Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: ጣሃ   አንቀጽ:
إِذۡ أَوۡحَيۡنَآ إِلَىٰٓ أُمِّكَ مَا يُوحَىٰٓ
Ɛberε a Yεnam yikyerε so yi kyerεε wo maame-
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أَنِ ٱقۡذِفِيهِ فِي ٱلتَّابُوتِ فَٱقۡذِفِيهِ فِي ٱلۡيَمِّ فَلۡيُلۡقِهِ ٱلۡيَمُّ بِٱلسَّاحِلِ يَأۡخُذۡهُ عَدُوّٞ لِّي وَعَدُوّٞ لَّهُۥۚ وَأَلۡقَيۡتُ عَلَيۡكَ مَحَبَّةٗ مِّنِّي وَلِتُصۡنَعَ عَلَىٰ عَيۡنِيٓ
Sε: “Fa no to adaka mu, na fa no si nsuo no mu, na nsuo no de no bεba kokoͻ so, na Metamfo ne ne tamfo bεfa no. Na Mede Me ho dͻ maa wo, sεdeε yεbεtete wo wͻ M’ani soͻ (anaasε abrε a M’ani tua).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِذۡ تَمۡشِيٓ أُخۡتُكَ فَتَقُولُ هَلۡ أَدُلُّكُمۡ عَلَىٰ مَن يَكۡفُلُهُۥۖ فَرَجَعۡنَٰكَ إِلَىٰٓ أُمِّكَ كَيۡ تَقَرَّ عَيۡنُهَا وَلَا تَحۡزَنَۚ وَقَتَلۡتَ نَفۡسٗا فَنَجَّيۡنَٰكَ مِنَ ٱلۡغَمِّ وَفَتَنَّٰكَ فُتُونٗاۚ فَلَبِثۡتَ سِنِينَ فِيٓ أَهۡلِ مَدۡيَنَ ثُمَّ جِئۡتَ عَلَىٰ قَدَرٖ يَٰمُوسَىٰ
Ɛberε a wo nua baa (Mar’yam) kͻkaa sε: “Menkyerε mo nea ͻbεhwε no ama mo? Enti Yεsan de wo brεε wo maame, sεdeε n’ani bεgyeε, na ne werε nhoͻ. Wokum onipa, na Yεgyee wo frii awerεhoͻ mu, na Yεde nsͻhwε sͻͻ wo hwεe. Na wotenaa Mad’yanfoͻ no mu mfeɛ bi mu. Afei Mose, wobaa ha sεdeε yɛahyehyε.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَٱصۡطَنَعۡتُكَ لِنَفۡسِي
Matu wo ama Me ho (ayε wo Me somafoͻ).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ٱذۡهَبۡ أَنتَ وَأَخُوكَ بِـَٔايَٰتِي وَلَا تَنِيَا فِي ذِكۡرِي
Wo ne wo nua (Aaron) momfa Me nsεnkyerεnee nkͻ (Farao) hͻ, na monhwε na moammu mo ani annwu Me ho nkaekaeε so.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ٱذۡهَبَآ إِلَىٰ فِرۡعَوۡنَ إِنَّهُۥ طَغَىٰ
Monkͻ (Farao) hͻ. Nokorε sε wayε bͻne atra so.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَقُولَا لَهُۥ قَوۡلٗا لَّيِّنٗا لَّعَلَّهُۥ يَتَذَكَّرُ أَوۡ يَخۡشَىٰ
Monka kasa a emu dwoͻ nkyerε no, na ebia ͻbεfa afutuo no, anaasε ͻbesuro (Nyame).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قَالَا رَبَّنَآ إِنَّنَا نَخَافُ أَن يَفۡرُطَ عَلَيۡنَآ أَوۡ أَن يَطۡغَىٰ
Wͻkaa sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn, nokorε, yɛsuro sε anhwε a ͻde ntԑmpԑ ato ahyԑ yԑn so anaasε ͻde asoͻden ayε bͻne bi ama aboroso“.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قَالَ لَا تَخَافَآۖ إِنَّنِي مَعَكُمَآ أَسۡمَعُ وَأَرَىٰ
Nyankopͻn kaa sε: “Ɛmma monsuro, efrisε Meka mo ho, Mete na Mehunu nso.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَأۡتِيَاهُ فَقُولَآ إِنَّا رَسُولَا رَبِّكَ فَأَرۡسِلۡ مَعَنَا بَنِيٓ إِسۡرَٰٓءِيلَ وَلَا تُعَذِّبۡهُمۡۖ قَدۡ جِئۡنَٰكَ بِـَٔايَةٖ مِّن رَّبِّكَۖ وَٱلسَّلَٰمُ عَلَىٰ مَنِ ٱتَّبَعَ ٱلۡهُدَىٰٓ
Enti monkͻ ne hͻ, na monka sε: “Nokorε sε yεyε wo Wura Nyankopͻn n'asomafoͻ, enti fa Israel mma no ma yεn; na εnhyε wͻn aniεyaa. Ampa sε yεde nsεnkyerεnee fri wo Wura Nyankopͻn hͻ aberε wo. Asomdwoeε no wͻ obia odi tenenee no akyi so.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِنَّا قَدۡ أُوحِيَ إِلَيۡنَآ أَنَّ ٱلۡعَذَابَ عَلَىٰ مَن كَذَّبَ وَتَوَلَّىٰ
Ampa sε, yɛayi akyerε yεn sε, asotwee da obia ͻbεbu (Asεm) yi atorͻsεm adane n’akyi ama no so.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قَالَ فَمَن رَّبُّكُمَا يَٰمُوسَىٰ
Farao kaa sε: “Mose, enti hwan ne mo mmienu Wura Nyankopͻn no?”
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قَالَ رَبُّنَا ٱلَّذِيٓ أَعۡطَىٰ كُلَّ شَيۡءٍ خَلۡقَهُۥ ثُمَّ هَدَىٰ
Mose buaa sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn no ne Nea Ɔde ade biara ma sεdeε ne mmͻeε ne ne su siteε, εna Ɔsan kyerε (no) kwan tenenee.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قَالَ فَمَا بَالُ ٱلۡقُرُونِ ٱلۡأُولَىٰ
Farao kaa sε: “Enti tetefoͻ awoͻ ntoatoasoͻ no nso ho asεm te sεn?”
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: ጣሃ
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት