͻsuro Nyame, ne wͻn a wͻyε ayεmyε no ho.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አን-ነሕል
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት