Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አን-ነሕል   አንቀጽ:
وَٱللَّهُ أَنزَلَ مِنَ ٱلسَّمَآءِ مَآءٗ فَأَحۡيَا بِهِ ٱلۡأَرۡضَ بَعۡدَ مَوۡتِهَآۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَةٗ لِّقَوۡمٖ يَسۡمَعُونَ
Onyankopͻn sane nsuo firi soro de bɛnyane asaase wͻ newuo akyi. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ wei mu dema amanfoͻ a wͻtie (Onyankopͻn asεm no).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَإِنَّ لَكُمۡ فِي ٱلۡأَنۡعَٰمِ لَعِبۡرَةٗۖ نُّسۡقِيكُم مِّمَّا فِي بُطُونِهِۦ مِنۢ بَيۡنِ فَرۡثٖ وَدَمٖ لَّبَنًا خَالِصٗا سَآئِغٗا لِّلشَّٰرِبِينَ
Nokorε, nyεmmoa no nso adesua wͻ mu ma mo. Monnom deε εwͻ wͻn yafunu mu a ɛfiri wͻn tiafi ne wͻn mogyaa ntam a εyε nufusuo a εyε dε dema wͻn a wͻnom no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَمِن ثَمَرَٰتِ ٱلنَّخِيلِ وَٱلۡأَعۡنَٰبِ تَتَّخِذُونَ مِنۡهُ سَكَرٗا وَرِزۡقًا حَسَنًاۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَةٗ لِّقَوۡمٖ يَعۡقِلُونَ
Ɛna akyiresua ne bobe aba no nso monya nsa ne akͻnhoma papa firi mu. Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ wei mu ma nnipa a wͻwͻ nteaseε anaasε wͻdwen.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَأَوۡحَىٰ رَبُّكَ إِلَى ٱلنَّحۡلِ أَنِ ٱتَّخِذِي مِنَ ٱلۡجِبَالِ بُيُوتٗا وَمِنَ ٱلشَّجَرِ وَمِمَّا يَعۡرِشُونَ
Wo Wura Nyankopͻn yi kyerεε wowa sε: “Fa mmepͻ ne nnua mu ne deε (nnipa) asisie yε w’atenaeε.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ثُمَّ كُلِي مِن كُلِّ ٱلثَّمَرَٰتِ فَٱسۡلُكِي سُبُلَ رَبِّكِ ذُلُلٗاۚ يَخۡرُجُ مِنۢ بُطُونِهَا شَرَابٞ مُّخۡتَلِفٌ أَلۡوَٰنُهُۥ فِيهِ شِفَآءٞ لِّلنَّاسِۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَةٗ لِّقَوۡمٖ يَتَفَكَّرُونَ
Na afei di nnuaba biara bi, na fa ahobraseε nante wo Wura Nyankopͻn kwan no so. Anomdeε a ani gu ahodoͻ sononko-sononko firi neyεm a εma nnipa ayaresa wͻ mu. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ wei mu dema amanfoͻ a wͻdwen.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَٱللَّهُ خَلَقَكُمۡ ثُمَّ يَتَوَفَّىٰكُمۡۚ وَمِنكُم مَّن يُرَدُّ إِلَىٰٓ أَرۡذَلِ ٱلۡعُمُرِ لِكَيۡ لَا يَعۡلَمَ بَعۡدَ عِلۡمٖ شَيۡـًٔاۚ إِنَّ ٱللَّهَ عَلِيمٞ قَدِيرٞ
Onyankopͻn na Ɔbͻͻ mo, εna Ɔbεsan ama mo awuo. Na mo mu bi wͻ hͻ a yεsan ma no (nyini) kͻyε posoposo a nimdeε a onyaeε akyiri no na ͻnsan nnim hwee bio. Nokorε sε Nyankopͻn ne Onimdefoͻ, na Ɔne biribiara so Tumfoͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَٱللَّهُ فَضَّلَ بَعۡضَكُمۡ عَلَىٰ بَعۡضٖ فِي ٱلرِّزۡقِۚ فَمَا ٱلَّذِينَ فُضِّلُواْ بِرَآدِّي رِزۡقِهِمۡ عَلَىٰ مَا مَلَكَتۡ أَيۡمَٰنُهُمۡ فَهُمۡ فِيهِ سَوَآءٌۚ أَفَبِنِعۡمَةِ ٱللَّهِ يَجۡحَدُونَ
Onyankopͻn apagya (nnipa) no bi akyεn bi wͻ adom akyεdeε (ahonya, nimdeε, adwen nyansa ne deε εkeka ho) mu. Wͻn a yɛapagya wͻn no mfa wͻn akyεdeε no mma wͻn (nkoa ne wͻn mfenaa) a wͻyε wͻn dea no mma wͻnyε pε da. Enti wͻbεpo Nyankopͻn adom no?
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَٱللَّهُ جَعَلَ لَكُم مِّنۡ أَنفُسِكُمۡ أَزۡوَٰجٗا وَجَعَلَ لَكُم مِّنۡ أَزۡوَٰجِكُم بَنِينَ وَحَفَدَةٗ وَرَزَقَكُم مِّنَ ٱلطَّيِّبَٰتِۚ أَفَبِٱلۡبَٰطِلِ يُؤۡمِنُونَ وَبِنِعۡمَتِ ٱللَّهِ هُمۡ يَكۡفُرُونَ
Onyankopͻn ama mo ahokafoͻ (ͻyere) a ɔfiri mo ara mo mu (anaasε wͻtesε mo ara), εna Wabͻ mma ne nananom afiri mo yerenom mu ama mo, εna Ɔde nneεma pa bͻ mo akͻnhoma. Enti nkontomposεm deԑ wͻgye di, na Onyankopͻn adom no deԑ wͻpo?
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አን-ነሕል
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት