Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አል ኢስራዕ   አንቀጽ:
وَإِمَّا تُعۡرِضَنَّ عَنۡهُمُ ٱبۡتِغَآءَ رَحۡمَةٖ مِّن رَّبِّكَ تَرۡجُوهَا فَقُل لَّهُمۡ قَوۡلٗا مَّيۡسُورٗا
Sε wodane woho fri (obusuani anaa ohiani anaa ͻkwantuni no) ho de hwehwε wo Wura hͻ ahummͻbrͻ a wanida soͻ no a, ka asεm a emu dwoͻ kyerε wͻn.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَلَا تَجۡعَلۡ يَدَكَ مَغۡلُولَةً إِلَىٰ عُنُقِكَ وَلَا تَبۡسُطۡهَا كُلَّ ٱلۡبَسۡطِ فَتَقۡعُدَ مَلُومٗا مَّحۡسُورًا
Ԑmma wonsa nkyekyere mmͻ wo kͻn ho (anaasε hwε na woanyε pεpεε anaa εmmͻ ayεmuͻnyono), na εntene mu nso nyinaa (anaasε ma wadekyεε nyε hͻ-ne-hͻ), anhwε a watena ase anunu (wo ho) ama woho akyere wo.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِنَّ رَبَّكَ يَبۡسُطُ ٱلرِّزۡقَ لِمَن يَشَآءُ وَيَقۡدِرُۚ إِنَّهُۥ كَانَ بِعِبَادِهِۦ خَبِيرَۢا بَصِيرٗا
Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn bae akͻnhoma no mu dema obi a Ɔpε, εna Osusu (nso ma obi a Ɔpε). Nokorε sε N’ani tua Nenkoa (dwumadie) na Ohu nso..
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَلَا تَقۡتُلُوٓاْ أَوۡلَٰدَكُمۡ خَشۡيَةَ إِمۡلَٰقٖۖ نَّحۡنُ نَرۡزُقُهُمۡ وَإِيَّاكُمۡۚ إِنَّ قَتۡلَهُمۡ كَانَ خِطۡـٔٗا كَبِيرٗا
Monhwε na moanfa ohia ho huu ankunkum mo mma. Yεn na yεbͻ wͻn ne mo nyinaa akͻnhoma, nokorε sε, mma akunkum-akunkum no yε mfomsoͻ kεseε paa.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَلَا تَقۡرَبُواْ ٱلزِّنَىٰٓۖ إِنَّهُۥ كَانَ فَٰحِشَةٗ وَسَآءَ سَبِيلٗا
Monhwε na moammεn adwaman, efrisε εyε ahohwisεm ne ͻkwan bͻne paa.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَلَا تَقۡتُلُواْ ٱلنَّفۡسَ ٱلَّتِي حَرَّمَ ٱللَّهُ إِلَّا بِٱلۡحَقِّۗ وَمَن قُتِلَ مَظۡلُومٗا فَقَدۡ جَعَلۡنَا لِوَلِيِّهِۦ سُلۡطَٰنٗا فَلَا يُسۡرِف فِّي ٱلۡقَتۡلِۖ إِنَّهُۥ كَانَ مَنصُورٗا
Monhwε nso na moannkum onipa a Nyankopͻn abra (ne kum, anaa Wayε no kronkron), gyesε εnam ne kwan so. Obia yεbeku no ͻkwan bͻne soͻ no, nokorε sε Yama ne kyitaafoͻ no tumi (sε ͻhwehwε atεn teneee, anaasε ͻgye mogya ho sika anaasε ͻde kyε); nanso ͻnhwε na wanyε bͻne wͻ okum no ho, efirisε, (aban) bεboa no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَلَا تَقۡرَبُواْ مَالَ ٱلۡيَتِيمِ إِلَّا بِٱلَّتِي هِيَ أَحۡسَنُ حَتَّىٰ يَبۡلُغَ أَشُدَّهُۥۚ وَأَوۡفُواْ بِٱلۡعَهۡدِۖ إِنَّ ٱلۡعَهۡدَ كَانَ مَسۡـُٔولٗا
Monhwε na moammεn awisiaa agyapadeε anaa nesika, na mmom gyesε ͻkwan pa so, kͻpem sε obenyin. Na moni (mo) bͻhyε so; nokorε sε, yεbebisa bͻhyε ho asεm.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَأَوۡفُواْ ٱلۡكَيۡلَ إِذَا كِلۡتُمۡ وَزِنُواْ بِٱلۡقِسۡطَاسِ ٱلۡمُسۡتَقِيمِۚ ذَٰلِكَ خَيۡرٞ وَأَحۡسَنُ تَأۡوِيلٗا
Sε mohyε (adeε wͻ bͻtͻ anaasε konku mu) a monhyε ma εnyε mma, na monfa nsania a εyε nsusu (adeε mma amanfoͻ). Saa na εyε, εna (εma) awieε pa.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَلَا تَقۡفُ مَا لَيۡسَ لَكَ بِهِۦ عِلۡمٌۚ إِنَّ ٱلسَّمۡعَ وَٱلۡبَصَرَ وَٱلۡفُؤَادَ كُلُّ أُوْلَٰٓئِكَ كَانَ عَنۡهُ مَسۡـُٔولٗا
Hwε nso na wanni deε wonni ho nimdeε (anaa wonhunuuε anaa wonteeε) akyi, efrisε, deε aso ateε, ne deε ani ahu, ne deε akoma adwen, woi nom nyinaa (Onyankopͻn) bebisa ho asεm.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَلَا تَمۡشِ فِي ٱلۡأَرۡضِ مَرَحًاۖ إِنَّكَ لَن تَخۡرِقَ ٱلۡأَرۡضَ وَلَن تَبۡلُغَ ٱلۡجِبَالَ طُولٗا
Na εmfa ahomasoͻ nnante wͻ asaase no so. Nokorε sε, wontumi (ntia so) mma asaase no mmu ngu mu, na wontumi nso (ntenten ne) bepͻ tenten nyε pε.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
كُلُّ ذَٰلِكَ كَانَ سَيِّئُهُۥ عِندَ رَبِّكَ مَكۡرُوهٗا
Woi nom nyinaa yε bͻne na εyε akyiwadeε wͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አል ኢስራዕ
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት