Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አን-ነሕል   አንቀጽ:
وَيَعۡبُدُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ مَا لَا يَمۡلِكُ لَهُمۡ رِزۡقٗا مِّنَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ شَيۡـٔٗا وَلَا يَسۡتَطِيعُونَ
Wͻfiri Nyankopͻn akyi som nneεma bi a ɛntumi mma wͻn ͻsoro ne asaase so adom akyεdeε biara; na wͻnni tumi nso.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَلَا تَضۡرِبُواْ لِلَّهِ ٱلۡأَمۡثَالَۚ إِنَّ ٱللَّهَ يَعۡلَمُ وَأَنتُمۡ لَا تَعۡلَمُونَ
Enti monhwε na moamfa Nyankopͻn anyε mfatoho, (efirisε biribiara ne no nsε). Nokorε sε, Onyankopͻn na Ɔnim, na modeε monnim.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
۞ ضَرَبَ ٱللَّهُ مَثَلًا عَبۡدٗا مَّمۡلُوكٗا لَّا يَقۡدِرُ عَلَىٰ شَيۡءٖ وَمَن رَّزَقۡنَٰهُ مِنَّا رِزۡقًا حَسَنٗا فَهُوَ يُنفِقُ مِنۡهُ سِرّٗا وَجَهۡرًاۖ هَلۡ يَسۡتَوُۥنَۚ ٱلۡحَمۡدُ لِلَّهِۚ بَلۡ أَكۡثَرُهُمۡ لَا يَعۡلَمُونَ
Onyankopͻn reyε mfatoho bi: ”Akoa bi a ͻhyε obi aseε a ɔnni tumi biara, εna ͻbaako nso Y’adom no akyεdeε papa εna ɔyi bi dema wͻ kokoa mu ne badwa mu. Enti wͻn mmienu yε pε?” Aseda no wͻ Onyankopͻn, nanso nnipa pii nnim.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَضَرَبَ ٱللَّهُ مَثَلٗا رَّجُلَيۡنِ أَحَدُهُمَآ أَبۡكَمُ لَا يَقۡدِرُ عَلَىٰ شَيۡءٖ وَهُوَ كَلٌّ عَلَىٰ مَوۡلَىٰهُ أَيۡنَمَا يُوَجِّههُّ لَا يَأۡتِ بِخَيۡرٍ هَلۡ يَسۡتَوِي هُوَ وَمَن يَأۡمُرُ بِٱلۡعَدۡلِ وَهُوَ عَلَىٰ صِرَٰطٖ مُّسۡتَقِيمٖ
Onyankopͻn reyε mfatoho bio: ”Mmarima mmienu (bi na εwͻ hͻ), wͻn mu baako yε mum a ɔnni hwee so tumi na wayε adesoa ama ne wura no, faako a ͻbεsoma no biara no ͻmfa papa biara mma. Enti saa nipa yi ne obia ͻhyε (amanfoͻ) ma wͻyε papa, na ͻnam kwan tenenee soͻ no na εsε?”
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَلِلَّهِ غَيۡبُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۚ وَمَآ أَمۡرُ ٱلسَّاعَةِ إِلَّا كَلَمۡحِ ٱلۡبَصَرِ أَوۡ هُوَ أَقۡرَبُۚ إِنَّ ٱللَّهَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٞ
Ɔsoro ne asaase so ahuntasεm nyinaa wͻ Nyankopͻn. Dͻnhwere no ho asεm no deε εtesε deε wabͻ w’ani prε, anaasε εbεn (mpo kyεn saa). Nokorε sε, Onyankopͻn na Ɔwͻ biribiara so tumi.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَٱللَّهُ أَخۡرَجَكُم مِّنۢ بُطُونِ أُمَّهَٰتِكُمۡ لَا تَعۡلَمُونَ شَيۡـٔٗا وَجَعَلَ لَكُمُ ٱلسَّمۡعَ وَٱلۡأَبۡصَٰرَ وَٱلۡأَفۡـِٔدَةَ لَعَلَّكُمۡ تَشۡكُرُونَ
Onyankopͻn na Ɔyii mo firi mo maame nom yafunu mu aberε a na monnim hwee, εna Ɔma mo te asεm, san ma mo hunu adeε, san ma mo akoma sεdeε mobɛyi (no) ayε.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أَلَمۡ يَرَوۡاْ إِلَى ٱلطَّيۡرِ مُسَخَّرَٰتٖ فِي جَوِّ ٱلسَّمَآءِ مَا يُمۡسِكُهُنَّ إِلَّا ٱللَّهُۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَٰتٖ لِّقَوۡمٖ يُؤۡمِنُونَ
Enti wͻnhunuu nnomaa a wͻtu nenam mframa mu wͻ ewiem no? Obiara nni hͻ a ɔkuta wͻn mu, na mmom Onyankopͻn. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ wei mu dema nnipa a wͻgye die no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አን-ነሕል
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት