Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አል ኢስራዕ   አንቀጽ:
وَإِذَا مَسَّكُمُ ٱلضُّرُّ فِي ٱلۡبَحۡرِ ضَلَّ مَن تَدۡعُونَ إِلَّآ إِيَّاهُۖ فَلَمَّا نَجَّىٰكُمۡ إِلَى ٱلۡبَرِّ أَعۡرَضۡتُمۡۚ وَكَانَ ٱلۡإِنسَٰنُ كَفُورًا
Sε ͻhaw bi to mo wͻ ͻpo no so a, deε mosu frε wͻn no nyinaa yera, gyesε Ɔno nko ara, nanso sε Ɔgye mo (demo) ba asaase so a, modane mo ho (de aseda kͻma abosom). Nnipa yε boniayε (onni nkaeε).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أَفَأَمِنتُمۡ أَن يَخۡسِفَ بِكُمۡ جَانِبَ ٱلۡبَرِّ أَوۡ يُرۡسِلَ عَلَيۡكُمۡ حَاصِبٗا ثُمَّ لَا تَجِدُواْ لَكُمۡ وَكِيلًا
Enti moho atͻ mo sε Nyankopͻn mma mo mmem wͻ asaase no so fa baabi, anaasε Ɔnnsoma mframa den a aboͻ wͻ mu mma moso a (saa berε no) monnya okyitaafoͻ biara mma mo ho?
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أَمۡ أَمِنتُمۡ أَن يُعِيدَكُمۡ فِيهِ تَارَةً أُخۡرَىٰ فَيُرۡسِلَ عَلَيۡكُمۡ قَاصِفٗا مِّنَ ٱلرِّيحِ فَيُغۡرِقَكُم بِمَا كَفَرۡتُمۡ ثُمَّ لَا تَجِدُواْ لَكُمۡ عَلَيۡنَا بِهِۦ تَبِيعٗا
Anaasε moho atͻ mo sε Nyankopͻn nnsan mmfa mo nnkͻ (ͻpo no so) mmerε bi bio, nnsoma mframa den mma no mmͻ mo na (ͻpo) mmfa mo, εnam mo boniayε no ho nti a (saa berε no) monnya ͻboafoͻ biara a (ͻbεko) atia Yεn wͻ ho?
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
۞ وَلَقَدۡ كَرَّمۡنَا بَنِيٓ ءَادَمَ وَحَمَلۡنَٰهُمۡ فِي ٱلۡبَرِّ وَٱلۡبَحۡرِ وَرَزَقۡنَٰهُم مِّنَ ٱلطَّيِّبَٰتِ وَفَضَّلۡنَٰهُمۡ عَلَىٰ كَثِيرٖ مِّمَّنۡ خَلَقۡنَا تَفۡضِيلٗا
Nokorε sε, Yahyε Adam mma animuonyam, Yε soa wͻn wͻ asaase so ne ͻpo so, na Yεde nnepa na εbͻ wͻn akͻnhoma, na Yabͻ wͻn aba so ahyε wͻn animuonyam kyεn abͻdeε a Yabͻ no mu bebree.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
يَوۡمَ نَدۡعُواْ كُلَّ أُنَاسِۭ بِإِمَٰمِهِمۡۖ فَمَنۡ أُوتِيَ كِتَٰبَهُۥ بِيَمِينِهِۦ فَأُوْلَٰٓئِكَ يَقۡرَءُونَ كِتَٰبَهُمۡ وَلَا يُظۡلَمُونَ فَتِيلٗا
Ɛda a Yεbεfrε nnipa biara ne wͻn Imam no, (saa Da no) obia yεde ne Nwoma bεma no wͻ nensa nifa mu no, saa nkorͻfoͻ no bεkenkan wͻn Nwoma no, na yenni wͻn amim ketekete koraa.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَمَن كَانَ فِي هَٰذِهِۦٓ أَعۡمَىٰ فَهُوَ فِي ٱلۡأٓخِرَةِ أَعۡمَىٰ وَأَضَلُّ سَبِيلٗا
Wͻn a na wͻn ani afira wͻ wiase yi mu ha no, (na wͻn anhu Nyankopͻn Nsεnkyerεnee no) wͻn ani befira wͻ Daakye no nso, ayera kwan.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَإِن كَادُواْ لَيَفۡتِنُونَكَ عَنِ ٱلَّذِيٓ أَوۡحَيۡنَآ إِلَيۡكَ لِتَفۡتَرِيَ عَلَيۡنَا غَيۡرَهُۥۖ وَإِذٗا لَّٱتَّخَذُوكَ خَلِيلٗا
Boniayεfoͻ no adwen ne sε, wͻ bεsͻ wo ahwε, atwe wo afri deε Yayi ama woͻ no ho, sεdeε wobefri εno akyi atwa nkontompo ato Yεn soͻ, (na sε εba saa deε a) εneε anka wͻ bεfa wo adamfoͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَلَوۡلَآ أَن ثَبَّتۡنَٰكَ لَقَدۡ كِدتَّ تَرۡكَنُ إِلَيۡهِمۡ شَيۡـٔٗا قَلِيلًا
Sε Yamma wo anyina pintinn a, anka wobεdane wo ho ama wͻn kakra.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِذٗا لَّأَذَقۡنَٰكَ ضِعۡفَ ٱلۡحَيَوٰةِ وَضِعۡفَ ٱلۡمَمَاتِ ثُمَّ لَا تَجِدُ لَكَ عَلَيۡنَا نَصِيرٗا
(Na sε εkͻbaa saa a) εneε na anka Yεbεma woaka wiase mu (asotwe) mmͻhoo ne owuo akyi nso (asotwe) mmͻhoo ahwε; na anka wonnya ͻboafoͻ a ͻbεboa wo (ako) atia Yεn.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አል ኢስራዕ
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት