Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አል ኢስራዕ   አንቀጽ:
ذَٰلِكَ مِمَّآ أَوۡحَىٰٓ إِلَيۡكَ رَبُّكَ مِنَ ٱلۡحِكۡمَةِۗ وَلَا تَجۡعَلۡ مَعَ ٱللَّهِ إِلَٰهًا ءَاخَرَ فَتُلۡقَىٰ فِي جَهَنَّمَ مَلُومٗا مَّدۡحُورًا
Woi nom ka nyansa, adwen (ne suban pa) a wo Wura Nyankopͻn ayi akyerε woͻ no ho. Na εnyε nyame foforͻ bi nnka Nyankopͻn ho, (sε ԑba saa a,) yԑbԑto wo atwene Amanehunu gyem, abᴐ wo soboᴐ, apo wo (ayi wo afri Nyame ahummᴐborᴐ no mu).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أَفَأَصۡفَىٰكُمۡ رَبُّكُم بِٱلۡبَنِينَ وَٱتَّخَذَ مِنَ ٱلۡمَلَٰٓئِكَةِ إِنَٰثًاۚ إِنَّكُمۡ لَتَقُولُونَ قَوۡلًا عَظِيمٗا
Enti mo Wura Nyankopͻn ayi mma mmarima ama mo, εna Wayi mma mmaa wͻ soro abͻfoͻ no mu ama ne ho? Nokorε sε nsεm akεseε paa (a εmfata) na moka.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَلَقَدۡ صَرَّفۡنَا فِي هَٰذَا ٱلۡقُرۡءَانِ لِيَذَّكَّرُواْ وَمَا يَزِيدُهُمۡ إِلَّا نُفُورٗا
Nokorε nso sε, Yakyerεkyerε (nsεm ahodoͻ) pii mu wͻ saa Qur’aan yi mu sεdeε wͻbεfa adwen, nanso εmma wͻn nkͻsoͻ biara, na mmom (nokorε no ara) na wͻredwane (fri ho).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قُل لَّوۡ كَانَ مَعَهُۥٓ ءَالِهَةٞ كَمَا يَقُولُونَ إِذٗا لَّٱبۡتَغَوۡاْ إِلَىٰ ذِي ٱلۡعَرۡشِ سَبِيلٗا
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Sε anyame bi ka Ne ho sεdeε wᴐrekeka no a anka (saa anyame no mpo) bεhwehwε kwan a εde kͻ Tumi Ahennie Wura Nyankopͻn no hͻ (asom no).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
سُبۡحَٰنَهُۥ وَتَعَٰلَىٰ عَمَّا يَقُولُونَ عُلُوّٗا كَبِيرٗا
Kronkron hene, Okokuroko ne no, Ɔkorͻn, so kyεn deε wͻ’rekeka no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
تُسَبِّحُ لَهُ ٱلسَّمَٰوَٰتُ ٱلسَّبۡعُ وَٱلۡأَرۡضُ وَمَن فِيهِنَّۚ وَإِن مِّن شَيۡءٍ إِلَّا يُسَبِّحُ بِحَمۡدِهِۦ وَلَٰكِن لَّا تَفۡقَهُونَ تَسۡبِيحَهُمۡۚ إِنَّهُۥ كَانَ حَلِيمًا غَفُورٗا
Ɔsoro nson ne asaase ne deε εwͻ mu (nyinaa) bͻ no abodin. Biribiara nni hͻ a εnfa Nyankopͻn aseda ne N’abodin mma no, nanso monnte ͻkwan a wͻ’fa so bͻ abodin no ase. Nokorε sε, Ɔyε Ntoboaseε Hene, Ɔne Bͻnefakyε Hene.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَإِذَا قَرَأۡتَ ٱلۡقُرۡءَانَ جَعَلۡنَا بَيۡنَكَ وَبَيۡنَ ٱلَّذِينَ لَا يُؤۡمِنُونَ بِٱلۡأٓخِرَةِ حِجَابٗا مَّسۡتُورٗا
Sε worekenkan Qur’aan no a, Yεde ntwaremu a asuma (anaa ani nnhunu) tware wo ne wͻn a wͻ nnye Daakye no nnie no ntεm.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَجَعَلۡنَا عَلَىٰ قُلُوبِهِمۡ أَكِنَّةً أَن يَفۡقَهُوهُ وَفِيٓ ءَاذَانِهِمۡ وَقۡرٗاۚ وَإِذَا ذَكَرۡتَ رَبَّكَ فِي ٱلۡقُرۡءَانِ وَحۡدَهُۥ وَلَّوۡاْ عَلَىٰٓ أَدۡبَٰرِهِمۡ نُفُورٗا
Yεde mmuasoͻ nso bua wͻn akoma so sεdeε wͻn nte aseε, na wͻn aso mu nso akraa wͻ mu; sε wo bͻ wo Wura Nyankopͻn nko ara din wͻ Qur’aan no mu a, wͻ’dane wͻn akyi dema, dwane (fri Nokorε no ho).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
نَّحۡنُ أَعۡلَمُ بِمَا يَسۡتَمِعُونَ بِهِۦٓ إِذۡ يَسۡتَمِعُونَ إِلَيۡكَ وَإِذۡ هُمۡ نَجۡوَىٰٓ إِذۡ يَقُولُ ٱلظَّٰلِمُونَ إِن تَتَّبِعُونَ إِلَّا رَجُلٗا مَّسۡحُورًا
Yenim deε wͻtie wͻ εberε a wͻretie woͻ no, ne εberε a wͻbetu agyina kokoa mu no, abͻneεfoͻ no ka sε: “Onipa a konya anya no na modi n’akyire”.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ٱنظُرۡ كَيۡفَ ضَرَبُواْ لَكَ ٱلۡأَمۡثَالَ فَضَلُّواْ فَلَا يَسۡتَطِيعُونَ سَبِيلٗا
Hwε sεdeε wͻresi yε mfatoho ama woͻ. Enti wͻn ayera na wͻ ntumi nnhunu kwan no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَقَالُوٓاْ أَءِذَا كُنَّا عِظَٰمٗا وَرُفَٰتًا أَءِنَّا لَمَبۡعُوثُونَ خَلۡقٗا جَدِيدٗا
Deɛ wͻka nesε: “Sε (yewu na) yεyε nnompe, porͻ tete dane nεteε a, yεbεsan anyane sε abͻdeε foforͻ (bio)?
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አል ኢስራዕ
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት